< 出埃及记 25 >

1 耶和华晓谕摩西说:
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 “你告诉以色列人当为我送礼物来;凡甘心乐意的,你们就可以收下归我。
“Ka kyerɛ Israelfo no se, wɔmmɔ afɔre mma me.
3 所要收的礼物:就是金、银、铜,
“Saa nneɛma a edidi so yi mu na womfi mmɔ me afɔre no: “sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere,
4 蓝色、紫色、朱红色线,细麻,山羊毛,
ntama tuntum, koogyan bibiri tam; koogyan tam, sirikyi, abirekyi ho nwi,
5 染红的公羊皮,海狗皮,皂荚木,
odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, mmirekyi nhoma, ɔkanto dua,
6 点灯的油并做膏油和香的香料,
kanea ngo, ɔsra ngo, nnuhuam a wɔhyewee,
7 红玛瑙与别样的宝石,可以镶嵌在以弗得和胸牌上。
abo a nʼahosu te sɛ apopobibiri, abo a wɔde betuatua asɔfotade ne nkatabo mu.
8 又当为我造圣所,使我可以住在他们中间。
“Afei monyɛ kronkronbea mma me, na mɛtena wɔn mu.
9 制造帐幕和其中的一切器具都要照我所指示你的样式。”
Monyɛ ntamadan yi ne ne nsiesiemu nyinaa sɛnea mɛkyerɛ mo no pɛpɛɛpɛ.
10 “要用皂荚木做一柜,长二肘半,宽一肘半,高一肘半。
“Momfa ɔkanto dua nyɛ Apam Adaka a ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne fa na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn abien ne fa.
11 要里外包上精金,四围镶上金牙边。
Na momfa sikakɔkɔɔ ankasa nnura ho ne mu nyinaa.
12 也要铸四个金环,安在柜的四脚上;这边两环,那边两环。
Momfa sikakɔkɔɔ nkaa anan nhyehyɛ adaka no anan anan no ho, wɔ fam pɛɛ. Ma nkaa no abien nkɔ ɔfa baako na abien a aka no nso nkɔ fa.
13 要用皂荚木做两根杠,用金包裹。
Fa ɔkanto sen mmaa, na fa sikakɔkɔɔ duradura ho.
14 要把杠穿在柜旁的环内,以便抬柜。
Fa mmaa no hyehyɛ nkaa no mu na wɔde asoa apam adaka no.
15 这杠要常在柜的环内,不可抽出来。
Munnyiyi nnua a wɔde soa adaka no mfi nkaa no mu. Momma ɛnhyehyɛ mu afebɔɔ.
16 必将我所要赐给你的法版放在柜里。
Muwie adaka no a, momfa ɔbo a makyerɛw Mmaransɛm Du no agu so no nto mu.
17 要用精金做施恩座,长二肘半,宽一肘半。
“Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ adaka no ti a ne ntwemu yɛ basafa abien ne fa na ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne kakra. Ɛha ne baabi a mubenya mo bɔne so ahummɔbɔ afi.
18 要用金子锤出两个基路伯来,安在施恩座的两头。
Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kerubim abien. Momfa ɔbaako nsi adaka no nkataso atifi na momfa ɔbaako nsi anafo.
19 这头做一个基路伯,那头做一个基路伯,二基路伯要接连一块,在施恩座的两头。
Fa kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafo na ɛne adaka no nkataso no nyɛ mua.
20 二基路伯要高张翅膀,遮掩施恩座。基路伯要脸对脸,朝着施恩座。
Kerubim a wɔyɛ abɔfo no bedi nhwɛanim a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ mpata agua no na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu akata so.
21 要将施恩座安在柜的上边,又将我所要赐给你的法版放在柜里。
Momfa ɔbo kyerɛwpon a mede bɛma mo no nto adaka no mu, na momfa ne ti no nkata so.
22 我要在那里与你相会,又要从法柜施恩座上二基路伯中间,和你说我所要吩咐你传给以色列人的一切事。”
Na mehyia mo wɔ hɔ na makasa afi mpata agua wɔ soro hɔ afa abɔfo no ntam. Na adaka no mu na wɔbɛkora mʼapam no ho mmara. Ɛhɔ na mɛda me mmaransɛm a mode bɛma Israelfo no adi akyerɛ mo.
23 “要用皂荚木做一张桌子,长二肘,宽一肘,高一肘半。
“Momfa ɔkanto dua nyɛ ɔpon a ne ntwemu mu yɛ anammɔn abiɛsa, ne trɛw yɛ ɔnammɔn baako ne fa na ne sorokɔ yɛ anammɔn abien ne fa.
24 要包上精金,四围镶上金牙边。
Momfa sikakɔkɔɔ nnura ho na momfa sikakɔkɔɔ hankare ntwa ho nhyia.
25 桌子的四围各做一掌宽的横梁,横梁上镶着金牙边。
Yɛ adaka no ho ntetareho a ne trɛw yɛ nsateaa anan twa ɔpon no ano ho hyia, na fa sikakɔkɔɔ hankare fa ho.
26 要做四个金环,安在桌子的四角上,就是桌子四脚上的四角。
Yɛ sikakɔkɔɔ nkaa anan na fa nkaa anan no tuatua nʼanan anan no biara akyi
27 安环子的地方要挨近横梁,可以穿杠抬桌子。
twɔtwɔw so wɔ soro. Wɔde nnua no bɛhyehyɛ saa nkaa a wɔde bɛma ɔpon no so asoa no mu.
28 要用皂荚木做两根杠,用金包裹,以便抬桌子。
Fa ɔkanto yɛ nnua no, na fa sikakɔkɔɔ dura ho.
29 要做桌子上的盘子、调羹,并奠酒的爵和瓶;这都要用精金制作。
Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ nsanka, mprɛte, ntere, nhina ne nsatoa.
30 又要在桌子上,在我面前,常摆陈设饼。”
Da biara, fa brodo to ɔpon no so wɔ mʼanim.
31 “要用精金做一个灯台。灯台的座和干与杯、球、花,都要接连一块锤出来。
“Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kaneadua. Kaneadua no ase, nʼabaa, akanea no nhwiren ne ɛho asiesie no nyinaa nyɛ ade baako.
32 灯台两旁要杈出六个枝子:这旁三个,那旁三个。
Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no benya nkorata asia a abiɛsa wɔ fa na abiɛsa nso wɔ fa.
33 这旁每枝上有三个杯,形状像杏花,有球,有花;那旁每枝上也有三个杯,形状像杏花,有球,有花。从灯台杈出来的六个枝子都是如此。
Momfa nhwiren abiɛsa nsiesie nkorata biara ho.
34 灯台上有四个杯,形状像杏花,有球,有花。
Na kaneadua no, momfa nhwiren a ɛyɛ fɛ nni adwinni mfa nsiesie no.
35 灯台每两个枝子以下有球与枝子接连一块。灯台出的六个枝子都是如此。
Nhwiren no bi bɛwɔ ne dua no ase wɔ nkorata abien biara ase. Afei, nhwiren no bi bɛwɔ nkorata abien a ɛwɔ ase no ase, na bi nso bɛwɔ nkorata abien a ɛwɔ soro no so.
36 球和枝子要接连一块,都是一块精金锤出来的。
Saa nneɛma a wɔde siesie kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa nyɛ ade baako a wɔde sikakɔkɔɔ ankasa a wɔaboro ayɛ.
37 要做灯台的七个灯盏。祭司要点这灯,使灯光对照。
“Monyɛ akanea dua ntuatuaho ason wɔ kaneadua no ho wɔ ɔkwan bi so a ne hyerɛn no bɛtow hann agu nʼanim.
38 灯台的蜡剪和蜡花盘也是要精金的。
Kanea ntamabamma adabaw no ne ne mpampaa no nso, momfa sikakɔkɔɔ ankasa nyɛ.
39 做灯台和这一切的器具要用精金一他连得。
Sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan na ɛho behia sɛ mode bɛyɛ kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa.
40 要谨慎做这些物件,都要照着在山上指示你的样式。”
Biribiara a mobɛyɛ no nso, monyɛ no pɛpɛɛpɛ sɛnea makyerɛ mo wɔ bepɔw so ha yi no.

< 出埃及记 25 >