< 创世记 42 >

1 雅各见埃及有粮,就对儿子们说:“你们为什么彼此观望呢?
Ɛberɛ a Yakob tee sɛ aburoo wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Adɛn enti na moatete agyinagyina rehwehwɛhwehwɛ mo ho mo ho anim yi?”
2 我听见埃及有粮,你们可以下去,从那里为我们籴些来,使我们可以存活,不至于死。”
Yakob toaa so sɛ, “Mate sɛ aburoo wɔ Misraim. Monkɔ hɔ, na monkɔtɔ bi mmra na ɛkɔm ankum yɛn.”
3 于是,约瑟的十个哥哥都下埃及籴粮去了。
Enti, Yosef nuammarima mpanimfoɔ edu no kɔɔ Misraim sɛ wɔrekɔtɔ aburoo no bi.
4 但约瑟的兄弟便雅悯,雅各没有打发他和哥哥们同去,因为雅各说:“恐怕他遭害。”
Nanso, Yakob amma Benyamin a ɔyɛ Yosef nua kumaa no ankɔ bi, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ biribi bɛyɛ no.
5 来籴粮的人中有以色列的儿子们,因为迦南地也有饥荒。
Enti, Israel mmammarima no de wɔn ho bɔɔ atɔfoɔ a wɔfifiri aman ahodoɔ so kɔtɔ aburoo wɔ Misraim no ho, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm no atrɛ akɔduru Kanaan asase so mmaa nyinaa.
6 当时治理埃及地的是约瑟;粜粮给那地众民的就是他。约瑟的哥哥们来了,脸伏于地,向他下拜。
Na Yosef yɛ amrado wɔ Misraim asase so. Ɔno na ɔtɔn aburoo ma nnipa nyinaa wɔ ɔman no mu. Yosef nuammarima no kɔduruu nʼanim no, wɔbuu no nkotodwe, de wɔn anim nso butubutuu fam.
7 约瑟看见他哥哥们,就认得他们,却装作生人,向他们说些严厉话,问他们说:“你们从哪里来?”他们说:“我们从迦南地来籴粮。”
Ɛberɛ a Yosef ani bɔɔ anuanom no so ara pɛ, ɔhunuu sɛ wɔyɛ ne nuanom, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛdeɛ ɔnnim wɔn, kasaa anihanehane so kyerɛɛ wɔn. Ɔpoopoo nʼani, bisaa wɔn sɛ, “Mofiri he?” Anuanom no buaa no sɛ, “Yɛfiri Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduane.”
8 约瑟认得他哥哥们,他们却不认得他。
Ɛwom sɛ na Yosef ahunu wɔn sɛ ne nuanom, nanso ne nuanom no deɛ, na wɔnhunuu sɛ, ɔno ne Yosef.
9 约瑟想起从前所做的那两个梦,就对他们说:“你们是奸细,来窥探这地的虚实。”
Yosef kaee daeɛ a mmerɛ bi ɔso faa wɔn ho no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ akwansrafoɔ! Morebɛhwɛ sɛdeɛ ɛkɔm yi ama yɛn asase yi agyigya.”
10 他们对他说:“我主啊,不是的。仆人们是籴粮来的。
Anuanom no teaam sɛ, “Dabi yɛn wura, ɛnte saa. Yɛbaeɛ sɛ yɛrebɛtɔ aduane.
11 我们都是一个人的儿子,是诚实人;仆人们并不是奸细。”
Yɛn nyinaa firi agya baako. Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafoɔ saa.”
12 约瑟说:“不然,你们必是窥探这地的虚实来的。”
Nanso, Yosef ka tii mu sɛ, “Dabi, morebɛhwɛ sɛdeɛ asase no asi agyigya afa.”
13 他们说:“仆人们本是弟兄十二人,是迦南地一个人的儿子,顶小的现今在我们的父亲那里,有一个没有了。”
Anuanom no buaa sɛ, “Yɛn, wʼasomfoɔ, yɛyɛ anuanom dumienu. Yɛyɛ ɔpanin bi a ɔte Kanaan asase so mma. Seesei, yɛn kaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn, ɛnna ɔbaako nso afiri mu.”
14 约瑟说:“我才说你们是奸细,这话实在不错。
Nanso, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Asɛm a meka kyerɛɛ mo sɛ moyɛ akwansrafoɔ no, ɛno ara ne no.
15 我指着法老的性命起誓,若是你们的小兄弟不到这里来,你们就不得出这地方,从此就可以把你们证验出来了。
Ɛkwan a mepɛ sɛ mefa so de sɔ mo hwɛ nie: mmerɛ dodoɔ a Farao te ase yi, meremma mo mfiri Misraim asase so ha nkɔ da, kɔsi sɛ mode mo kaakyire no bɛba.
16 须要打发你们中间一个人去,把你们的兄弟带来。至于你们,都要囚在这里,好证验你们的话真不真,若不真,我指着法老的性命起誓,你们一定是奸细。”
Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo kaakyire no mmra. Mede mo a moaka no nyinaa bɛgu afiase. Ɛno na ɛbɛma yɛahunu sɛ, mo asɛm a moreka no yɛ nokorɛ anaa ɛnyɛ nokorɛ. Sɛ ɛkɔba sɛ monni nuabarima kumaa a ɔyɛ mo kaakyire a, mmerɛ dodoɔ a Farao te ase yi, na ɛkyerɛ sɛ moyɛ akwansrafoɔ ampa!”
17 于是约瑟把他们都下在监里三天。
Enti, ɔde wɔn guu afiase hɔ nnansa.
18 到第三天,约瑟对他们说:“我是敬畏 神的;你们照我的话行就可以存活。
Ne nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno enti, merebɛma mo ɛkwan ama moasane mo ho sɛ monyɛ akwansrafoɔ.
19 你们如果是诚实人,可以留你们中间的一个人囚在监里,但你们可以带着粮食回去,救你们家里的饥荒。
Sɛ moyɛ nokwafoɔ ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha. Mo a moaka no nso, monkɔtɔ aburoo no bi nkɔma mo fiefoɔ a ɛkɔm rekum wɔn no.
20 把你们的小兄弟带到我这里来,如此,你们的话便有证据,你们也不至于死。”他们就照样而行。
Nanso, ɛkwan biara so no, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahunu sɛ, asɛm a moreka no yɛ nokorɛ anaasɛ ɛnyɛ nokorɛ. Na sɛ nokorɛ na moreka deɛ a, mɛgyaa mo.” Wɔpenee abisadeɛ a Yosef de too wɔn anim no so.
21 他们彼此说:“我们在兄弟身上实在有罪。他哀求我们的时候,我们见他心里的愁苦,却不肯听,所以这场苦难临到我们身上。”
Afei, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Nokorɛm, yɛn nuabarima yi enti na wɔretwe yɛn aso. Yɛhunuu sɛdeɛ wabɔ huboa ne sɛdeɛ ɔsrɛɛ ne nkwa no, nanso yɛantie. Ɛno enti na saa amanehunu yi a aba yɛn so ɛnnɛ yi.”
22 吕便说:“我岂不是对你们说过,不可伤害那孩子吗?只是你们不肯听,所以流他血的罪向我们追讨。”
Afei, anuanom no mu panin a wɔfrɛ no Ruben no kaa sɛ, “Manka mankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yɛbu ne mogya ho akonta”
23 他们不知道约瑟听得出来,因为在他们中间用通事传话。
Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no enti, na wɔnnim sɛ Yosef te wɔn kasa.
24 约瑟转身退去,哭了一场,又回来对他们说话,就从他们中间挑出西缅来,在他们眼前把他捆绑。
Yosef sɔre firii wɔn nkyɛn kɔsuiɛ. Ɔsane baeɛ ne wɔn bɛkasaa bio. Ɔyii Simeon firii wɔn mu, ma wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim.
25 约瑟吩咐人把粮食装满他们的器具,把各人的银子归还在各人的口袋里,又给他们路上用的食物,人就照他的话办了。
Yosef hyɛɛ sɛ, wɔnhyɛ wɔn nkotokuo no aburoo ma ma, na wɔnsane mfa obiara sika a anka ɔde rebɛtɔ aburoo nhyɛ ne kotokuo mu, na wɔmma wɔn akwansoduane nso nka ho. Wɔyɛɛ yei maa wɔn.
26 他们就把粮食驮在驴上,离开那里去了。
Wɔhyehyɛɛ wɔn aburoo nkotokuo no wɔ mfunumu no so, siim sɛ wɔrekɔ wɔn kurom.
27 到了住宿的地方,他们中间有一个人打开口袋,要拿料喂驴,才看见自己的银子仍在口袋里,
Wɔrekɔ no ara, wɔgyinaa ɛkwan so anadwo homeeɛ. Ɛhɔ na wɔn mu baako sanee ne kotokuo ano sɛ ɔrema nʼafunumu aduane adi. Ɔsanee ne kotokuo no ano no, ɔhunuu sɛ ne sika a anka ɔde rekɔtɔ aburoo no hyɛ kotokuo no fa baabi.
28 就对弟兄们说:“我的银子归还了,看哪,仍在我口袋里!”他们就提心吊胆,战战兢兢地彼此说:“这是 神向我们做什么呢?”
Ɔka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Wɔde me sika no asane ahyɛ me kotokuo no mu. Monhwɛ. Ɛno nie!” Saa asɛm yi maa wɔn akoma tutuiɛ. Enti, wɔhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim kaa sɛ, “Ɛdeɛn anwanwadeɛ na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?”
29 他们来到迦南地、他们的父亲雅各那里,将所遭遇的事都告诉他,说:
Wɔduruu wɔn agya Yakob nkyɛn wɔ Kanaan no, wɔbɔɔ no nsɛm a asisi no nyinaa ho amaneɛ. Wɔkaa sɛ,
30 “那地的主对我们说严厉的话,把我们当作窥探那地的奸细。
“Yɛduruu Misraim asase so no, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so no a ɔyɛ asase no so ɔhene ɔboafoɔ no poopoo nʼani, kasaa anihanehane so kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛyɛ akwansrafoɔ.
31 我们对他说:‘我们是诚实人,并不是奸细。
Nanso, yɛbuaa no sɛ, ‘Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafoɔ.
32 我们本是弟兄十二人,都是一个父亲的儿子,有一个没有了,顶小的如今同我们的父亲在迦南地。’
Yɛyɛ anuanom dumienu a yɛfiri agya baako. Ɔbaako afiri mu. Seesei, yɛn kaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan.’
33 那地的主对我们说:‘若要我知道你们是诚实人,可以留下你们中间的一个人在我这里,你们可以带着粮食回去,救你们家里的饥荒。
“Afei, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Ɛkwan a mepɛ sɛ mefa so de sɔ mo hwɛ nie: Monnya mo nuanom baako wɔ me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburoo no bi nkɔma mo fiefoɔ a ɛkɔm rekum wɔn no.
34 把你们的小兄弟带到我这里来,我便知道你们不是奸细,乃是诚实人。这样,我就把你们的弟兄交给你们,你们也可以在这地做买卖。’”
Nanso, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahunu sɛ monyɛ akwansrafoɔ na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mobɛtumi abɛtɔ aburoo no bi wɔ asase yi so mpɛn dodoɔ biara a mopɛ.’”
35 后来他们倒口袋,不料,各人的银包都在口袋里;他们和父亲看见银包就都害怕。
Ɛberɛ a wɔrehwiehwie wɔn aburoo no afiri wɔn nkotokuo no mu no, obiara hunuu ne sika a anka ɔde rekɔtua aburoo no ka wɔ ne kotokuo no ano. Wɔne wɔn agya hunuu sika no, wɔn akoma tutuiɛ.
36 他们的父亲雅各对他们说:“你们使我丧失我的儿子:约瑟没有了,西缅也没有了,你们又要将便雅悯带去;这些事都归到我身上了。”
Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moama mahwere me mma. Yosef nni hɔ; Simeon nso nni hɔ; afei mopɛ sɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me.”
37 吕便对他父亲说:“我若不带他回来交给你,你可以杀我的两个儿子。只管把他交在我手里,我必带他回来交给你。”
Ruben ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Sɛ mamfa Benyamin ansane amma a, wowɔ ho kwan sɛ wokum me mmammarima baanu no si anan. Fa no hyɛ me nsa, na mɛsane mede no abrɛ wo.”
38 雅各说:“我的儿子不可与你们一同下去;他哥哥死了,只剩下他,他若在你们所行的路上遭害,那便是你们使我白发苍苍、悲悲惨惨地下阴间去了。” (Sheol h7585)
Nanso, Yakob buaa sɛ, “Me babarima no ne monnkɔ hɔ, ɛfiri sɛ, ne nuabarima awu ama aka ɔno nko. Sɛ saa akwantuo a morebɛtu yi, asiane bi kɔsiane no a, mɛwu.” (Sheol h7585)

< 创世记 42 >