< 阿摩司书 4 >

1 你们住撒马利亚山如巴珊母牛的啊, 当听我的话— 你们欺负贫寒的,压碎穷乏的, 对家主说:拿酒来,我们喝吧!
Muntie asɛm yi, mo Basan “anantwi” a mowɔ Bepɔw Samaria so, mo mmea a mohyɛ ahiafo so, na moka mmɔborɔfo hyɛ na moka kyerɛ mo kununom se, “Mommrɛ yɛn nsa!”
2 主耶和华指着自己的圣洁起誓说: 日子快到,人必用钩子将你们钩去, 用鱼钩将你们余剩的钩去。
Otumfo Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam se, “Ampa ara bere no bɛba a wɔde nkaa bɛtwe mo akɔ; mo mu nea otwa to no, wɔde nsumnam darewa bɛtwe no.
3 你们各人必从破口直往前行, 投入哈门。 这是耶和华说的。
Mo mu biara bepue akɔ, na mobɛfa ɔfasu mu ntokuru mu, na wɔbɛtow mo akyene Harmon fam,” sɛnea Awurade se ni.
4 以色列人哪,任你们往伯特利去犯罪, 到吉甲加增罪过; 每日早晨献上你们的祭物, 每三日奉上你们的十分之一。
“Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne na monkɔ Gilgal na monkɔyɛ bɔne ara. Momfa mo afɔrebɔde mmra anɔpa biara, na momfa mo ntotoso du du mmra mfe abiɛsa biara.
5 任你们献有酵的感谢祭, 把甘心祭宣传报告给众人, 因为是你们所喜爱的。 这是主耶和华说的。
Monhyew mmɔkaw brodo sɛ aseda afɔre; Momfa ayɛyɛde a efi mo pɛ mu nhoahoa mo ho, na momfa ntu mo ho, mo Israelfo, na eyi ne nea mopɛ sɛ moyɛ,” sɛnea Otumfo Awurade se ni.
6 我使你们在一切城中牙齿干净, 在你们各处粮食缺乏, 你们仍不归向我。 这是耶和华说的。
“Memaa ɔyafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu na aduan ho yɛɛ den wɔ nkurow so, nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
7 在收割的前三月,我使雨停止, 不降在你们那里; 我降雨在这城, 不降雨在那城; 这块地有雨, 那块地无雨; 无雨的就枯干了。
“Mesan de osu kamee mo, bere a aka asram abiɛsa na otwabere no adu. Memaa osu tɔɔ wɔ kurow baako so na mamma antɔ wɔ kurow foforo so. Afuw baako nyaa osu afuw foforo annya bi na hyewee.
8 这样,两三城的人凑到一城去找水, 却喝不足; 你们仍不归向我。 这是耶和华说的。
Nnipa totɔɔ ntintan kyinii nkurow so pɛɛ nsu nanso wɔannya dodow a ɛbɛso wɔn nom, nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
9 我以旱风、霉烂攻击你们, 你们园中许多菜蔬、葡萄树、 无花果树、橄榄树都被剪虫所吃; 你们仍不归向我。 这是耶和华说的。
“Mpɛn pii no mede nnɔbae yare ba mo mfikyifuw ne mo bobefuw so. Mmoadabi sɛee mo borɔdɔma ne mo ngonnua, nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
10 我降瘟疫在你们中间, 像在埃及一样; 用刀杀戮你们的少年人, 使你们的马匹被掳掠, 营中尸首的臭气扑鼻; 你们仍不归向我。 这是耶和华说的。
“Mede ɔyaredɔm baa mo so sɛnea mede yɛɛ Misraimfo no, mede afoa kunkum mo mmerante ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum mede mo nsra mu hua a ɛbɔn hyɛn mo hwene mu, nanso, monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
11 我倾覆你们中间的城邑, 如同我从前倾覆所多玛、蛾摩拉一样, 使你们好像从火中抽出来的一根柴; 你们仍不归向我。 这是耶和华说的。
“Mituu mo mu bi guu sɛnea metɔree Sodom ne Gomora ase no. Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu. Nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.
12 以色列啊,我必向你如此行; 以色列啊,我既这样行, 你当预备迎见你的 神。
“Enti afei, Israel, nea mede bɛyɛ wo ni, na esiane sɛ mede eyi bɛyɛ wo nti, siesie wo ho, Israel. Hyia wo Nyankopɔn.”
13 那创山、造风、将心意指示人、 使晨光变为幽暗、脚踏在地之高处的, 他的名是耶和华—万军之 神。
Nea ɔyɛ mmepɔw na ɔbɔ mframa na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa, nea ɔma adekyee hann dan sum na ɔnantew asase sorɔnsorɔmmea so no. Asafo Awurade Nyankopɔn ne ne din.

< 阿摩司书 4 >