< 以赛亚书 3 >

1 主—万军之耶和华从耶路撒冷和犹大, 除掉众人所倚靠的,所仗赖的, 就是所倚靠的粮,所仗赖的水;
Afei hwɛ, Awurade, Asafo Awurade, rebegyae nea ɔde ma wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa: aduan ne nsu a ɔde ma wɔn nyinaa.
2 除掉勇士和战士, 审判官和先知, 占卜的和长老,
Dɔmmarima ne akofo, otemmufo ne odiyifo, nkɔmhyɛni ne ɔpanyin,
3 五十夫长和尊贵人, 谋士和有巧艺的, 以及妙行法术的。
aduonum so panyin ne nea ɔwɔ dibea, ɔfotufo, odwumfo nyansafo ne nkaberekyerefo onifirifo.
4 主说:我必使孩童作他们的首领, 使婴孩辖管他们。
“Mede mmerantewa bɛyɛ wɔn nnwuma so mpanyimfo; na mmofra adi wɔn so.”
5 百姓要彼此欺压; 各人受邻舍的欺压。 少年人必侮慢老年人; 卑贱人必侮慢尊贵人。
Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so, ɔbarima betia ɔbarima, ɔyɔnko betia ne yɔnko. Mmabun bɛsɔre atia wɔn mpanyimfo, apapahwekwa betia onuonyamfo.
6 人在父家拉住弟兄,说: 你有衣服,可以作我们的官长。 这败落的事归在你手下吧!
Ɔbarima beso ne nuanom mu baako mu wɔ nʼagya fi aka se, “Wowɔ atade, bɛyɛ yɛn dikanfo; wɔ kurow a adan mmubui siw yi so.”
7 那时,他必扬声说: 我不作医治你们的人; 因我家中没有粮食,也没有衣服, 你们不可立我作百姓的官长。
Nanso da no ɔbɛteɛ mu se, “Minni nea mede bɛyɛ. Minni aduan anaa ntama wɔ me fi; mfa me nyɛ nnipa no so kannifo.”
8 耶路撒冷败落, 犹大倾倒; 因为他们的舌头和行为与耶和华反对, 惹了他荣光的眼目。
Yerusalem retɔ ntintan, Yuda rehwe ase; wɔn nsɛm ne nneyɛe tia Awurade. Wommu nʼanuonyam a ɛwɔ wɔn mu no.
9 他们的面色证明自己的不正; 他们述说自己的罪恶,并不隐瞒, 好像所多玛一样。 他们有祸了!因为作恶自害。
Sɛnea wɔn anim te no di adanse tia wɔn; wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom; wɔmmfa nsie. Nnome nka wɔn! Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so.
10 你们要论义人说:他必享福乐, 因为要吃自己行为所结的果子。
Ka kyerɛ atreneefo se ebesi wɔn yiye, efisɛ wobedi wɔn nneyɛe so aba.
11 恶人有祸了!他必遭灾难! 因为要照自己手所行的受报应。
Nnome nka amumɔyɛfo! Amanehunu wɔ wɔn so! Wobetua wɔn nea wɔn nsa ayɛ no so ka.
12 至于我的百姓, 孩童欺压他们, 妇女辖管他们。 我的百姓啊,引导你的使你走错, 并毁坏你所行的道路。
Mmabun hyɛ me nkurɔfo so, mmea di wɔn so. Me nkurɔfo, mo akwankyerɛfo ma moyera; wɔma moman fi ɔtempɔn no so.
13 耶和华起来辩论, 站着审判众民。
Awurade tena ase wɔ nʼasennii. Ɔma ne mu so bu nkurɔfo no atɛn.
14 耶和华必审问他民中的长老和首领,说: 吃尽葡萄园果子的就是你们; 向贫穷人所夺的都在你们家中。
Awurade bu atɛn de tia ne nkurɔfo mpanyimfo ne akannifo se, “Mo na moasɛe me bobeturo; apoobɔde a efi ahiafo nkyɛn wɔ mo afi mu.
15 主—万军之耶和华说: 你们为何压制我的百姓, 搓磨贫穷人的脸呢?
Ase ne dɛn nti na modwerɛw me nkurɔfo na mode ahiafo anim twitwiw fam?” Sɛnea Asafo Awurade se ni.
16 耶和华又说: 因为锡安的女子狂傲, 行走挺项,卖弄眼目, 俏步徐行,脚下玎珰,
Awurade kasa se, “Sion mmabea yɛ ahantan; wɔnantew toto wɔn kɔn, wɔdeda wɔn ani akyi, wotutu wɔn anammɔn ntiantia, na wɔn anan ase nkaa gyigye.
17 所以,主必使锡安的女子头长秃疮; 耶和华又使她们赤露下体。
Enti Awurade bɛma tikuru abegu Sion mmea ti ho. Awurade bɛma wɔn ti so apa.”
18 到那日,主必除掉她们华美的脚钏、发网、月牙圈、
Da no Awurade beyiyi wɔn afɛfɛde: nkaa, ntamabamma ne kɔnmuade,
19 耳环、手镯、蒙脸的帕子、
asokaa, nkapo ne nkataanim,
20 华冠、足链、华带、香盒、符囊、
Wɔn mmotiri, anan ase ntweaban, nkyekyeremu, nnuhuam ntoa ne nkabere,
21 戒指、鼻环、
nsɔwano mpɛtea ne hwenem nkaa,
22 吉服、外套、云肩、荷包、
ntade atenten pa, nguguso tiaa a enni nsa, ntade yuu ne sika nkotoku;
23 手镜、细麻衣、裹头巾、蒙身的帕子。
nhwehwɛ, sirikyi ntade, tinwi so nkaa ne mmati so nguguso.
24 必有臭烂代替馨香, 绳子代替腰带, 光秃代替美发, 麻衣系腰代替华服, 烙伤代替美容。
Nkabɔne besi nea ɛyɛ huam anan mu; ntampehama besi nkatakɔnmu anan mu; ti a ɛso apa besi tinwi a wɔasiesie anan mu; atweaatam besi ntama pa anan mu; honam ani atwaatwa besi ahoɔfɛ anan mu.
25 你的男丁必倒在刀下; 你的勇士必死在阵上。
Wo mmarima bɛtotɔ afoa ano, wʼakofo wɔ ɔko mu.
26 锡安的城门必悲伤、哀号; 她必荒凉坐在地上。
Sion apon betwa adwo, adi awerɛhow; onnibi, ɔbɛtena fam.

< 以赛亚书 3 >