< 但以理书 2 >

1 尼布甲尼撒在位第二年,他做了梦,心里烦乱,不能睡觉。
Nebukadnessar adedi mfe abien so, ɔsosoo dae bi ma ɛhaw no ara kosii sɛ, na ontumi nna.
2 王吩咐人将术士、用法术的、行邪术的,和迦勒底人召来,要他们将王的梦告诉王,他们就来站在王前。
Ɔfrɛɛ ne nkonyaayifo, pɛadeahufo, ntafowayifo ne Kaldeafo, ka kyerɛɛ wɔn se, wɔnkyerɛ no dae ko no. Wobegyinaa ɔhene no anim no,
3 王对他们说:“我做了一梦,心里烦乱,要知道这是什么梦。”
ɔkae se, “Maso dae bi a ɛhaw me, enti mepɛ sɛ mokyerɛ me dae ko a mesoe no, efisɛ ɛsɛ sɛ mihu.”
4 迦勒底人用亚兰的言语对王说:“愿王万岁!请将那梦告诉仆人,仆人就可以讲解。”
Na Kaldeafo no buaa no wɔ Arameike kasa mu se, “Ɔhene nkwa so! Ka dae no kyerɛ yɛn, na yɛbɛkyerɛ ase.”
5 王回答迦勒底人说:“梦我已经忘了,你们若不将梦和梦的讲解告诉我,就必被凌迟,你们的房屋必成为粪堆;
Nanso ɔhene no ka kyerɛɛ Kaldeafo no se, “Eyi ne gyinae a masi wɔ asɛm yi ho. Sɛ moantumi anka me dae no, na moankyerɛ me ase a, wobetwitwa mo mu asinasin, na wobebubu mo afi, ama afuw wura.
6 你们若将梦和梦的讲解告诉我,就必从我这里得赠品和赏赐,并大尊荣。现在你们要将梦和梦的讲解告诉我。”
Na sɛ moka me dae no, kyerɛ me ase a, mɛma mo akyɛde a ɛso bi mmaa da, na mabɔ mo aba so. Monka dae no, na monkyerɛ me ase.”
7 他们第二次对王说:“请王将梦告诉仆人,仆人就可以讲解。”
Wɔkaa bio se, “Yɛsrɛ wo, Nana, ka dae no kyerɛ wʼasomfo, na yɛbɛkyerɛ wo ase.”
8 王回答说:“我准知道你们是故意迟延,因为你们知道那梦我已经忘了。
Ɔhene no buae se, “Mahu mo nnaadaa no. Mahu sɛ, moretwentwɛn bere no so, na munim gyinae a masi wɔ asɛm a mekae no ho.
9 你们若不将梦告诉我,只有一法待你们;因为你们预备了谎言乱语向我说,要等候时势改变。现在你们要将梦告诉我,因我知道你们能将梦的讲解告诉我。”
Sɛ moanka dae no ankyerɛ me a, asotwe baako pɛ na ɛda hɔ ma mo. Moapam sɛ mubedi atoro adaadaa me. Mususuw sɛ asɛm no bɛsesa. Monka dae no nkyerɛ me, na ɛbɛma mahu sɛ mubetumi akyerɛ ase.”
10 迦勒底人在王面前回答说:“世上没有人能将王所问的事说出来;因为没有君王、大臣、掌权的向术士,或用法术的,或迦勒底人问过这样的事。
Kaldeafo no buaa Ɔhene no se, “Onipa teasefo biara nni hɔ a obetumi akyerɛ wo, Nana, wo dae a woaso no. Na ɔhene biara nso nni hɔ, sɛ ɔkorɔn anaa ne tumi so, a wabisa nkonyaayifo, pɛadeahufo anaa Kaldeafo saa asɛm yi bi pɛn.
11 王所问的事甚难。除了不与世人同居的神明,没有人在王面前能说出来。”
Ɔhene abisade yi yɛ den dodo. Obiara nni hɔ a obetumi aka wo dae no gye anyame. Nanso wɔn tenabea nni wiase yi mu.”
12 因此,王气忿忿地大发烈怒,吩咐灭绝巴比伦所有的哲士。
Ɔhene no tee saa asɛm no, ne bo fuw yiye, enti ɔhyɛɛ sɛ, wonkunkum anyansafo a wɔwɔ Babilonia nyinaa.
13 于是命令发出,哲士将要见杀,人就寻找但以理和他的同伴,要杀他们。
Na esiane ɔhene no mmaraden sɛ wonkunkum anyansafo no nti, wɔsomaa mmarima sɛ wɔnkɔhwehwɛ Daniel ne ne nnamfonom, na wonkunkum wɔn.
14 王的护卫长亚略出来,要杀巴比伦的哲士,但以理就用婉言回答他,
Bere a, Ariok a ɔyɛ ɔhene no awɛmfo so panyin baa sɛ ɔrebekum wɔn no, Daniel faa nyansakwan so ne no kasae.
15 向王的护卫长亚略说:“王的命令为何这样紧急呢?”亚略就将情节告诉但以理。
Daniel bisaa Ariok se, “Adɛn nti na ɔhene hyɛɛ mmara a ano yɛ den saa?” Na Ariok kaa nea asi nyinaa kyerɛɛ no.
16 但以理遂进去求王宽限,就可以将梦的讲解告诉王。
Daniel kohuu Ɔhene no, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no bere kakra na ɔbɛba abɛkyerɛ dae no ase.
17 但以理回到他的居所,将这事告诉他的同伴哈拿尼雅、米沙利、亚撒利雅,
Na Daniel kɔɔ ne fi kɔbɔɔ ne nnamfonom Hanania, Misael ne Asaria amanneɛ faa asɛm a asi no ho.
18 要他们祈求天上的 神施怜悯,将这奥秘的事指明,免得但以理和他的同伴与巴比伦其余的哲士一同灭亡。
Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn na ɔnnom wɔn nʼahummɔbɔ sɛnea wɔrenkum wɔn mfra anyansafo nkae a wɔwɔ Babilonia no mu.
19 这奥秘的事就在夜间异象中给但以理显明,但以理便称颂天上的 神。
Anadwo no, ɔdaa kokoamsɛm no adi kyerɛɛ Daniel wɔ anisoadehu mu. Na Daniel kamfoo ɔsoro Nyankopɔn
20 但以理说:“神的名是应当称颂的!从亘古直到永远,因为智慧能力都属乎他。
se, “Ayeyi nka Onyankopɔn din daa nyinaa, ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi.
21 他改变时候、日期,废王,立王,将智慧赐与智慧人,将知识赐与聪明人。
Ɔno na ɔsesa mmere ne nnipa nkrabea; osi ahene, na otu wɔn ade so. Ɔma anyansafo hu nyansa, na ɔma nhumu ho nimdeɛ.
22 他显明深奥隐秘的事,知道暗中所有的,光明也与他同居。
Ɔda nneɛma a mu dɔ na ɛyɛ nwonwa adi, na onim nea ahintaw wɔ sum mu; hann atwa ne ho ahyia.
23 我列祖的 神啊,我感谢你,赞美你;因你将智慧才能赐给我,允准我们所求的,把王的事给我们指明。”
Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Nyankopɔn, efisɛ, woama me nyansa ne tumi, woaka nea yebisaa wo akyerɛ me, ada nea ɔhene bisae no adi akyerɛ yɛn.”
24 于是,但以理进去见亚略,就是王所派灭绝巴比伦哲士的,对他说:“不要灭绝巴比伦的哲士,求你领我到王面前,我要将梦的讲解告诉王。”
Afei Daniel kohuu Ariok a wɔahyɛ no sɛ onkunkum anyansafo a wɔwɔ Babilonia no, ka kyerɛɛ no se, “Nkunkum anyansafo a wɔwɔ Babilonia no. Fa me kɔ ɔhene no nkyɛn, na mɛkyerɛ no ne dae no ase.”
25 亚略就急忙将但以理领到王面前,对王说:“我在被掳的犹大人中遇见一人,他能将梦的讲解告诉王。”
Na ntɛm ara, Ariok de Daniel kɔɔ ɔhene no anim kae se, “Mahu nnommum a wofi Yuda no mu baako a ɔbɛkyerɛ wo, Nana, dae no ase.”
26 王问称为伯提沙撒的但以理说:“你能将我所做的梦和梦的讲解告诉我吗?”
Ɔhene no bisaa Daniel (a wɔsan frɛ no Beltesasar) no se, “Ɛyɛ nokware? Wubetumi akyerɛ me nea mihuu wɔ me dae no mu na woakyerɛ me ase?”
27 但以理在王面前回答说:“王所问的那奥秘事,哲士、用法术的、术士、观兆的都不能告诉王,
Daniel buae se, “Nana, anyansafo, pɛadeahufo, nkonyaayifo anaa ntafowayifo biara nni hɔ a wobetumi akyerɛ ahintasɛm a worebisa yi!
28 只有一位在天上的 神能显明奥秘的事。他已将日后必有的事指示尼布甲尼撒王。你的梦和你在床上脑中的异象是这样:
Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔda kokoamsɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnessar asɛm a ebesi daakye. Wo dae no ne anisoadehu a bere a woda wo mpa so no wuhui ni:
29 王啊,你在床上想到后来的事,那显明奥秘事的主把将来必有的事指示你。
“Nana, bere a woreda no, wʼadwene kosisii nsɛm bi a ebesisi so. Nea ɔkyerɛ ahintasɛm mu no akyerɛ wo nea ɛrebɛba.
30 至于那奥秘的事显明给我,并非因我的智慧胜过一切活人,乃为使王知道梦的讲解和心里的思念。
Na ɛnyɛ sɛ, Nana, minim nyansa kyɛn onipa teasefo biara nti, na mmom Onyankopɔn pɛ sɛ Nana nya ahintasɛm no nkyerɛase na ɔte nea ɛbaa nʼadwene mu no ase.
31 “王啊,你梦见一个大像,这像甚高,极其光耀,站在你面前,形状甚是可怕。
“Nana, wʼanisoadehu no mu, wuhuu ohoni kɛse bi sɛ ogyina wʼanim a ɔso pa ara na ɛheran hyerɛnn, na ne ho yɛ hu yiye.
32 这像的头是精金的,胸膛和膀臂是银的,肚腹和腰是铜的,
Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ne ti; Dwetɛ na wɔde yɛɛ ne koko ne nʼabasa. Kɔbere na wɔde yɛɛ ne yafunu ne nʼasrɛ.
33 腿是铁的,脚是半铁半泥的。
Dade na wɔde yɛɛ nʼanan, na wɔde dade ne dɔte a wɔde afra yɛɛ ne nansabon.
34 你观看,见有一块非人手凿出来的石头打在这像半铁半泥的脚上,把脚砸碎;
Na, Nana, worehwɛ no, ɔbo bi a nsa biara nkura mu, tew bɛhwee dade ne dɔte nansabon no so, pɛtɛw no pasaa.
35 于是金、银、铜、铁、泥都一同砸得粉碎,成如夏天禾场上的糠秕,被风吹散,无处可寻。打碎这像的石头变成一座大山,充满天下。
Afei Nana, ohoni mu no nyinaa, a ɛyɛ dade, dɔte, kɔbere, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no nyinaa yam fekɔfekɔ, maa ɛyɛɛ sɛ ahuhurubere mu awiporowbea so ntɛtɛ, maa mframa behuw ne nyinaa kɔe a, hwee anka hɔ. Nanso ɔbo a ɛpem ohoni no hwee fam no dan bepɔw kɛse a ɛkataa asase nyinaa so.
36 “这就是那梦;我们在王面前要讲解那梦。
“Nana, dae no ni o, afei, yɛrebɛkyerɛ wo ase.
37 王啊,你是诸王之王。天上的 神已将国度、权柄、能力、尊荣都赐给你。
Nana, woyɛ ahene bebree so hene. Ɔsoro Nyankopɔn ayɛ wo ahene mu hene, ama wo tumi, ahoɔden ne anuonyam.
38 凡世人所住之地的走兽,并天空的飞鸟,他都交付你手,使你掌管这一切。你就是那金头。
Ɔde wiase nnipa, mmoa a wɔwɔ wuram ne nnomaa a wotu ahyɛ wo nsa. Baabiara a wɔwɔ no, wɔayɛ wo wɔn sodifo. Wo na woyɛ saa sikakɔkɔɔ ti no.
39 在你以后必另兴一国,不及于你;又有第三国,就是铜的,必掌管天下。
“Na wʼahenni aba nʼawiei akyi no, ahemman a ɛnto wo de no bɛsɔre abesi wʼanan mu. Sɛ saa ahemman no gu a, ahemman kɛse foforo a ɛto so abiɛsa a kɔbere yafunu ne asrɛ no gyina hɔ ma no no bɛsɔre adi wiase so.
40 第四国,必坚壮如铁,铁能打碎克制百物,又能压碎一切,那国也必打碎压制列国。
Nea ebedi saa ahemman no akyi no, ɛbɛyɛ ahemman a ɛto so anan a so na ahoɔden wɔ te sɛ dade. Saa ahemman no bebubu, ayam aman a adi kan no nyinaa te sɛnea dade bubu yam biribiara a ɛne no hyia no.
41 你既见像的脚和脚指头,一半是窑匠的泥,一半是铁,那国将来也必分开。你既见铁与泥搀杂,那国也必有铁的力量。
Nana, sɛnea wuhu sɛ nansabon ne nansoaa yɛ dade ne dɔte a adi afra no kyerɛ sɛ, saa ahemman yi mu bɛkyekyɛ.
42 那脚指头,既是半铁半泥,那国也必半强半弱。
Nʼafaafa bi bɛyɛ den sɛ dade, na bi ayɛ mmerɛw sɛ dɔte.
43 你既见铁与泥搀杂,那国民也必与各种人搀杂,却不能彼此相合,正如铁与泥不能相合一样。
Saa dade ne dɔte mfrafrae no san kyerɛ sɛ, saa ahemman no bɛyɛ nnipa ahorow a wɔadi afra a wontumi nka wɔn ho mmɔ mu sɛnea dade ne dɔte ntumi nni afra no.
44 当那列王在位的时候,天上的 神必另立一国,永不败坏,也不归别国的人,却要打碎灭绝那一切国,这国必存到永远。
“Saa ahemfo no adedi mu no, Ɔsoro Nyankopɔn bɛbɔ ahemman bi atenase a ɛrensɛe da; na obiara renni so da. Ebedwiriw ahemman ahorow yi nyinaa de wɔn aba awiei, na ɛno de, ebegyina afebɔɔ.
45 你既看见非人手凿出来的一块石头从山而出,打碎金、银、铜、铁、泥,那就是至大的 神把后来必有的事给王指明。这梦准是这样,这讲解也是确实的。”
Ɔbo no a nsa biara nkura mu na etwa fii bepɔw no so a ɛyam dade, kɔbere, dɔte, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mfrafrae ohoni no gyina hɔ ma saa ɔman no. “Onyankopɔn kɛse akyerɛ Nana, nea ɛbɛba daakye. Dae no yɛ nokware, na ne nkyerɛase yɛ kann.”
46 当时,尼布甲尼撒王俯伏在地,向但以理下拜,并且吩咐人给他奉上供物和香品。
Ɔhene Nebukadnessar bɔɔ ne mu ase wɔ Daniel anim, som no, na ɔhyɛɛ ne manfo se, wɔmfa afɔrebɔde mmra, na wɔnhyew aduhuam wɔ nʼanim.
47 王对但以理说:“你既能显明这奥秘的事,你们的 神诚然是万神之神、万王之主,又是显明奥秘事的。”
Ɔhene no ka kyerɛɛ Daniel se, “Nokware, wo Nyankopɔn yɛ Nyankopɔn wɔ anyame mu; ɔyɛ Awurade wɔ ahene so ahintasɛm mu kyerɛfo, efisɛ wo na woatumi akyerɛ saa kokoamsɛm yi mu.”
48 于是王高抬但以理,赏赐他许多上等礼物,派他管理巴比伦全省,又立他为总理,掌管巴比伦的一切哲士。
Afei, ɔhene no maa Daniel dibea a ɛkorɔn yiye san yɛɛ no ayɛ a ɛsom bo yiye. Ɔmaa Daniel hwɛɛ Babilonia amantam no nyinaa so, na ɔde no sii nʼanyansafo no nyinaa so hene.
49 但以理求王,王就派沙得拉、米煞、亚伯尼歌管理巴比伦省的事务,只是但以理常在朝中侍立。
Daniel ka ma wɔyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego, Babilonia asase no so ahwɛfo, na Daniel yɛɛ ɔsomfo wɔ ɔhene aban mu.

< 但以理书 2 >