< 约伯记 10 >

1 我厌烦我的性命, 必由着自己述说我的哀情; 因心里苦恼,我要说话,
“Abrabɔ afono me; enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie na mɛkasa afi me kra yawdi mu.
2 对 神说:不要定我有罪, 要指示我,你为何与我争辩?
Mɛka akyerɛ Onyankopɔn se: Mmu me kumfɔ, na mmom kyerɛ kwaadu a wobɔ me.
3 你手所造的, 你又欺压,又藐视, 却光照恶人的计谋。 这事你以为美吗?
Ɛyɛ wo fɛ sɛ wohyɛ me so, de po wo nsa ano adwuma, na woserew hwɛ amumɔyɛfo nhyehyɛe?
4 你的眼岂是肉眼? 你查看岂像人查看吗?
Wowɔ ɔhonam mu ani ana? Wuhu ade te sɛ ɔdesani ana?
5 你的日子岂像人的日子, 你的年岁岂像人的年岁,
Wo nkwanna te sɛ ɔdesani anaa wo mfe te sɛ onipa hoɔdenfo,
6 就追问我的罪孽, 寻察我的罪过吗?
a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ me mfomso na wopɛɛpɛɛ me bɔne mu?
7 其实,你知道我没有罪恶, 并没有能救我脱离你手的。
Ɛwɔ mu, wunim sɛ minni fɔ, na obiara nso ntumi nnye me mfi wo nsam.
8 你的手创造我,造就我的四肢百体, 你还要毁灭我。
“Wo nsa na ɛnwenee me na ɛbɔɔ me. Afei wobɛdan wo ho asɛe me ana?
9 求你记念—制造我如抟泥一般, 你还要使我归于尘土吗?
Kae sɛ wonwen me sɛ dɔte. Na wobɛdan me ayɛ me mfutuma bio ana?
10 你不是倒出我来好像奶, 使我凝结如同奶饼吗?
So woanhwie me sɛ nufusu na woammɔ me toa sɛ srade,
11 你以皮和肉为衣给我穿上, 用骨与筋把我全体联络。
amfa were ne honam ankata me ho ankeka nnompe ne ntin antoatoa mu ana?
12 你将生命和慈爱赐给我; 你也眷顾保全我的心灵。
Womaa me nkwa, yii ayamye kyerɛɛ me, na ɔhwɛsie mu wohwɛɛ me honhom so.
13 然而,你待我的这些事早已藏在你心里; 我知道你久有此意。
“Nanso eyi na wode siee wo koma mu, na minim sɛ na eyi wɔ wʼadwene mu.
14 我若犯罪,你就察看我, 并不赦免我的罪孽。
Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ me na wobɛma me so asotwe.
15 我若行恶,便有了祸; 我若为义,也不敢抬头, 正是满心羞愧, 眼见我的苦情。
Na sɛ midi fɔ a, nnome nka me! Na sɛ mpo midi bem a, merentumi mma me ti so, efisɛ aniwu ahyɛ me ma na mʼamanehunu amene me.
16 我若昂首自得,你就追捕我如狮子, 又在我身上显出奇能。
Na sɛ mema me ti so a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata, na bio woda wʼanwonwatumi no adi tia me.
17 你重立见证攻击我, 向我加增恼怒, 如军兵更换着攻击我。
Wode nnansefo foforo betia me na woma wʼabufuw ano yɛ den wɔ me so; wʼasraafo tu ba me so bere biara.
18 你为何使我出母胎呢? 不如我当时气绝,无人得见我;
“Adɛn nti na woma wɔwoo me? Ɛkaa me nko a anka miwui ansa na ani bi rehu me.
19 这样,就如没有我一般, 一出母胎就被送入坟墓。
Sɛ anka mamma nkwa yi mu, anaasɛ wɔsoaa me fi awotwaa mu de me kɔɔ ɔda mu tee!
20 我的日子不是甚少吗? 求你停手宽容我, 叫我在往而不返之先— 就是往黑暗和死荫之地以先— 可以稍得畅快。
So ɛnkaa kakraa bi na me nna kakraa no to ntwaa ana? Gyaa me na minya anigye bere tiaa bi
ansa na makɔ koransan kusuuyɛ ne sunsuma kabii asase so,
22 那地甚是幽暗,是死荫混沌之地; 那里的光好像幽暗。
asase a ɛyɛ anadwo sum kabii, sum kabii ne sakasaka, baabi a ɛhɔ hann mpo te sɛ sum.”

< 约伯记 10 >