< 以赛亚书 34 >

1 列国啊,要近前来听! 众民哪,要侧耳而听! 地和其上所充满的, 世界和其中一切所出的都应当听!
Muntwiw mmɛn, mo amanaman, na muntie; monyɛ aso, mo ɔmanfo! Momma asase ne nea ɛwɔ so nyinaa ntie, wiase ne nea efi mu ba nyinaa!
2 因为耶和华向万国发忿恨, 向他们的全军发烈怒, 将他们灭尽,交出他们受杀戮。
Awurade bo afuw amanaman nyinaa; nʼabufuwhyew no tia wɔn asraafo nyinaa. Ɔbɛsɛe wɔn pasaa, ɔbɛma wɔakunkum wɔn.
3 被杀的必然抛弃, 尸首臭气上腾; 诸山被他们的血融化。
Wɔbɛtow wɔn mu atɔfo no agu, wɔn afunu no beyi hua; wɔn mogya afɔw mmepɔw no.
4 天上的万象都要消没; 天被卷起,好像书卷。 其上的万象要残败, 像葡萄树的叶子残败, 又像无花果树的叶子残败一样。
Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyera na wɔbɛbobɔw ɔsoro te sɛ nhoma mmobɔwee; ɔsoro atumfo bɛhwe ase sɛnea nhaban tew fi bobe so, sɛnea mman a awo pan fi borɔdɔma dua ho.
5 因为我的刀在天上已经喝足; 这刀必临到以东和我所咒诅的民, 要施行审判。
Mʼafoa anom nea ɛmee no no wɔ ɔsoro; hwɛ, ɛresian de atemmu aba Edom so, wɔn a masɛe wɔn koraa no.
6 耶和华的刀满了血, 用脂油和羊羔、公山羊的血, 并公绵羊腰子的脂油滋润的; 因为耶和华在波斯拉有献祭的事, 在以东地大行杀戮。
Mogya aguare Awurade afoa ho, wɔde srade asra ho, nguantenmma ne mmirekyi mogya, adwennini asaabo mu srade. Awurade wɔ afɔre bi bɔ wɔ Bosra ne okum kɛse wɔ Edom.
7 野牛、牛犊,和公牛要一同下来。 他们的地喝醉了血; 他们的尘土因脂油肥润。
Anantwi anuɔdenfo ne wɔn bɛtotɔ, anantwinini nketewa ne akɛse. Mogya afɔw wɔn asase no, na srade ayɛ so dɔte no sɔkyee.
8 因耶和华有报仇之日, 为锡安的争辩有报应之年。
Na Awurade wɔ aweretɔ da ananmuhyɛ afe, a obedi ama Sion.
9 以东的河水要变为石油, 尘埃要变为硫磺; 地土成为烧着的石油,
Edom nsuwansuwa bɛdan agodibea, ne dɔte bɛdan sufre a ɛdɛw nʼasase bɛyɛ agoprama a ɛdɛw!
10 昼夜总不熄灭, 烟气永远上腾, 必世世代代成为荒废, 永永远远无人经过。
Ɛrennum awia anaa anadwo; ne wusiw befi a ɛto rentwa da. Ɛbɛda mpan fi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso; obiara remfa ho bio koraa.
11 鹈鹕、箭猪却要得为业; 猫头鹰、乌鸦要住在其间。 耶和华必将空虚的准绳, 混沌的线铊,拉在其上。
Nweatam so patu ne ɔbonsamnoma begye hɔ afa; patu ne kwaakwaadabi bɛtena hɔ. Onyankopɔn bɛtwe wɔ Edom so basabasayɛ susuhama ne amamfoyɛ kirebennyɛ susudua.
12 以东人要召贵胄来治国; 那里却无一个, 首领也都归于无有。
Nʼatitiriw rennya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahenni, nʼahenemma mmarima nyinaa betu ayera.
13 以东的宫殿要长荆棘; 保障要长蒺藜和刺草; 要作野狗的住处, 鸵鸟的居所。
Nsɔe begye nʼabankɛse afa, nsansono ne nsɔe befuw wɔ nʼabankɛse hɔ. Hɔ bɛyɛ adompo atu, ne mpatu tenabea.
14 旷野的走兽要和豺狼相遇; 野山羊要与伴偶对叫。 夜间的怪物必在那里栖身, 自找安歇之处。
Nweatam so mmoa ne mpataku behyia adi afra, mmirekyi anuɔdenfo besu akyerɛ wɔn ho wɔn ho; hɔ na anadwommoa bɛdeda na wɔde ayɛ wɔn homebea.
15 箭蛇要在那里做窝, 下蛋,抱蛋,生子, 聚子在其影下; 鹞鹰各与伴偶聚集在那里。
Ɛhɔ na patu bɛyɛ ne berebuw, na watow ne nkesua. Obesow ne mma, na ɔde ne ntaban akata wɔn so; ɛhɔ na nkorɔma bɛboaboa wɔn ho ano, obiara ne nea ɔka ne ho.
16 你们要查考宣读耶和华的书。 这都无一缺少, 无一没有伴偶; 因为我的口已经吩咐, 他的灵将它们聚集。
Hwɛ Awurade nhoma mmobɔwee no mu, na kenkan: Eyinom mu biara renyera, obiara benya nea ɔka ne ho. Efisɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no fi, na ne honhom bɛboaboa wɔn ano.
17 他也为它们拈阄, 又亲手用准绳给它们分地; 它们必永得为业, 世世代代住在其间。
Ɔde wɔn kyɛfa ma wɔn; ɔde ne nsa yɛ susudua kyekyɛ. Wɔbɛfa no sɛ wɔn de afebɔɔ na wofi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso atena hɔ.

< 以赛亚书 34 >