< 耶利米书 6 >

1 便雅悯人哪,你们要逃出耶路撒冷, 在提哥亚吹角, 在伯·哈基琳立号旗; 因为有灾祸与大毁灭从北方张望。
“Benyaminfo, munguan nkɔbɔ mo ho aguaa! Munguan mfi Yerusalem! Monhyɛn torobɛnto no wɔ Tekoa! Munsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem! Efisɛ amanehunu bobɔw fi atifi fam, ɔsɛe bi a ɛyɛ hu.
2 那秀美娇嫩的锡安女子, 我必剪除。
Mɛsɛe Ɔbabea Sion, ɔhoɔfɛfo sɔɔnɔ no.
3 牧人必引他们的羊群到她那里, 在她周围支搭帐棚, 各在自己所占之地使羊吃草。
Nguanhwɛfo ne wɔn nguankuw bɛba abetia no; wobesisi wɔn ntamadan atwa ne ho ahyia, wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”
4 你们要准备攻击她。 起来吧,我们可以趁午时上去。 哀哉!日已渐斜, 晚影拖长了。
“Munsiesie mo ho ne no nkɔko! Monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so owigyinae! Nanso hwɛ, onwini redwo, na anwummere sunsuma reware.
5 起来吧,我们夜间上去, 毁坏她的宫殿。
Enti monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so anadwo na yɛnsɛe nʼaban ahorow!”
6 因为万军之耶和华如此说: 你们要砍伐树木, 筑垒攻打耶路撒冷。 这就是那该罚的城, 其中尽是欺压。
Nea Asafo Awurade se ni: “Muntwitwa nnua no ngu fam na muntwa Yerusalem ho dantaban. Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso; nhyɛso ahyɛ no ma.
7 井怎样涌出水来, 这城也照样涌出恶来; 在其间常听见有强暴毁灭的事, 病患损伤也常在我面前。
Sɛnea abura puw ne nsu no, saa ara na opuw nʼamumɔyɛ. Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛe nka wɔ ne mu; ne yare ne nʼapirakuru wɔ mʼanim daa.
8 耶路撒冷啊,你当受教, 免得我心与你生疏, 免得我使你荒凉, 成为无人居住之地。
Fa kɔkɔbɔ, Yerusalem, anyɛ saa metwe me ho afi wo ho na mama wʼasase ada mpan a obiara ntumi ntena so.”
9 万军之耶和华曾如此说: 敌人必掳尽以色列剩下的民, 如同摘净葡萄一样。 你要像摘葡萄的人摘了又摘,回手放在筐子里。
Nea Asafo Awurade se ni: “Ma wonyiyi Israel nkae no mu yiye sɛnea woyiyi bobe mu yiye no; fa wo nsa fa mman no so bio, sɛ obi a ɔretetew bobe aba.”
10 现在我可以向谁说话作见证,使他们听呢? 他们的耳朵未受割礼,不能听见。 看哪,耶和华的话他们以为羞辱, 不以为喜悦。
Hena na metumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ? Hena na obetie me? Wɔn aso asisiw enti wɔnte asɛm. Awurade asɛm yɛ akyiwade ma wɔn, na wɔn ani nnye ho.
11 因此我被耶和华的忿怒充满,难以含忍。 我要倾在街中的孩童和聚会的少年人身上, 连夫带妻, 并年老的与日子满足的都必被擒拿。
Nanso Awurade abufuwhyew ahyɛ me ma, na mintumi nkora so. “Hwie gu mmofra a wɔwɔ mmɔnten so ne mmerante a wɔahyia; ɛbɛka okunu ne ɔyere, mmasiriwa, wɔn a onyin ahunhuan wɔn no so.
12 他们的房屋、田地, 和妻子都必转归别人; 我要伸手攻击这地的居民。 这是耶和华说的。
Wɔbɛdan wɔn afi ama afoforo, wɔn mfuw ne wɔn yerenom bɛka ho; sɛ meteɛ me nsa wɔ wɔn a wɔte asase no so a,” sɛnea Awurade se ni.
13 因为他们从最小的到至大的都一味地贪婪, 从先知到祭司都行事虚谎。
“Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya; adiyifo ne asɔfo te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifo.
14 他们轻轻忽忽地医治我百姓的损伤, 说:平安了!平安了! 其实没有平安。
Wɔtoto me nkurɔfo apirakuru te sɛnea ɛnyɛ hu. Wɔka se, ‘Asomdwoe, asomdwoe’ wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.
15 他们行可憎的事知道惭愧吗? 不然,他们毫不惭愧, 也不知羞耻。 因此,他们必在仆倒的人中仆倒; 我向他们讨罪的时候, 他们必致跌倒。 这是耶和华说的。
Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana? Dabi da, wɔn ani nnwu koraa; wonnim fɛre mpo. Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu; wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a,” sɛnea Awurade se ni.
16 耶和华如此说: 你们当站在路上察看, 访问古道, 哪是善道,便行在其间; 这样,你们心里必得安息。 他们却说:我们不行在其间。
Eyi ne nea Awurade se, “Munnyina nkwantanan no so na monhwɛ; mummisa tete akwan no, mummisa faako a ɔkwan pa no da na monnantew so, na mubenya home ama mo akra. Nanso mokae se, ‘yɛnnantew so.’
17 我设立守望的人照管你们, 说:要听角声。 他们却说:我们不听。
Mede awɛmfo sisii mo so na mekae se, ‘Muntie torobɛnto nnyigyei no!’ Nanso mokae se, ‘Yɛrentie.’
18 列国啊,因此你们当听! 会众啊,要知道他们必遭遇的事。
Ɛno nti monyɛ aso, mo amanaman; mo a moyɛ nnansefo, monhwɛ, monhwɛ nea ɛbɛto wɔn.
19 地啊,当听! 我必使灾祸临到这百姓, 就是他们意念所结的果子; 因为他们不听从我的言语, 至于我的训诲,他们也厌弃了。
Tie, wo asase: Mede amanehunu reba saa nnipa yi so, wɔn nneyɛe so aba, efisɛ wɔantie me nsɛm na wɔapo me mmara.
20 从示巴出的乳香, 从远方出的菖蒲 奉来给我有何益呢? 你们的燔祭不蒙悦纳; 你们的平安祭,我也不喜悦。
Nnuhuam a efi Seba anaa ahwerew pa a efi akyirikyiri asase so fa me ho bɛn? Minnye wo hyew afɔre no nto mu, wʼafɔrebɔ ahorow no nsɔ mʼani.”
21 所以耶和华如此说: 我要将绊脚石放在这百姓前面。 父亲和儿子要一同跌在其上; 邻舍与朋友也都灭亡。
Ɛno nti, nea Awurade se ni: “Mede akwanside begu saa nkurɔfo yi anim. Agyanom ne mmabarima nyinaa behintiw wɔ so; yɔnkonom ne nnamfonom bɛyera.”
22 耶和华如此说: 看哪,有一种民从北方而来, 并有一大国被激动,从地极来到。
Sɛnea Awurade se ni: “Monhwɛ, nsraadɔm bi reba, wofi atifi fam asase so; wɔrehwanyan wɔn afi nsase ano.
23 他们拿弓和枪, 性情残忍,不施怜悯; 他们的声音像海浪匉訇。 锡安城啊, 他们骑马都摆队伍, 如上战场的人要攻击你。
Wokurakura bɛmma ne mpeaw; wɔn tirim yɛ den, na wonni ahummɔbɔ. Wɔn nnyigyei te sɛ po asorɔkye. Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a, wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko. Wɔrebɛtow ahyɛ wo so, Ɔbabea Sion.”
24 我们听见他们的风声,手就发软; 痛苦将我们抓住, 疼痛仿佛产难的妇人。
Yɛate wɔn ho nsɛm, na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ nea awuwu. Awerɛhow akyekyere yɛn yɛte yaw sɛ ɔbea a ɔreko awo.
25 你们不要往田野去, 也不要行在路上, 因四围有仇敌的刀剑和惊吓。
Mfi adi nkɔ wuram na nnantew akwan no so, efisɛ ɔtamfo no wɔ afoa, na baabiara ayɛ hu.
26 我民哪,应当腰束麻布,滚在灰中。 你要悲伤,如丧独生子痛痛哭号, 因为灭命的要忽然临到我们。
Me nkurɔfo, mumfura atweaatam na mommunummunum wɔ nsõ mu, momfa adwadwotwa yaayaw nni awerɛhow sɛnea wosu ma ɔbabarima koro, efisɛ ɔsɛefo no bɛba yɛn so mpofirim.
27 我使你在我民中为高台,为保障, 使你知道试验他们的行动。
“Mayɛ wo obi a ɔsɔ agude hwɛ na me nkurɔfo dadeben, a wobɛhwɛ na woasɔ wɔn akwan ahwɛ.
28 他们都是极悖逆的, 往来谗谤人。 他们是铜是铁, 都行坏事。
Wɔn nyinaa yɛ atuatewfo a wɔyɛ den, wɔnenam di nseku. Wɔyɛ kɔbere ne dade; wɔn nyinaa yɛ wɔn ade wɔ porɔwee kwan so.
29 风箱吹火,铅被烧毁; 他们炼而又炼,终是徒然; 因为恶劣的还未除掉。
Afa no bɔ mframa dennen de ogya nan sumpii no, nanso ɔnan no yɛ ɔkwa. Entumi nyiyii bɔne no mfii wɔn mu ɛ.
30 人必称他们为被弃的银渣, 因为耶和华已经弃掉他们。
Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo, efisɛ Awurade apo wɔn.”

< 耶利米书 6 >