< 利未记 10 >

1 亚伦的儿子拿答、亚比户各拿自己的香炉,盛上火,加上香,在耶和华面前献上凡火,是耶和华没有吩咐他们的,
Na Aaron mma Nadab ne Abihu de ogya guu wɔn aduhuamyɛfo ade mu. Wɔde aduhuam no petee ogya no so ma wɔnam saa kwan yi so buu Awurade mmara so, efisɛ wɔde ogya a ɛnyɛ nea Awurade ahyɛ baa nʼanim.
2 就有火从耶和华面前出来,把他们烧灭,他们就死在耶和华面前。
Enti ogya dɛw fii Awurade nkyɛn bɛhyew wɔn.
3 于是摩西对亚伦说:“这就是耶和华所说:‘我在亲近我的人中要显为圣;在众民面前,我要得荣耀。’”亚伦就默默不言。
Mose ka kyerɛɛ Aaron se, Awurade kae se, “‘Mɛda me ho kronkronyɛ adi akyerɛ wɔn a wɔba me nkyɛn; wɔbɛhyɛ me anuonyam wɔ nnipa nyinaa anim no, na nea ɔrekyerɛ nen.’” Na asɛm no tɔɔ Aaron mum.
4 摩西召了亚伦叔父乌薛的儿子米沙利、以利撒反来,对他们说:“上前来,把你们的亲属从圣所前抬到营外。”
Mose soma ma wɔkɔfrɛɛ Misael ne Elsafan a wɔyɛ Aaron agya nuabarima mma brɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔtwe nnipa a wɔahyew no nyinaa mfi Ahyiae Ntamadan no anim mfa wɔn nkɔ nsraban no akyi.”
5 于是二人上前来,把他们穿着袍子抬到营外,是照摩西所吩咐的。
Na wɔkɔsoaa wɔn wɔ wɔn ntade mu sɛnea Mose aka akyerɛ wɔn no.
6 摩西对亚伦和他儿子以利亚撒、以他玛说:“不可蓬头散发,也不可撕裂衣裳,免得你们死亡,又免得耶和华向会众发怒;只要你们的弟兄以色列全家为耶和华所发的火哀哭。
Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima Eleasar ne Itamar se, “Munnsu. Mommma mo tinwi nsensɛn hɔ yuu mmfa nkyerɛ sɛ moretwa agyaadwo. Munnsunsuane mo ntade mu nso. Sɛ moyɛ saa a, Onyankopɔn bekum mo nso na nʼabufuw bɛba Israelfo nyinaa so. Nanso Israelfo a wɔaka no de, esiane ogya a Awurade de bae no nti, wotumi di Nadab ne Abihu wu no ho awerɛhow, tumi su wɔn nso.
7 你们也不可出会幕的门,恐怕你们死亡,因为耶和华的膏油在你们的身上。”他们就照摩西的话行了。
Na mummfi Ahyiae Ntamadan no ano, anyɛ saa a mubewuwu, efisɛ Awurade ngosra wɔ mo so.” Na wodii asɛm a Mose kae no so.
8 耶和华晓谕亚伦说:
Afei, Awurade hyɛɛ Aaron se,
9 “你和你儿子进会幕的时候,清酒、浓酒都不可喝,免得你们死亡;这要作你们世世代代永远的定例。
“Sɛ wokɔ Ahyiae Ntamadan no mu a, nnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den. Woyɛ saa a, wubewu. Saa mmara yi bɛtena hɔ afebɔɔ ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa,
10 使你们可以将圣的、俗的,洁净的、不洁净的,分别出来;
na ama moatumi ahu nsonoe a ɛda kronkron ne nea ɛyɛ teta, nea ɛho tew ne nea ɛho ntew no tam,
11 又使你们可以将耶和华借摩西晓谕以色列人的一切律例教训他们。”
na woatumi akyerɛkyerɛ Israelfo mmara a Awurade nam Mose so de ama mo no nyinaa.”
12 摩西对亚伦和他剩下的儿子以利亚撒、以他玛说:“你们献给耶和华火祭中所剩的素祭,要在坛旁不带酵而吃,因为是至圣的。
Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima Eleasar ne Itamar se, “Momfa atoko afɔrebɔde nkae wɔ aduan afɔrebɔ a mmɔkaw nni mu a wɔde brɛɛ Awurade no na munni wɔ afɔremuka no ho, efisɛ ɛyɛ kronkron koraa.
13 你们要在圣处吃;因为在献给耶和华的火祭中,这是你的分和你儿子的分;所吩咐我的本是这样。
Munni wɔ kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmabarima no dea, na ɛyɛ wo ne wo mmabarima no kyɛfa a efi aduan afɔrebɔ a wɔde brɛɛ Awurade no mu; efisɛ saa na wɔahyɛ sɛ menyɛ.
14 所摇的胸,所举的腿,你们要在洁净地方吃。你和你的儿女都要同吃;因为这些是从以色列人平安祭中给你,当你的分和你儿子的分。
Nanso ne yan ne ne srɛ a muhim no Awurade anim no, mutumi we no beae biara a amanne kwan so no ɛhɔ tew. Ɛyɛ wo, wo mmabarima ne wo mmabea kyɛfa wɔ Israelfo Asomdwoe afɔrebɔde no mu.
15 所举的腿,所摇的胸,他们要与火祭的脂油一同带来当摇祭,在耶和华面前摇一摇;这要归你和你儿子,当作永得的分,都是照耶和华所吩咐的。”
Ne srɛ ne ne yan a wohim no, ɛsɛ sɛ wɔde ka srade afɔrebɔde a wɔhyew de ma Awurade no ho. Eyi bɛyɛ wo ne wʼasefo kyɛfa daa, sɛnea Awurade ahyɛ no.”
16 当下摩西急切地寻找作赎罪祭的公山羊,谁知已经焚烧了,便向亚伦剩下的儿子以利亚撒、以他玛发怒,说:
Bere a Mose bisaa nea ayɛ abirekyi a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔre no ho asɛm no, ohuu sɛ wɔahyew no. Ɛno nti, ne bo fuw Eleasar ne Itamar a na wɔyɛ Aaron mmabarima no, bisae se,
17 “这赎罪祭既是至圣的,主又给了你们,为要你们担当会众的罪孽,在耶和华面前为他们赎罪,你们为何没有在圣所吃呢?
“Adɛn nti na moanwe bɔne afɔrebɔde no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛyɛ afɔrebɔde kronkron! Wɔde maa mo sɛ momfa nyi nnipa no afɔdi na ɛnyɛ mpata mma wɔn wɔ Awurade anim.
18 看哪,这祭牲的血并没有拿到圣所里去,你们本当照我所吩咐的,在圣所里吃这祭肉。”
Esiane sɛ wɔamfa ne mogya ankɔ kronkronbea hɔ no nti, anka mubetumi awe wɔ hɔ ara sɛnea mehyɛe no.”
19 亚伦对摩西说:“今天他们在耶和华面前献上赎罪祭和燔祭,我又遇见这样的灾,若今天吃了赎罪祭,耶和华岂能看为美呢?”
Aaron buaa Mose se, “Nnɛ wɔbɔɔ wɔn bɔne afɔre ne ɔhyew afɔre maa Awurade. Nanso hwɛ asɛm yi a ato me. Sɛ mewee bɔne afɔre nam yi bi nnɛ a, anka Awurade ani bɛsɔ ana?”
20 摩西听见这话,便以为美。
Na Mose tee saa no, ne bo dwoe.

< 利未记 10 >