< 以斯拉记 10 >

1 以斯拉祷告,认罪,哭泣,俯伏在 神殿前的时候,有以色列中的男女孩童聚集到以斯拉那里,成了大会,众民无不痛哭。
Bere a Ɛsra rebɔ mpae, reka saa bɔne yi no, na ɔresu, de ne ho toto fam wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim, na nnipadɔm a wɔyɛ Israelfo, mmarima, mmea ne mmofra bɛkaa ne ho ne no twaa adwo.
2 属以拦的子孙、耶歇的儿子示迦尼对以斯拉说:“我们在此地娶了外邦女子为妻,干犯了我们的 神,然而以色列人还有指望。
Na Yehiel babarima Sekania a ɔyɛ Elam aseni no ka kyerɛɛ Ɛsra se, “Yɛpae mu ka sɛ yɛanni yɛn Nyankopɔn nokware, efisɛ yɛawareware abosonsomfo mmea a wɔwɔ asase no so. Nanso eyi akyi no, anidaso wɔ hɔ ma Israel.
3 现在当与我们的 神立约,休这一切的妻,离绝她们所生的,照着我主和那因 神命令战兢之人所议定的,按律法而行。
Afei, momma yɛne yɛn Nyankopɔn nyɛ apam, na yennyaa yɛn yerenom abosonsomfo no aware, na yɛmpam wɔne wɔn mma. Yebetie afotu a wo ne afoforo a wodi yɛn Nyankopɔn mmara so no de ama yɛn. Yebedi Onyankopɔn mmara no so.
4 你起来,这是你当办的事,我们必帮助你,你当奋勉而行。”
Sɔre, na nya akokoduru, efisɛ ɛyɛ wʼasɛde sɛ wokyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so ama biribiara akɔ so tee, na yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛboa.”
5 以斯拉便起来,使祭司长和利未人,并以色列众人起誓说,必照这话去行;他们就起了誓。
Na Ɛsra sɔre gyinae, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfo no ntuanofo, Lewifo ne Israelfo nyinaa nka ntam sɛ wɔbɛyɛ nea Sekania aka no. Na wɔn nyinaa kaa ntam a ano yɛ den.
6 以斯拉从 神殿前起来,进入以利亚实的儿子约哈难的屋里,到了那里不吃饭,也不喝水;因为被掳归回之人所犯的罪,心里悲伤。
Na Ɛsra sɔre fii Onyankopɔn Asɔredan no anim kɔɔ Eliasib babarima Yehohanan dan mu. Ɔdaa hɔ, nanso wannidi annom. Na ɔda so di awerɛhow esiane nnommum a wɔasan aba no nokware a wɔanni no nti.
7 他们通告犹大和耶路撒冷被掳归回的人,叫他们在耶路撒冷聚集。
Afei, wɔbɔɔ dawuru wɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa se, nnommum a wɔasan aba no nyinaa mmra Yerusalem.
8 凡不遵首领和长老所议定、三日之内不来的,就必抄他的家,使他离开被掳归回之人的会。
Na wɔn a wɔamma nnansa ntam no, sɛ ntuanofo ne mpanyimfo pɛ a, wɔde wɔn nsa bɛto wɔn agyapade so, na wɔapam wɔn afi wɔn mu.
9 于是,犹大和便雅悯众人,三日之内都聚集在耶路撒冷。那日正是九月二十日,众人都坐在 神殿前的宽阔处;因这事,又因下大雨,就都战兢。
Nnansa ntam no, na Yudafo ne Benyaminfo aboa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Asɛm yi sii wɔ Kislev ɔsram (bɛyɛ Ɔpɛnimma) da a ɛto so dunkron, na wɔn nyinaa tenatenaa aguabɔbea hɔ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na wɔn ho repopo, efisɛ nea edi kan no, na asɛm no mu yɛ duru, na nea ɛto so abien no, na osu nso retɔ.
10 祭司以斯拉站起来,对他们说:“你们有罪了;因你们娶了外邦的女子为妻,增添以色列人的罪恶。
Na ɔsɔfo Ɛsra sɔre gyina kae se, “Moayɛ bɔne, efisɛ moawareware mmea abosonsomfo. Enti mprempren, yɛwɔ afɔbu a ano yɛ den mu sen kan de no.
11 现在当向耶和华—你们列祖的 神认罪,遵行他的旨意,离绝这些国的民和外邦的女子。”
Mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ nʼapɛde. Montwe mo ho mfi nnipa a wɔwɔ asase no so ne mmea abosonsomfo no ho.”
12 会众都大声回答说:“我们必照着你的话行,
Afei bagua no nyinaa maa wɔn nne so ka se, “Ampa, wʼasɛm no yɛ nokware. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea woaka no.
13 只是百姓众多,又逢大雨的时令,我们不能站在外头,这也不是一两天办完的事,因我们在这事上犯了大罪;
Nanso nnipa bebree wɔ ha na ɛyɛ asusow bere, enti yɛrentumi ntena mfikyiri. Bio, yɛrentumi mfa da koro anaa nnaanu nni saa asɛm yi, efisɛ, yɛn mu bebree na saa bɔne kɛse yi ka yɛn.
14 不如为全会众派首领办理。凡我们城邑中娶外邦女子为妻的,当按所定的日期,同着本城的长老和士师而来,直到办完这事, 神的烈怒就转离我们了。”
Momma yɛn mpanyimfo nsi yɛn anan nyɛ biribiara. Obiara a ɔware ɔbea bosonsomni no ne ntuanofo ne atemmufo a wɔwɔ kurow yi mu behyia bere a wɔahyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuwhyew a ɛfa saa asɛm yi ho no befi yɛn so.”
15 惟有亚撒黑的儿子约拿单,特瓦的儿子雅哈谢阻挡这事,并有米书兰和利未人沙比太帮助他们。
Asahel babarima Yonatan ne Tikwa babarima Yahasia na wotiaa saa asɛm yi mu, na Mesulam ne Sabetai a ɔyɛ Lewini no foaa wɔn so.
16 被掳归回的人如此而行。祭司以斯拉和些族长按着宗族都指名见派;在十月初一日,一同在座查办这事,
Enti eyi ne nhyehyɛe a wɔfaa so. Ɛsra yii ntuanofo ma wosii wɔn mmusua no anan, na ɔde din bi too ntuanoni biara so. Ɔsram Kislev (bɛyɛ Ɔpɛnimma) da a ɛto so aduonu akron no, ntuanofo no tenaa ase hwehwɛɛ asɛm no mu.
17 到正月初一日,才查清娶外邦女子的人数。
Afe a edi so no mu, Abib ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so aduonu ason no na wɔawie mmarima a wɔawareware mmea abosonsomfo no nyinaa ho asɛnka.
18 在祭司中查出娶外邦女子为妻的,就是耶书亚的子孙约萨达的儿子,和他弟兄玛西雅、以利以谢、雅立、基大利;
Asɔfo a na wɔawareware abosonsomfo no din ni: Yosadak babarima Yesua ne ne nuabarimanom: Maaseia, Elieser, Yarib ne Gedalia.
19 他们便应许必休他们的妻。他们因有罪,就献群中的一只公绵羊赎罪。
Wɔkaa ntam sɛ wobegyaa wɔn yerenom, wɔn mu biara gyee nʼafɔdi too mu, na wɔde adwennini bɛbɔɔ afɔdi ho afɔre.
20 音麦的子孙中,有哈拿尼、西巴第雅。
Imer asefo mu no: Hanani ne Sebadia.
21 哈琳的子孙中,有玛西雅、以利雅、示玛雅、耶歇、乌西雅。
Harim asefo mu no: Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel ne Usia.
22 巴施户珥的子孙中,有以利约乃、玛西雅、以实玛利、拿坦业、约撒拔、以利亚撒。
Pashur asefo mu no: Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa.
23 利未人中,有约撒拔、示每、基拉雅(基拉雅就是基利他),还有毗他希雅、犹大、以利以谢。
Eyinom ne Lewifo a na afɔdi da wɔn so: Yosabad, Simei, Kelaia, a ɛyɛ Kelita, Petahia, Yuda ne Elieser.
24 歌唱的人中有以利亚实。守门的人中,有沙龙、提联、乌利。
Nnwontofo a na afɔdi da ne so no yɛ: Eliasib. Eyinom ne aponanohwɛfo a na afɔdi da wɔn so: Salum, Telem ne Uri.
25 以色列人巴录的子孙中,有拉米、耶西雅、玛基雅、米雅民、以利亚撒、玛基雅、比拿雅。
Eyinom ne nnipa bi a wɔyɛ Israelfo a na afɔdi da wɔn so: Paros asefo mu no: Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasar, Malkia ne Benaia.
26 以拦的子孙中,有玛他尼、撒迦利亚、耶歇、押底、耶利末、以利雅。
Elam asefo mu no: Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia.
27 萨土的子孙中,有以利约乃、以利亚实、玛他尼、耶利末、撒拔、亚西撒。
Satu asefo mu no: Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa.
28 比拜的子孙中,有约哈难、哈拿尼雅、萨拜、亚勒。
Bebai asefo mu no: Yehohanan, Hanania, Sabai ne Atlai.
29 巴尼的子孙中,有米书兰、玛鹿、亚大雅、雅述、示押、耶利末。
Bani asefo mu no: Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal ne Yeremot.
30 巴哈·摩押的子孙中,有阿底拿、基拉、比拿雅、玛西雅、玛他尼、比撒列、宾内、玛拿西。
Pahat-Moab asefo mu no: Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Basaleel, Binui ne Manase.
31 哈琳的子孙中,有以利以谢、伊示雅、玛基雅、示玛雅、西缅、
Harim asefo mu no: Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon.
32 便雅悯、玛鹿、示玛利雅。
Benyamin, Maluk ne Semaria.
33 哈顺的子孙中,有玛特乃、玛达他、撒拔、以利法列、耶利买、玛拿西、示每。
Hasum asefo mu no: Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase ne Simei.
34 巴尼的子孙中,有玛玳、暗兰、乌益、
Bani asefo mu no: Maadai, Amram ne Uel,
35 比拿雅、比底雅、基禄、
Benaia, Bedeia, Keluhi,
36 瓦尼雅、米利末、以利亚实、
Wania, Meremot, Eliasib,
37 玛他尼、玛特乃、雅扫、
Matania, Matenai ne Yaasu.
38 巴尼、宾内、示每、
Binui asefo mu no: Simei,
39 示利米雅、拿单、亚大雅、
Selemia, Natan, Adaia,
40 玛拿底拜、沙赛、沙赖、
Maknadebai, Sasai, Sarai,
41 亚萨利、示利米雅、示玛利雅、
Asarel, Selemia, Semaria,
42 沙龙、亚玛利雅、约瑟。
Salum, Amaria ne Yosef.
43 尼波的子孙中,有耶利、玛他提雅、撒拔、西比拿、雅玳、约珥、比拿雅。
Nebo asefo mu no: Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoel ne Benaia.
44 这些人都娶了外邦女子为妻,其中也有生了儿女的。
Na mmarima yi mu biara aware ɔbea bosonsomni a na wɔn mu bi mpo ne wɔn yerenom yi wɔ mma.

< 以斯拉记 10 >