< 以赛亚书 38 >

1 那时希西家病得要死,亚摩斯的儿子先知以赛亚去见他,对他说:“耶和华如此说:你当留遗命与你的家,因为你必死不能活了。”
Saa nna no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos babarima Odiyifo Yesaia kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Sɛnea Awurade se ni: Toto wʼakwan yiye, efisɛ worebewu; na wo ho renyɛ wo den bio.”
2 希西家就转脸朝墙,祷告耶和华说:
Bere a Hesekia tee asɛm yi, otwaa nʼani hwɛɛ ɔfasu, bɔɔ Awurade mpae se,
3 “耶和华啊,求你记念我在你面前怎样存完全的心,按诚实行事,又做你眼中所看为善的。”希西家就痛哭了。
“Kae, Awurade, sɛnea manantew wʼanim nokware mu na mede me koma ayɛ nea ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.
4 耶和华的话临到以赛亚说:
Na saa asɛm yi fii Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ se,
5 “你去告诉希西家说,耶和华—你祖大卫的 神如此说:我听见了你的祷告,看见了你的眼泪。我必加增你十五年的寿数;
“San kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Awurade, wʼagya Dawid Nyankopɔn, ka: Mate wo mpaebɔ no, na mahu wo nisu. Mede mfe dunum bɛka wo nkwanna ho.
6 并且我要救你和这城脱离亚述王的手,也要保护这城。
Na megye wo ne kuropɔn yi afi Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban.
7 “我—耶和华必成就我所说的。我先给你一个兆头,
“‘Na eyi ne nsɛnkyerɛnne a Awurade bɛyɛ de adi ho adanse sɛ, obedi ne bɔhyɛ so:
8 就是叫亚哈斯的日晷,向前进的日影往后退十度。”于是,前进的日影果然在日晷上往后退了十度。
Mɛma owia ano sunsuma atwe akɔ nʼakyi anammɔn du wɔ Ahas antweri so.’” Ɛno nti, owiahyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn du.
9 犹大王希西家患病已经痊愈,就作诗说:
Nea Yudahene Hesekia kyerɛw wɔ ne yare ne nʼayaresa akyi ni:
10 我说:正在我中年之日 必进入阴间的门; 我余剩的年岁不得享受。 (Sheol h7585)
Mekae se, “Mʼasetena mu nnapa yi mu ɛsɛ sɛ mefa owu apon mu na wogye me mfe a aka yi ana?” (Sheol h7585)
11 我说:我必不得见耶和华, 就是在活人之地不见耶和华; 我与世上的居民不再见面。
Mekae se, “Merenhu Awurade Nyankopɔn bio Awurade a ɔwɔ ateasefo asase so. Merenhu adesamma bio, anaa merenka wɔn a wɔte wiase yi ho bio.
12 我的住处被迁去离开我, 好像牧人的帐棚一样; 我将性命卷起, 像织布的卷布一样。 耶和华必将我从机头剪断, 从早到晚,他要使我完结。
Wɔadwiriw me fi agu agye afi me nsam, te sɛ, oguanhwɛfo ntamadan. Matwa me nkwa so sɛnea ɔnwemfo twa me fi asadua so; awia ne anadwo wutwaa me nkwa so.
13 我使自己安静直到天亮; 他像狮子折断我一切的骨头, 从早到晚,他要使我完结。
Mede ntoboase twɛn kosii ahemadakye, nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata; awia ne anadwo wutwaa me nkwa so.
14 我像燕子呢喃, 像白鹤鸣叫, 又像鸽子哀鸣; 我因仰观,眼睛困倦。 耶和华啊,我受欺压, 求你为我作保。
Misuu sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn; mitwaa adwo sɛ, aborɔnoma a ɔredi awerɛhow. Mʼani yɛɛ siamoo bere a mehwɛɛ soro. Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!”
15 我可说什么呢? 他应许我的,也给我成就了。 我因心里的苦楚, 在一生的年日必悄悄而行。
Na dɛn na metumi aka? Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ eyi. Mede ahobrɛase bɛnantew mʼasetena nyinaa mu me kra ahoyeraw yi nti.
16 主啊,人得存活乃在乎此。 我灵存活也全在此。 所以求你使我痊愈,仍然存活。
Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa na me honhom nso nya nkwa wɔ mu. Wode mʼakwahosan asan ama me nam so ama manya nkwa.
17 看哪,我受大苦,本为使我得平安; 你因爱我的灵魂便救我脱离败坏的坑, 因为你将我一切的罪扔在你的背后。
Yiw, ɛyɛ me yiyeyɛ nti na mekɔɔ saa ahoyeraw yi mu. Wo dɔ nti, wode me siei na mankɔ ɔsɛe amoa mu; na wode me bɔne nyinaa akyɛ me.
18 原来,阴间不能称谢你, 死亡不能颂扬你; 下坑的人不能盼望你的诚实。 (Sheol h7585)
Ɔda rentumi nkamfo wo; owu rentumi nto wo ayeyi nnwom; wɔn a wosian kɔ amoa mu no rentumi nnya anidaso wɔ wo nokware mu bio. (Sheol h7585)
19 只有活人,活人必称谢你, 像我今日称谢你一样。 为父的,必使儿女知道你的诚实。
Ateasefo nko na wobetumi akamfo wo, sɛnea mereyɛ nnɛ yi; agyanom ka wo nokwaredi ho asɛm kyerɛ wɔn mma.
20 耶和华肯救我, 所以,我们要一生一世 在耶和华殿中 用丝弦的乐器唱我的诗歌。
Awurade begye me nkwa, na yɛde asanku bɛto nnwom yɛn nkwanna nyinaa wɔ Awurade fi.
21 以赛亚说:“当取一块无花果饼来,贴在疮上,王必痊愈。”
Na Yesaia kae se, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛtɔ no.”
22 希西家问说:“我能上耶和华的殿,有什么兆头呢?”
Na Hesekia bisae se, “Dɛn nsɛnkyerɛnne na ɛbɛda no adi sɛ, mɛkɔ Awurade asɔredan mu?”

< 以赛亚书 38 >