< 历代志上 27 >

1 以色列人的族长、千夫长、百夫长,和官长都分定班次,每班是二万四千人,周年按月轮流,替换出入服事王。
Israelfoɔ akuo ahodoɔ no nie—mmusuapanin, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ a na wɔhwɛ asraafoɔ akuo ahodoɔ so de som ɔhene, a ekuo biara kɔ adwuma bosome baako wɔ afe mu. Na ɛdɔm a wɔwɔ ekuo biara mu nso dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan. Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi:
2 正月第一班的班长是撒巴第业的儿子雅朔班;他班内有二万四千人。
Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ ekuo a ɛdi ɛkan no sahene, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛdi ɛkan wɔ afe no mu. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
3 他是法勒斯的子孙,统管正月班的一切军长。
Na ɔyɛ Peres aseni a na ɔhwɛ asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa so bosome a ɛdi ɛkan no mu.
4 二月的班长是亚哈希人朵代,还有副官密基罗;他班内有二万四千人。
Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so mmienu a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so mmienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan, a na Miklot yɛ nʼabadiakyire.
5 三月第三班的班长是祭司耶何耶大的儿子比拿雅;他班内有二万四千人。
Ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so mmiɛnsa a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
6 这比拿雅是那三十人中的勇士,管理那三十人;他班内又有他儿子暗米萨拔。
Saa Benaia yi na na ɔhwɛ Dawid asraafoɔ akunini kuo, a na wɔfrɛ wɔn Akofoɔ Akɛseɛ Aduasa no so. Ne babarima Amisabad na na ɔyɛ nʼabadiakyire.
7 四月第四班的班长是约押的兄弟亚撒黑。接续他的是他儿子西巴第雅;他班内有二万四千人。
Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so ɛnan, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so ɛnan mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan. Asahel babarima Sebadia na ɔdii nʼadeɛ.
8 五月第五班的班长是伊斯拉人珊合;他班内有二万四千人。
Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so enum, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so enum mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
9 六月第六班的班长是提哥亚人益吉的儿子以拉;他班内有二万四千人。
Ikes babarima Ira a ɔfiri Tekoa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nsia, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nsia mu no sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
10 七月第七班的班长是以法莲族比伦人希利斯;他班内有二万四千人。
Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ɔfiri Pelon no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nson, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nson mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
11 八月第八班的班长是谢拉族户沙人西比该;他班内有二万四千人。
Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ɔfiri Husa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nwɔtwe, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
12 九月第九班的班长是便雅悯族亚拿突人亚比以谢;他班内有二万四千人。
Abieser a na ɔfiri Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nkron, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nkron mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
13 十月第十班的班长是谢拉族尼陀法人玛哈莱;他班内有二万四千人。
Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ɔfiri Netofa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so edu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so edu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
14 十一月第十一班的班长是以法莲族比拉顿人比拿雅;他班内有二万四千人。
Benaia a ɔfiri Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dubaako, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dubaako mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
15 十二月第十二班的班长是俄陀聂族尼陀法人黑玳;他班内有二万四千人。
Heldai a ɔyɛ Otniel a ɔfiri Netofa aseni no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dumienu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dumienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan.
16 管理以色列众支派的记在下面:管吕便人的是细基利的儿子以利以谢;管西缅人的是玛迦的儿子示法提雅;
Mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ nie: Ruben abusuakuo: Sikri babarima Elieser; Simeon abusuakuo: Maaka babarima Sefatia;
17 管利未人的是基母利的儿子哈沙比雅;管亚伦子孙的是撒督;
Lewi abusuakuo: Kemuel babarima Hasabia Aaron (asɔfoɔ no) abusuakuo: Sadok;
18 管犹大人的是大卫的一个哥哥以利户;管以萨迦人的是米迦勒的儿子暗利;
Yuda abusuakuo: Dawid nuabarima Elihu; Isakar abusuakuo: Mikael babarima Omri;
19 管西布伦人的是俄巴第雅的儿子伊施玛雅;管拿弗他利人的是亚斯列的儿子耶利摩;
Sebulon abusuakuo: Obadia babarima Yismaia; Naftali abusuakuo: Asriel babarima Yerimot;
20 管以法莲人的是阿撒细雅的儿子何细亚;管玛拿西半支派的是毗大雅的儿子约珥;
Efraim abusuakuo: Asasia babarima Hosea; Manase (atɔeɛ fam) abusuakuo: Pedaia babarima Yoɛl;
21 管基列地玛拿西那半支派的是撒迦利亚的儿子易多;管便雅悯人的是押尼珥的儿子雅西业;
Manase (apueeɛ fam) abusuakuo Sakaria babarima Ido; Benyamin abusuakuo: Abner babarima Yaasiel;
22 管但人的是耶罗罕的儿子亚萨列。以上是以色列众支派的首领。
Dan abusuakuo: Yeroham babarima Asarel. Yeinom ne Israel mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ.
23 以色列人二十岁以内的,大卫没有记其数目;因耶和华曾应许说,必加增以色列人如天上的星那样多。
Ɛberɛ a Dawid ma wɔkanee nnipa no, wɔankan wɔn a wɔnnii mfeɛ aduonu, ɛfiri sɛ, na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfoɔ no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.
24 洗鲁雅的儿子约押动手数点,当时耶和华的烈怒临到以色列人;因此,没有点完,数目也没有写在大卫王记上。
Yoab na ɔhyɛɛ nnipakan no ase, nanso wanwie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bo fuu Israel. Wɔantwerɛ nnipa no nyinaa dodoɔ angu Ɔhene Dawid nkrataa mu.
25 掌管王府库的是亚叠的儿子押斯马威。掌管田野城邑村庄保障之仓库的是乌西雅的儿子约拿单。
Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfie sikakorabea so. Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkuro, nkuraaseɛ ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.
26 掌管耕田种地的是基绿的儿子以斯利。
Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafoɔ a na wɔdɔ ɔhene mfuo so.
27 掌管葡萄园的是拉玛人示每。掌管葡萄园酒窖的是实弗米人撒巴底。
Simei a na ɔfiri Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuo so. Sabdi a ɔfiri Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsã ne nsã a wɔayɛ so.
28 掌管高原橄榄树和桑树的是基第利人巴勒·哈南。掌管油库的是约阿施。
Baal-Hanan a ɔfiri Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngo nnua ne akyee nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔ ase no so. Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.
29 掌管沙 牧放牛群的是沙 人施提赉。掌管山谷牧养牛群的是亚第赉的儿子沙法。
Sitrai a ɔfiri Saron na na ɔhwɛ anantwie a na wɔwɔ Saron ɛserɛ so no so. Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwie a wɔwɔ bɔnhwa ahodoɔ mu no so.
30 掌管驼群的是以实玛利人阿比勒。掌管驴群的是米 人耶希底亚。掌管羊群的是夏甲人雅悉。
Ismaelni Obil na na ɔhwɛ nyoma so. Yehdia a ɔfiri Meronot na na ɔhwɛ mfunumu so.
31 这都是给大卫王掌管产业的。
Yasis a ɔfiri Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nnwan so. Saa mpanimfoɔ yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapadeɛ so.
32 大卫的叔叔约拿单作谋士;这人有智慧,又作书记。哈摩尼的儿子耶歇作王众子的师傅。
Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufoɔ nyansafoɔ maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔwɔ nhunumu. Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmammarima adeɛ.
33 亚希多弗也作王的谋士。亚基人户筛作王的陪伴。
Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene ɔfotufoɔ. Na Husai a ɔfiri Arki yɛ ɔhene adamfo.
34 亚希多弗之后,有比拿雅的儿子耶何耶大和亚比亚他接续他作谋士。约押作王的元帅。
Benaia babarima Yehoiada na ɔdii Ahitofel adeɛ na Abiatar bɛtoaa adedie no so. Yoab na na ɔyɛ Israel akodɔm so sahene.

< 历代志上 27 >