< 创世记 7 >

1 耶和华对挪亚说:“你和你的全家都要进入方舟;因为在这世代中,我见你在我面前是义人。
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkɔ Adaka no mu, ɛfiri sɛ, asase so nnipa nyinaa no, wo na mahunu sɛ woyɛ ɔteneneeni.
2 凡洁净的畜类,你要带七公七母;不洁净的畜类,你要带一公一母;
Fa mmoa a wɔn ho te biara, anini nson ne abereɛ nson ka wo ho. Na fa mmoa biara a wɔn ho nte nso mmienu, onini ne ɔbereɛ.
3 空中的飞鸟也要带七公七母,可以留种,活在全地上;
Na fa nnomaa biara anini nson ne abereɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuyire no akyiri no, wɔn ase bɛfɛe.
4 因为再过七天,我要降雨在地上四十昼夜,把我所造的各种活物都从地上除灭。”
Nnanson sɛ ɛnnɛ pɛpɛɛpɛ, mɛma osuo atɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a mabɔ afiri asase so.”
5 挪亚就遵着耶和华所吩咐的行了。
Noa dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa so.
6 当洪水泛滥在地上的时候,挪亚整六百岁。
Ɛberɛ a nsuyire baa asase so no, na Noa adi mfeɛ aha nsia.
7 挪亚就同他的妻和儿子儿妇都进入方舟,躲避洪水。
Noa ne ne mmammarima ne ne yere ne ne nsenom mmaa kɔhyɛɛ adaka no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuyire no renka wɔn.
8 洁净的畜类和不洁净的畜类,飞鸟并地上一切的昆虫,
Mmoa a wɔn ho te ne wɔn a wɔn ho nte, nnomaa ne mmoa a wɔwea fam,
9 都是一对一对地,有公有母,到挪亚那里进入方舟,正如 神所吩咐挪亚的。
mmienu mmienu a wɔyɛ anini ne abereɛ kɔkaa Noa ho wɔ adaka no mu, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ no.
10 过了那七天,洪水泛滥在地上。
Na nnanson no akyiri no, nsuyire no hyɛɛ aseɛ.
11 当挪亚六百岁,二月十七日那一天,大渊的泉源都裂开了,天上的窗户也敞开了,
Noa dii mfeɛ ahansia no mu no, bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunson no, nsutire a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔeɛ, na ɛsoro mpomma nso buebueeɛ.
12 四十昼夜降大雨在地上。
Osuo tɔɔ asase so awia ne anadwo adaduanan.
13 正当那日,挪亚和他三个儿子闪、含、雅弗,并挪亚的妻子和三个儿妇,都进入方舟。
Saa ɛda no ara, Noa ne ne mmammarima Sem, Ham ne Yafet ne ne yere ne ne mmammarima baasa no yerenom kɔhyɛɛ adaka no mu.
14 他们和百兽,各从其类,一切牲畜,各从其类,爬在地上的昆虫,各从其类,一切禽鸟,各从其类,都进入方舟。
Na wiram mmoa ahodoɔ ne nyɛmmoa ahodoɔ ne aboa biara a ɔnam asase so ne anomaa biara ne abɔdeɛ biara a ɛwɔ ntaban ka wɔn ho wɔ Adaka no mu.
15 凡有血肉、有气息的活物,都一对一对地到挪亚那里,进入方舟。
Abɔdeɛ biara a nkwa wɔ wɔn mu mmienu mmienu baa Noa nkyɛn bɛwuraa Adaka no mu.
16 凡有血肉进入方舟的,都是有公有母,正如 神所吩咐挪亚的。耶和华就把他关在方舟里头。
Mmoa a wɔwuraa mu no nyinaa, na wɔyɛ anini ne abereɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. Afei, Awurade kaa Noa hyɛɛ adaka no mu, too no mu.
17 洪水泛滥在地上四十天,水往上长,把方舟从地上漂起。
Nsuyire no toaa so adaduanan asase so. Ɛmaa Adaka no so ma ɛtɛɛ nsuo no ani.
18 水势浩大,在地上大大地往上长,方舟在水面上漂来漂去。
Nsuo no kɔɔ so yirii tɛnn wɔ asase so, ma Adaka no tɛɛ nsuo no ani.
19 水势在地上极其浩大,天下的高山都淹没了。
Nsuo no yirii tɛntɛntɛn wɔ asase so ara kɔsii sɛ, ɛkataa mmepɔ atentene akɛseɛ a ɛwɔ asase so nyinaa so.
20 水势比山高过十五肘,山岭都淹没了。
Nsuo no yirii ara kɔsii sɛ ɛkataa mmepɔ no so boroo so anammɔn aduonu.
21 凡在地上有血肉的动物,就是飞鸟、牲畜、走兽,和爬在地上的昆虫,以及所有的人,都死了。
Abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a ɛnam asase so te sɛ nnomaa, wiram mmoa a wɔwea asase so ne adasamma ase hyeeɛ.
22 凡在旱地上、鼻孔有气息的生灵都死了。
Biribiara a ɛte asase kesee so nso ase hyeeɛ.
23 凡地上各类的活物,连人带牲畜、昆虫,以及空中的飞鸟,都从地上除灭了,只留下挪亚和那些与他同在方舟里的。
Wɔpepaa biribiara a nkwa wɔ mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔdeɛ a wɔnam asase so ne ewiem nnomaa nyinaa nso, wɔpepaa wɔn firii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu nko ara.
24 水势浩大,在地上共一百五十天。
Nsuyire no toaa so asase so nnafua ɔha aduonum.

< 创世记 7 >

The Great Flood
The Great Flood