< 约伯记 2 >

1 又有一天, 神的众子来侍立在耶和华面前,撒但也来在其中。
Da foforo bi, abɔfo no baa Awurade anim bio na Satan nso kaa wɔn ho bae.
2 耶和华问撒但说:“你从哪里来?”撒但回答说:“我从地上走来走去,往返而来。”
Awurade bisaa Satan se, “Wufi he na wobaa ha?” Satan buaa Awurade se, “Mifi asase so akyinkyinakyinkyin ne emu akɔneabadi mu.”
3 耶和华问撒但说:“你曾用心察看我的仆人约伯没有?地上再没有人像他完全正直,敬畏 神,远离恶事。你虽激动我攻击他,无故地毁灭他,他仍然持守他的纯正。”
Na Awurade bisaa Satan se, “Woadwene mʼakoa Hiob ho ana? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔteɛ. Ɔyɛ onipa a osuro Onyankopɔn na okyi bɔne. Ɛwɔ mu sɛ wohyɛɛ me sɛ mensɛe no a minni nnyinaso biara de, nanso ɔda so gyina ne pɛpɛyɛ no mu.”
4 撒但回答耶和华说:“人以皮代皮,情愿舍去一切所有的,保全性命。
Satan buaa Awurade sɛ, “Were pere were. Onipa de nea ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa.
5 你且伸手伤他的骨头和他的肉,他必当面弃掉你。”
Sɛ ebetumi a teɛ wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wɔ wʼanim!”
6 耶和华对撒但说:“他在你手中,只要存留他的性命。”
Awurade ka kyerɛɛ Satan se, “Eye, ɔwɔ wo nsam na ne nkwa de gyaa mu ma no.”
7 于是撒但从耶和华面前退去,击打约伯,使他从脚掌到头顶长毒疮。
Enti Satan fii Awurade anim, na ɔmaa akuru a ɛyɛ yaw totɔɔ Hiob ho fi ne nʼanan ase kosii nʼapampam.
8 约伯就坐在炉灰中,拿瓦片刮身体。
Afei, na kyɛmfɛre na Hiob de twiw ne ho, bere a ɔte nsõ mu.
9 他的妻子对他说:“你仍然持守你的纯正吗?你弃掉 神,死了吧!”
Ne yere bisaa no se, “Woda so kura wo pɛpɛyɛ no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!”
10 约伯却对她说:“你说话像愚顽的妇人一样。嗳!难道我们从 神手里得福,不也受祸吗?”在这一切的事上约伯并不以口犯罪。
Na Hiob buaa no sɛ, “Wokasa sɛ ɔbea a ɔyɛ ɔkwasea. Ade pa de yɛagye afi Onyankopɔn nsam na ade bɔne na yɛmpo ana?” Eyi nyinaa mu no, Hiob anka asɛm bɔne.
11 约伯的三个朋友—提幔人以利法、书亚人比勒达、拿玛人琐法—听说有这一切的灾祸临到他身上,各人就从本处约会同来,为他悲伤,安慰他。
Bere a Hiob nnamfo baasa bi a wɔne Temanni Elifas, Suhini Bildad ne Naamani Sofar tee amanehunu a aba Hiob so no, wofii wɔn afi mu, hyia yɛɛ adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ no na wɔakyekye ne werɛ.
12 他们远远地举目观看,认不出他来,就放声大哭。各人撕裂外袍,把尘土向天扬起来,落在自己的头上。
Wohuu Hiob fii akyiri no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno; wɔhyɛɛ ase twaa agyaadwo, sunsuan wɔn ntade mu, tuu mfutuma guu wɔn ti so.
13 他们就同他七天七夜坐在地上,一个人也不向他说句话,因为他极其痛苦。
Na wɔne no tenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Na obiara ankasa, efisɛ wohuu sɛ nʼamanehunu no nyɛ adewa.

< 约伯记 2 >