< 耶利米哀歌 5 >

1 耶和华啊,求你记念我们所遭遇的事, 观看我们所受的凌辱。
Ao Awurade, kae deɛ aba yɛn so; hwɛ, na hunu yɛn animguaseɛ.
2 我们的产业归与外邦人; 我们的房屋归与外路人。
Wɔadane yɛn agyapadeɛ ama ahɔhoɔ, wɔde yɛn afie ama ananafoɔ.
3 我们是无父的孤儿; 我们的母亲好像寡妇。
Yɛayɛ nwisiaa na yɛnni agyanom, yɛn maamenom ayɛ sɛ akunafoɔ.
4 我们出钱才得水喝; 我们的柴是人卖给我们的。
Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsuo a yɛnom; yɛbɛnya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ.
5 追赶我们的,到了我们的颈项上; 我们疲乏不得歇息。
Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ; Yɛabrɛ na yɛnnya ahomegyeɛ.
6 我们投降埃及人和亚述人, 为要得粮吃饱。
Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria sɛdeɛ yɛbɛnya aduane a ɛbɛso yɛn.
7 我们列祖犯罪,而今不在了; 我们担当他们的罪孽。
Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wɔnni hɔ bio, na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so.
8 奴仆辖制我们, 无人救我们脱离他们的手。
Nkoa di yɛn so, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye yɛn afiri wɔn nsam.
9 因为旷野的刀剑, 我们冒着险才得粮食。
Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔdeɛ de pɛ yɛn anoduane, akofena a ɛwɔ ɛserɛ so no enti.
10 因饥饿燥热, 我们的皮肤就黑如炉。
Yɛn honam adɔ sɛ fononoo. Ɛkɔm ama huraeɛ abɔ yɛn.
11 敌人在锡安玷污妇人, 在犹大的城邑玷污处女。
Wɔato mmaa monnaa wɔ Sion, ne mmaabunu a wɔwɔ Yuda nkuro so.
12 他们吊起首领的手, 也不尊敬老人的面。
Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn; wɔmmfa anidie mma mpanimfoɔ.
13 少年人扛磨石, 孩童背木柴,都绊跌了。
Mmeranteɛ yɛ adwuma den wɔ ayuoyammoɔ so; na mmerantewaa nan toto wɔ nnyina duruduru ase.
14 老年人在城门口断绝; 少年人不再作乐。
Mpanimfoɔ ntena kuropɔn apono ano bio; mmeranteɛ agyae wɔn nnwontoɔ.
15 我们心中的快乐止息, 跳舞变为悲哀。
Ahosɛpɛ afiri yɛn akoma mu; yɛn asa adane agyaadwotwa.
16 冠冕从我们的头上落下; 我们犯罪了,我们有祸了!
Ahenkyɛ afiri yɛn tiri so. Yɛn ara, yɛnnue sɛ yɛayɛ bɔne!
17 这些事我们心里发昏, 我们的眼睛昏花。
Yei enti yɛn akoma atɔ piti, yeinom enti yɛn ani so ayɛ kusuu
18 锡安山荒凉, 野狗行在其上。
wɔ Sion bepɔ a ada mpan na sakraman nenam soɔ no enti.
19 耶和华啊,你存到永远; 你的宝座存到万代。
Wo, Ao Awurade, di ɔhene afebɔɔ; wʼahennwa firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ.
20 你为何永远忘记我们? 为何许久离弃我们?
Adɛn enti na wo werɛ firi yɛn daa yi? Adɛn enti na wagya yɛn mmerɛ tenten mu yi?
21 耶和华啊,求你使我们向你回转, 我们便得回转。 求你复新我们的日子,像古时一样。
Ka yɛn bata wo ho bio, Ao, Awurade, na yɛatumi aba wo nkyɛn; yɛ yɛn nna foforɔ sɛ tete no
22 你竟全然弃绝我们, 向我们大发烈怒?
agye sɛ wapo yɛn koraa anaa sɛ wo bo afu yɛn mmorosoɔ.

< 耶利米哀歌 5 >