< 以斯拉记 2 >

1 巴比伦王尼布甲尼撒从前掳到巴比伦之犹大省的人,现在他们的子孙从被掳到之地回耶路撒冷和犹大,各归本城。
Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.
2 他们是同着所罗巴伯、耶书亚、尼希米、西莱雅、利来雅、末底改、必珊、米斯拔、比革瓦伊、利宏、巴拿回来的。
Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni:
3 以色列人民的数目记在下面:巴录的子孙二千一百七十二名;
Dodow a wɔyɛ Paros asefo 2,172
4 示法提雅的子孙三百七十二名;
Sefatia asefo 372
5 亚拉的子孙七百七十五名;
Arah asefo 775
6 巴哈·摩押的后裔,就是耶书亚和约押的子孙二千八百一十二名;
Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo) 2,812
7 以拦的子孙一千二百五十四名;
Elam asefo 1,254
8 萨土的子孙九百四十五名;
Satu asefo 945
9 萨改的子孙七百六十名;
Sakai asefo dodow yɛ 760
10 巴尼的子孙六百四十二名;
Bani asefo dodow yɛ 642
11 比拜的子孙六百二十三名;
Bebai asefo dodow yɛ 623
12 押甲的子孙一千二百二十二名;
Asgad asefo dodow yɛ 1,222
13 亚多尼干的子孙六百六十六名;
Adonikam asefo dodow yɛ 666
14 比革瓦伊的子孙二千零五十六名;
Bigwai asefo dodow yɛ 2,056
15 亚丁的子孙四百五十四名;
Adin asefo dodow yɛ 454
16 亚特的后裔,就是希西家的子孙九十八名;
Ater asefo (Hesekia asefo) dodow yɛ 98
17 比赛的子孙三百二十三名;
Besai asefo dodow yɛ 323
18 约拉的子孙一百一十二名;
Yora asefo dodow yɛ 112
19 哈顺的子孙二百二十三名;
Hasum asefo dodow yɛ 223
20 吉罢珥人九十五名;
Gibar asefo dodow yɛ 95
21 伯利恒人一百二十三名;
Betlehemfo dodow yɛ 123
22 尼陀法人五十六名;
Netofafo dodow yɛ 56
23 亚拿突人一百二十八名;
Anatotfo dodow yɛ 128
24 亚斯玛弗人四十二名;
Asmawetfo dodow yɛ 42
25 基列·耶琳人、基非拉人、比录人共七百四十三名;
Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow yɛ 743
26 拉玛人、迦巴人共六百二十一名;
Ramafo ne Gebafo dodow yɛ 621
27 默玛人一百二十二名;
Mikmasfo dodow yɛ 122
28 伯特利人、艾人共二百二十三名;
Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ 223
29 尼波人五十二名;
Nebo ɔmanmma dodow yɛ 52
30 末必人一百五十六名;
Magbis ɔman dodow yɛ 156
31 别的以拦子孙一千二百五十四名;
Elam ɔmanmma dodow yɛ 1,254
32 哈琳的子孙三百二十名;
Harim ɔmanmma dodow yɛ 320
33 罗德人、哈第人、阿挪人共七百二十五名;
Lod, Hadid ne Ono manmma dodow yɛ 725
34 耶利哥人三百四十五名;
Yeriko ɔmanmma dodow yɛ 345
35 西拿人三千六百三十名。
Senaa ɔmanmma dodow yɛ 3,630
36 祭司:耶书亚家耶大雅的子孙九百七十三名;
Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae: Yedaia asefo (a wɔnam Yesua fi so) dodow yɛ 973
37 音麦的子孙一千零五十二名;
Imer asefo dodow yɛ 1,052
38 巴施户珥的子孙一千二百四十七名;
Pashur asefo dodow yɛ 1,247
39 哈琳的子孙一千零一十七名。
Harim asefo dodow yɛ 1,017
40 利未人:何达威雅的后裔,就是耶书亚和甲篾的子孙七十四名。
Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow yɛ 74
41 歌唱的:亚萨的子孙一百二十八名。
Nnwontofo: Asaf asefo mu nnwontofo dodow yɛ 128
42 守门的:沙龙的子孙、亚特的子孙、达们的子孙、亚谷的子孙、哈底大的子孙、朔拜的子孙,共一百三十九名。
Aponanohwɛfo: Salum, Ater, Talmon asefo Akub, Hatita ne Sobai asefo 139
43 尼提宁:西哈的子孙、哈苏巴的子孙、答巴俄的子孙、
Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae: Siha, Hasufa, Tabaot,
44 基绿的子孙、西亚的子孙、巴顿的子孙、
Keros, Siaha, Padon,
45 利巴拿的子孙、哈迦巴的子孙、亚谷的子孙、
Lebana, Hagaba, Akub,
46 哈甲的子孙、萨买的子孙、哈难的子孙、
Hagab, Samlai, Hanan,
47 吉德的子孙、迦哈的子孙、利亚雅的子孙、
Gidel, Gahar, Reaia,
48 利汛的子孙、尼哥大的子孙、迦散的子孙、
Resin, Nekoda, Gasam,
49 乌撒的子孙、巴西亚的子孙、比赛的子孙、
Usa, Paseah, Besai,
50 押拿的子孙、米乌宁的子孙、尼普心的子孙、
Asna, Meunim, Nefisi,
51 巴卜的子孙、哈古巴的子孙、哈忽的子孙、
Bakbuk, Hakufa, Harhur,
52 巴洗律的子孙、米希大的子孙、哈沙的子孙、
Baslut, Mehida, Harsa,
53 巴柯的子孙、西西拉的子孙、答玛的子孙、
Barkos, Sisera, Tema,
54 尼细亚的子孙、哈提法的子孙。
Nesia ne Hatifa.
55 所罗门仆人的后裔,就是琐太的子孙、琐斐列的子孙、比路大的子孙、
Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae: Sotai, Hasoferet, Peruda,
56 雅拉的子孙、达昆的子孙、吉德的子孙、
Yaala, Darkon, Gidel,
57 示法提雅的子孙、哈替的子孙、玻黑列·哈斯巴音的子孙、亚米的子孙。
Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami.
58 尼提宁和所罗门仆人的后裔共三百九十二名。
Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow yɛ 362
59 从特·米拉、特·哈萨、基绿、押但、音麦上来的,不能指明他们的宗族谱系是以色列人不是;
Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafo yɛ Israel asefo. Saa nnipakuw yi ne:
60 他们是第来雅的子孙、多比雅的子孙、尼哥大的子孙,共六百五十二名。
Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow yɛ 652
61 祭司中,哈巴雅的子孙、哈哥斯的子孙、巴西莱的子孙;因为他们的先祖娶了基列人巴西莱的女儿为妻,所以起名叫巴西莱。
Asɔfo mmusua abiɛsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
62 这三家的人在族谱之中寻查自己的谱系,却寻不着,因此算为不洁,不准供祭司的职任。
Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo.
63 省长对他们说:“不可吃至圣的物,直到有用乌陵和土明决疑的祭司兴起来。”
Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.
64 会众共有四万二千三百六十名。
Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia,
65 此外,还有他们的仆婢七千三百三十七名,又有歌唱的男女二百名。
a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason nka ho, ne nnwontofo ahannu a wɔyɛ mmarima ne mmea.
66 他们有马七百三十六匹,骡子二百四十五匹,
Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia, mfurum ahannu aduanan anum,
67 骆驼四百三十五只,驴六千七百二十匹。
yoma ahannan aduasa anum ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu kaa wɔn ho kɔe.
68 有些族长到了耶路撒冷耶和华殿的地方,便为 神的殿甘心献上礼物,要重新建造。
Bere a woduu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie Awurade asɔredan no wɔ ne sibea dedaw mu hɔ.
69 他们量力捐入工程库的金子六万一千达利克,银子五千弥拿,并祭司的礼服一百件。
Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako, dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum na asɔfotade ɔha a wɔde bɛma asɔfo.
70 于是祭司、利未人、民中的一些人、歌唱的、守门的、尼提宁,并以色列众人,各住在自己的城里。
Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so.

< 以斯拉记 2 >