< 玛拉基书 3 >

1 万军之耶和华说:“我要差遣我的使者在我前面预备道路。你们所寻求的主必忽然进入他的殿;立约的使者,就是你们所仰慕的,快要来到。”
Hwɛ! Mɛsoma me bɔfo a obesiesie kwan ama me. Afei mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho bɔfo a mopɛ no no bɛba, sɛnea Asafo Awurade se ni.
2 他来的日子,谁能当得起呢?他显现的时候,谁能立得住呢?因为他如炼金之人的火,如漂布之人的硷。
Na hena na obetumi agyina ne da a ɔbɛba no ano? Sɛ opue a, hena na obetumi agyina? Ɔbɛyɛ sɛ ogya a wɔde nan dade anaa ntamahorofo samina.
3 他必坐下如炼净银子的,必洁净利未人,熬炼他们像金银一样;他们就凭公义献供物给耶和华。
Ɔbɛtena ase sɛ obi a ɔhoa dwetɛ ho. Ɔbɛtew Lewifo no ho na wɔayɛ sɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Afei Awurade benya mmarima a wɔde ayɛyɛde bɛba wɔ kronkronyɛ mu,
4 那时,犹大和耶路撒冷所献的供物必蒙耶和华悦纳,仿佛古时之日、上古之年。
na afɔrebɔde a efi Yuda ne Yerusalem bɛyɛ nea ɛsɔ Awurade ani sɛnea na ɛte wɔ nna ne mfe a atwa mu no.
5 万军之耶和华说:“我必临近你们,施行审判。我必速速作见证,警戒行邪术的、犯奸淫的、起假誓的、亏负人之工价的、欺压寡妇孤儿的、屈枉寄居的,和不敬畏我的。”
“Enti metwiw abɛn mo, abebu atɛn. Mɛyɛ ntɛm adi adanse atia ntafowayifo, aguamammɔ ne atorofo, wɔn a wosisi adwumayɛfo wɔ wɔn akatua ho, wɔn a wɔhyɛ akunafo ne ayisaa so na wobu ntɛnkyew tia ahɔho na wonsuro me,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
6 “因我—耶和华是不改变的,所以你们雅各之子没有灭亡。
“Meyɛ Awurade a mennsakra. Ɛno nti na mo Yakob asefo, wɔnsɛee mo no.
7 万军之耶和华说:从你们列祖的日子以来,你们常常偏离我的典章而不遵守。现在你们要转向我,我就转向你们。你们却问说:‘我们如何才是转向呢?’
Efi mo nenanom bere so moatwe mo ho afi me mmara ho, moanni so. Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛba mo nkyɛn,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Nanso mubisa se, ‘Ɔkwan bɛn so na yɛmfa nsan mmra?’
8 人岂可夺取 神之物呢?你们竟夺取我的供物。你们却说:‘我们在何事上夺取你的供物呢?’就是你们在当纳的十分之一和当献的供物上。
“Onipa betumi abɔ Onyankopɔn korɔn ana? Nanso, mobɔ me korɔn! Na mubebisa se, ‘ɔkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔn?’ “Wɔ ntotoso du du ne afɔrebɔde mu.
9 因你们通国的人都夺取我的供物,咒诅就临到你们身上。
Nnome aba mo so, ɔman mu no nyinaa, efisɛ, morebɔ me korɔn.
10 万军之耶和华说:你们要将当纳的十分之一全然送入仓库,使我家有粮,以此试试我,是否为你们敞开天上的窗户,倾福与你们,甚至无处可容。
Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekoradan no mu, na aduan mmra me fi. Monsɔ me nhwɛ wɔ saa ɔkwan yi so, na monhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a, morennya baabi nkora ne nyinaa mpo,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
11 万军之耶和华说:我必为你们斥责蝗虫,不容它毁坏你们的土产。你们田间的葡萄树在未熟之先也不掉果子。
“Meremma mmoa mmɛsɛe mo nnɔbae na borɔdɔma aba rentew ngu wɔ bere a ɛmmeree ɛ,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
12 万军之耶和华说:万国必称你们为有福的,因你们的地必成为喜乐之地。”
“Na aman no nyinaa bɛka se wɔahyira mo, efisɛ mo asase so bɛyɛ anigye,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
13 耶和华说:“你们用话顶撞我,你们还说:‘我们用什么话顶撞了你呢?’
“Moaka nsɛm a ɛmfata atia me, nanso mubisa se, ‘Asɛm bɛn na yɛaka atia wo?’ Sɛnea Asafo Awurade se ni.
14 你们说:‘事奉 神是徒然的,遵守 神所吩咐的,在万军之耶和华面前苦苦斋戒,有什么益处呢?
“Moaka se, ‘Onyankopɔn som yɛ ɔbrɛgu, na yedii nʼahyɛde so na yɛkɔɔ Asafo Awurade anim te sɛ wɔn a wɔredi awerɛhow no, mfaso bɛn na yenyae?
15 如今我们称狂傲的人为有福,并且行恶的人得建立;他们虽然试探 神,却得脱离灾难。’”
Afei, wɔfrɛ ɔhantanni no nea wɔahyira no. Nokware ni, nnebɔneyɛfo di yiye, na mpo wɔn a wɔne Onyankopɔn di asi no, wɔfa wɔn ho di.’”
16 那时,敬畏耶和华的彼此谈论,耶和华侧耳而听,且有纪念册在他面前,记录那敬畏耶和华、思念他名的人。
Na wɔn a wosuro Awurade no ne wɔn ho wɔn ho kasae, na Awurade tiei, na ogyee wɔn so. Wɔn a wosuro Awurade na wodi ne din ni no, wɔkyerɛw wɔn din wɔ nhoma mmobɔwee so wɔ nʼanim de yɛɛ nkae ade.
17 万军之耶和华说:“在我所定的日子,他们必属我,特特归我。我必怜恤他们,如同人怜恤服事自己的儿子。
“Wɔbɛyɛ me dea,” sɛnea, Asafo Awurade se ni. Da a mɛkeka me ho no, wɔbɛyɛ mʼahode a ɛsom bo. Mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn, sɛnea agya nya ayamhyehye de ɔba a ɔyɛ osetie ho kyɛ no no.
18 那时你们必归回,将善人和恶人,事奉 神的和不事奉 神的,分别出来。”
Na mubehu nsonoe a ɛda atreneefo ne amumɔyɛfo ntam, ne wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnsom Onyankopɔn no ntam.

< 玛拉基书 3 >