< 传道书 12 >

1 你趁着年幼、衰败的日子尚未来到,就是你所说,我毫无喜乐的那些年日未曾临近之先,当记念造你的主。
Kae wo Bɔfo wɔ wo mmerantebere mu, ansa na nnabɔne no aba na mfe a wobɛka se, “Minni mu anigye biara” no reba,
2 不要等到日头、光明、月亮、星宿变为黑暗,雨后云彩反回,
ansa na owia ne hann, ɔsram ne nsoromma aduru sum, na omununkum asan aba osutɔ akyi.
3 看守房屋的发颤,有力的屈身,推磨的稀少就止息,从窗户往外看的都昏暗;
Bere a ofi no awɛmfo ho popo, na mmarima ahoɔdenfo akom, bere a awiyamfo agyae adwumayɛ, sɛ wosua nti na wɔn a wɔhwɛ pema mu no ani so ayɛ kusuu;
4 街门关闭,推磨的响声微小,雀鸟一叫,人就起来,唱歌的女子也都衰微。
bere a wɔatoto abɔnten no apon mu na awiyambea nnyigyei ano abrɛ ase; bere a nnipa te nnomaa su na wɔanyan, nanso wɔn nnwonto ano abrɛ ase;
5 人怕高处,路上有惊慌,杏树开花,蚱蜢成为重担,人所愿的也都废掉;因为人归他永远的家,吊丧的在街上往来。
bere a nnipa suro sorokɔ ne mmɔnten so amanenyasɛm; bere a “ɔsonkoran” dua begu nhwiren na tɛwtɛw twe ne ho kɔ no na nkatede ho adwudwo. Afei onipa kɔ ne daa home mu na agyaadwotwafo tu gu mmɔnten so.
6 银链折断,金罐破裂,瓶子在泉旁损坏,水轮在井口破烂,
Kae no, ansa na dwetɛ hama no atew, anaasɛ sikakɔkɔɔ asanka no abɔ; ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asuten ho, anaasɛ asubura so nkyimii abubu,
7 尘土仍归于地,灵仍归于赐灵的 神。
na dɔte san kɔ asase a efi mu bae, na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.
8 传道者说:“虚空的虚空,凡事都是虚空。”
“Ahuhude mu ahuhude” ɔsɛnkafo no na ose. “Biribiara yɛ ahuhude!”
9 再者,传道者因有智慧,仍将知识教训众人;又默想,又考查,又陈说许多箴言。
Ɔsɛnkafo no yɛ onyansafo na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdwenee na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na obubuu mmɛ bebree.
10 传道者专心寻求可喜悦的言语,是凭正直写的诚实话。
Ɔsɛnkafo no hwehwɛɛ sɛ obenya nsɛm a ɛfata, na nea ɔkyerɛw no yɛ pɛ na ɛyɛ nokware nso.
11 智慧人的言语好像刺棍;会中之师的言语又像钉稳的钉子,都是一个牧者所赐的。
Anyansafo nsɛm te sɛ nantwikafo mpeaw. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yiye. Saa nsɛm yi nyinaa fi Oguanhwɛfo baako nkyɛn.
12 我儿,还有一层,你当受劝戒:著书多,没有穷尽;读书多,身体疲倦。
Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho fi biribiara a ɛka eyinom ho, me babarima. Nhoma bebrebe nkyerɛw nni awiei, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛw.
13 这些事都已听见了,总意就是:敬畏 神,谨守他的诫命,这是人所当尽的本分。
Afei ne nyinaa atɔ asom; nsɛm no awiei ni: Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛde so, na onipa asɛde nyinaa ni.
14 因为人所做的事,连一切隐藏的事,无论是善是恶, 神都必审问。
Onyankopɔn bebu nneyɛe biara atɛn, nea wɔayɛ asie nso ka ho, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.

< 传道书 12 >