< 创世记 41 >

1 过了两年,法老做梦,梦见自己站在河边,
Mfeɛ mmienu akyiri no, Farao soo daeɛ bi. Na ɔgyina Asubɔnten Nil ho.
2 有七只母牛从河里上来,又美好又肥壮,在芦荻中吃草。
Ɔhunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ, na wɔn ho tua wɔn firii asubɔnten no mu baeɛ bɛwee ɛserɛ a na ɛwɔ hɔ.
3 随后又有七只母牛从河里上来,又丑陋又干瘦,与那七只母牛一同站在河边。
Anantwie akɛseɛ nson no akyiri no, anantwie nson foforɔ a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya firii Asubɔnten Nil mu ba bɛgyinaa anantwie a wɔadodɔ sradeɛ no ho wɔ asuo no konkɔn so.
4 这又丑陋又干瘦的七只母牛吃尽了那又美好又肥壮的七只母牛。法老就醒了。
Anantwie nson a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya no memenee anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ no! Saa ɛberɛ no ara mu na Farao bɔɔ pitiri nyaneeɛ!
5 他又睡着,第二回做梦,梦见一棵麦子长了七个穗子,又肥大又佳美,
Yei akyiri, nna faa Farao bio ma ɔsane soo daeɛ foforɔ. Ɔhunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, ɛmo asiaka nson a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ aso wɔ ɛmo nan baako so.
6 随后又长了七个穗子,又细弱又被东风吹焦了。
Akyiri no prɛko pɛ, siaka nson bi soo wɔ nan no ho. Apueeɛ mframa bɔɔ no ma ɛtwintwamee.
7 这细弱的穗子吞了那七个又肥大又饱满的穗子。法老醒了,不料是个梦。
Ɛmo ntweantweaa no memenee ɛmo a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ no. Farao sane nyanee bio, hunuu sɛ, sɛɛ na nneɛma a ɔhunuiɛ no nyinaa yɛ daeɛ.
8 到了早晨,法老心里不安,就差人召了埃及所有的术士和博士来;法老就把所做的梦告诉他们,却没有人能给法老圆解。
Adeɛ kyeeɛ no, nʼadwenem yɛɛ no basaa. Enti, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ nkonyaayifoɔ ne anyansafoɔ a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa baa ne fie. Farao kaa daeɛ a ɔsoeɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ aseɛ.
9 那时酒政对法老说:“我今日想起我的罪来。
Ɛhɔ na Farao nsãhyɛfoɔ panin no ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Ɛnnɛ na saa asɛm yi ama makae me mfomsoɔ bi a mayɛ.
10 从前法老恼怒臣仆,把我和膳长下在护卫长府内的监里。
Mmerɛ bi a atwam no, wo Farao bo fuu wʼasomfoɔ yie. Ɛnam so maa wode me ne wo burodotofoɔ panin kɔtoo afiase wɔ dabehene fie.
11 我们二人同夜各做一梦,各梦都有讲解。
Yɛn baanu nyinaa soo daeɛ anadwo korɔ no ara a na ɛsono sɛdeɛ yɛn mu biara daeɛ no si teɛ.
12 在那里同着我们有一个希伯来的少年人,是护卫长的仆人,我们告诉他,他就把我们的梦圆解,是按着各人的梦圆解的。
Saa ɛberɛ no, na Hebrini aberantewaa bi a na ɔyɛ dabehene Potifar ɔsomfoɔ ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn daeɛ a yɛsosoeɛ no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara daeɛ ase, kyerɛɛ no pɛpɛɛpɛ.
13 后来正如他给我们圆解的成就了:我官复原职,膳长被挂起来了。”
Na sɛdeɛ ɔsi fa kyerɛɛ yɛn daeɛ no ase no baa mu saa pɛpɛɛpɛ. Mesane kɔdii me dibea, ɛnna burodotofoɔ panin no, wɔsɛn no.”
14 法老遂即差人去召约瑟,他们便急忙带他出监,他就剃头,刮脸,换衣裳,进到法老面前。
Amonom hɔ ara, Farao soma ma wɔkɔyii Yosef firii afiase hɔ baeɛ. Ɔfiri afiase hɔ baeɛ no, ɔyii nʼabɔgyesɛ, sesaa nʼatadeɛ, baa Farao anim.
15 法老对约瑟说:“我做了一梦,没有人能解;我听见人说,你听了梦就能解。”
Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Maso daeɛ bi a obiara ntumi nkyerɛ aseɛ. Nanso, mate sɛ wo deɛ, sɛ obi ka ne daeɛ kyerɛ wo a, wotumi kyerɛ aseɛ. Ɛno enti na masoma abɛfrɛ wo yi.”
16 约瑟回答法老说:“这不在乎我, 神必将平安的话回答法老。”
Yosef buaa Farao sɛ, “Me ara merentumi mfiri me tumi mu nkyerɛ daeɛ no ase. Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ wo daeɛ no ase.”
17 法老对约瑟说:“我梦见我站在河边,
Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me daeɛ no mu, na megyina Asubɔnten Nil konkɔn so.
18 有七只母牛从河里上来,又肥壮又美好,在芦荻中吃草。
Mehunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ, na wɔn ho tua wɔn firii asubɔnten no mu baeɛ bɛnantee wira no mu, hyɛɛ aseɛ wee serɛ.
19 随后又有七只母牛上来,又软弱又丑陋又干瘦,在埃及遍地,我没有见过这样不好的。
Anantwie akɛseɛ nson no akyiri no, anantwie nson foforɔ a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya firii Asubɔnten Nil mu ba bɛgyinaa anantwie a wɔadodɔ sradeɛ no ho wɔ asuo no konkɔn so. Ɛfiri sɛ wɔwoo me, menhunuu anantwie a wɔn ho yɛ tan saa da wɔ Misraim asase yi so.
20 这又干瘦又丑陋的母牛吃尽了那以先的七只肥母牛,
Anantwie nson a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya no memenee anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ na wɔn ho tua wɔn a wɔdii ɛkan baeɛ no!
21 吃了以后却看不出是吃了,那丑陋的样子仍旧和先前一样。我就醒了。
Nanso wɔmemenee wɔn nyinaa akyiri no, na sɛdeɛ wɔte ara na wɔte, ɛfiri sɛ, na wɔn ho da so yɛ tan kanyakanya no ara. Saa ɛberɛ no ara mu na mebɔɔ pitiri nyaneeɛ.
22 我又梦见一棵麦子,长了七个穗子,又饱满又佳美,
“Mesane soo daeɛ bio hunuu sɛ, ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden sɛ aso wɔ ɛmo nan baako so.
23 随后又长了七个穗子,枯槁细弱,被东风吹焦了。
Yeinom akyiri no, ɛmo asiaka nson bi a apueeɛ mframa abɔ no, ama akusa, ayeyɛ ntweantweaa soo wɔ ɛmo nan no so.
24 这些细弱的穗子吞了那七个佳美的穗子。我将这梦告诉了术士,却没有人能给我解说。”
Ɛmo ntweantweaa no memenee ɛmo nson a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden no. Mekaa me daeɛ no nyinaa kyerɛɛ nkonyaayifoɔ no, wɔn mu biara antumi ankyerɛ me aseɛ.”
25 约瑟对法老说:“法老的梦乃是一个。 神已将所要做的事指示法老了。
Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Wo daeɛ mmienu a wososoeɛ no nyinaa nkyerɛaseɛ yɛ pɛ. Onyankopɔn nam wo daeɛ no so, reda biribi a ɔrebɛma asi wɔ Misraim asase so no adi akyerɛ wo.
26 七只好母牛是七年,七个好穗子也是七年;这梦乃是一个。
Anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ no ne ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ, na ɛwɔ ahoɔden no nso, ase kyerɛ sɛ, mfeɛ nson a ɛdi anim a ɛreba no bɛyɛ mfeɛ pa ama ɔman no.
27 那随后上来的七只又干瘦又丑陋的母牛是七年,那七个虚空、被东风吹焦的穗子也是七年,都是七个荒年。
Anantwie nson a wɔafonfɔn, na wɔayeyɛ kanyakanya no ne ɛmo siaka nson a akusa ayeyɛ ntweantweaa no nso kyerɛ sɛ, mfeɛ pa nson no akyiri no, ɛkɔm bɛba mfeɛ nson.
28 这就是我对法老所说, 神已将所要做的事显明给法老了。
“Enti, Onyankopɔn akyerɛ wo deɛ ɔrebɛyɛ.
29 埃及遍地必来七个大丰年,
Mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no, aduane bɛbu wɔ Misraim asase so nyinaa.
30 随后又要来七个荒年,甚至在埃及地都忘了先前的丰收,全地必被饥荒所灭。
Nanso, akyire no, ɛkɔm kɛseɛ bi bɛba mfeɛ nson, ama nnipa werɛ afiri asetena pa a wɔnyaa no mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no mu no. Ɛkɔm bɛmene asase no.
31 因那以后的饥荒甚大,便不觉得先前的丰收了。
Esiane ɛkɔm a ɛbɛdi mmerɛ pa a atwam no akyiri no ano den a ɛbɛyɛ no enti, saa ɛberɛ no, wɔrenkae mmerɛ pa no bio wɔ asase no so.
32 至于法老两回做梦,是因 神命定这事,而且必速速成就。
Saa daeɛ mmienu a wosoeɛ no kyerɛ sɛdeɛ ɛkɔm no ano bɛyɛ den afa. Ɛkyerɛ sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, asɛm a maka akyerɛ wo no bɛba mu saa pɛpɛɛpɛ. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na wasi gyinaeɛ pi saa. Na ɛrenkyɛre koraa, ɛbɛba mu saa.
33 所以,法老当拣选一个有聪明有智慧的人,派他治理埃及地。
“Enti, mʼafotuo ne sɛ, hwehwɛ onyansafoɔ kɛseɛ a ɔwɔ nhunumu wɔ Misraim asase yi so, na fa ɔman yi mu kuadwuma ho asɛm nyinaa hyɛ ne nsa.
34 法老当这样行,又派官员管理这地。当七个丰年的时候,征收埃及地的五分之一,
Ma ɔhene Farao nyiyi nnipa, ntuatua amansini ahodoɔ enum no ano. Na saa nnipa a wɔde wɔn bɛtuatua amansini no ano no nyiyi nnɔbaeɛ a ɛbɛba mmerɛ pa mfeɛ nson no mu no nkyɛmu enum mu baako, mfa nsie.
35 叫他们把将来丰年一切的粮食聚敛起来,积蓄五谷,收存在各城里做食物,归于法老的手下。
Ɛsɛ sɛ saa nnipa a wɔtuatua amansini no ano no boaboa nnuane a wɔbɛgyegye mmerɛ pa mfeɛ nson a nnuane bɛbu no, de gu asan so wɔ ɔhene Farao edin mu. Wɔmfa saa nnuane no nhyehyɛ asan so wɔ nkuro akɛseɛ mu.
36 所积蓄的粮食可以防备埃及地将来的七个荒年,免得这地被饥荒所灭。”
Nnuane yi na mfeɛ nson a ɛkɔm bɛba Misraim asase so no, ɔmanfoɔ no bɛdi. Saa nnuane yi na wɔde bɛsie ama ɔman no. Sɛ anyɛ saa a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ɛkɔm bɛbɔ ɔman no.”
37 法老和他一切臣仆都以这事为妙。
Farao ne ne mpanimfoɔ no gyee asɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa too mu.
38 法老对臣仆说:“像这样的人,有 神的灵在他里头,我们岂能找得着呢?”
Ɛberɛ a wɔredwennwene onipa ko a ɛsɛ sɛ wɔde saa adwuma kɛseɛ yi hyɛ ne nsa no ho no, Farao bisaa sɛ, “Hwan koraa na ɔbɛtumi ayɛ adwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi asene Yosef? Ɛfiri sɛ, ɔyɛ onipa bi a, akwan nyinaa mu, ɛda adi pefee sɛ, Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma.”
39 法老对约瑟说:“神既将这事都指示你,可见没有人像你这样有聪明有智慧。
Afei, Farao danee nʼani ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Onyankopɔn ayi saa daeɛ yi ne nʼasekyerɛ akyerɛ wo yi, hwan bio na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔwɔ nhunumu sene wo wɔ Misraim ɔman yi mu!
40 你可以掌管我的家;我的民都必听从你的话。惟独在宝座上我比你大。”
Ɛnnɛ, mede saa adwuma kɛseɛ yi nyinaa hyɛ wo nsa. Asɛm biara a wobɛka afa saa adwuma yi ho no, obiara nni ho asɛm ka wɔ Misraim nyinaa. Mʼahennwa a me Farao, mete so no nko ara na ɛma meyɛ kɛse sene wo.”
41 法老又对约瑟说:“我派你治理埃及全地。”
Enti, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ de rekorɔ, mede Misraim asase nyinaa ahyɛ wo nsa.”
42 法老就摘下手上打印的戒指,戴在约瑟的手上,给他穿上细麻衣,把金链戴在他的颈项上,
Afei, Farao worɔɔ ne nsɔano kawa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde serekye batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no.
43 又叫约瑟坐他的副车,喝道的在前呼叫说:“跪下。”这样,法老派他治理埃及全地。
Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabadiakyire. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teateaam sɛ, “monkoto no!” Saa ɛkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa.
44 法老对约瑟说:“我是法老,在埃及全地,若没有你的命令,不许人擅自办事。”
Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Mene Farao Misraimhene deɛ, nanso obiara ntumi mfiri wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraiman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.”
45 法老赐名给约瑟,叫撒发那忒·巴内亚,又将安城的祭司波提非拉的女儿亚西纳给他为妻。约瑟就出去巡行埃及地。
Farao maa Yosef ahene din sɛ Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbaa nso wareeɛ. Na ababaawa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfoɔ Potifera babaa. Ɛnam yei so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa Misraim asase so nyinaa.
46 约瑟见埃及王法老的时候年三十岁。他从法老面前出去,遍行埃及全地。
Ɛberɛ a Yosef kɔɔ ɔhene Farao adwa ase no, na wadi mfirinhyia aduasa. Farao maa Yosef ɛkwan ma ɔbɔɔ aporɔ faa Misraim asase so nyinaa.
47 七个丰年之内,地的出产极丰极盛,
Mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no mu no, aduane buu so wɔ Misraim asase so yie.
48 约瑟聚敛埃及地七个丰年一切的粮食,把粮食积存在各城里;各城周围田地的粮食都积存在本城里。
Saa mfeɛ nson no mu no, Yosef boaboaa nnuane a ɛbuu so wɔ Misraiman mu no ano kɔkoraa no wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ Misraim no mu. Aduane biara a wɔnya firii kuro biara mu no bi no, wɔde sie wɔ hɔ.
49 约瑟积蓄五谷甚多,如同海边的沙,无法计算,因为谷不可胜数。
Mfeɛ nson akyiri no, na Yosef akora nnuane wɔ nnuanekorabea hɔ, ama abu so ara kɔsii sɛ, afei na obiara mmu ho nkonta bio.
50 荒年未到以前,安城的祭司波提非拉的女儿亚西纳给约瑟生了两个儿子。
Ansa na ɛkɔm kɛseɛ no rebɛba no, na Yosef yere Asnat, a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfoɔ Potifera babaa no, awo mmammarima baanu.
51 约瑟给长子起名叫玛拿西,因为他说:“神使我忘了一切的困苦和我父的全家。”
Yosef too nʼabakan no edin Manase, a asekyerɛ ne Onyankopɔn ama me werɛ afiri mʼamanehunu ne mʼagya fie nyinaa.
52 他给次子起名叫以法莲,因为他说:“神使我在受苦的地方昌盛。”
Yosef babarima a ɔtɔ so mmienu no nso, wɔtoo no edin Efraim, a asekyerɛ ne Onyankopɔn ama mʼase afɛe wɔ asase a mebaa so sɛ akoa no so.
53 埃及地的七个丰年一完,
Afei, mfeɛ nson a aduane buu so wɔ Misraim asase so no twaam.
54 七个荒年就来了。正如约瑟所说的,各地都有饥荒;惟独埃及全地有粮食。
Sɛdeɛ Yosef hyɛɛ nkɔm no, ɛkɔm a ɛbɛba mfeɛ nson a ɛdi so no hyɛɛ aseɛ. Ɛkɔm kɛseɛ sii nsase a na atwa Misraim ho ahyia no nyinaa so, nanso Misraim asase ankasa so deɛ, na aduane abu so.
55 及至埃及全地有了饥荒,众民向法老哀求粮食,法老对他们说:“你们往约瑟那里去,凡他所说的,你们都要做。”
Ɛberɛ a ɛkɔm no sii dendeenden wɔ Misraim asase so no, ɔmanfoɔ no su frɛɛ Farao. Farao ka kyerɛɛ Misraimfoɔ nyinaa sɛ, “Monkɔ Yosef nkyɛn, na biribiara a ɔbɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no, monyɛ.”
56 当时饥荒遍满天下,约瑟开了各处的仓,粜粮给埃及人;在埃及地饥荒甚大。
Ɛberɛ a ɛkɔm kɛseɛ no trɛtrɛɛ ɔman no nyinaa mu no, Yosef buebuee ne nnuane korabea no nyinaa ano, tɔnee aburoo maa Misraimfoɔ no, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm no ano yɛ den yie ma wɔn.
57 各地的人都往埃及去,到约瑟那里籴粮,因为天下的饥荒甚大。
Enti, na aman a atwa Misraim ho ahyia no nyinaa kɔtɔ aduane wɔ Yosef nkyɛn wɔ Misraim, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano yɛ den yie.

< 创世记 41 >