< 尼希米记 7 >

1 城墙修完,我安了门扇,守门的、歌唱的,和利未人都已派定。
Wowiee ɔfasu no, na misisii apon no wiee akyi no, yɛfaa apon no anohwɛfo, nnwontofo ne Lewifo.
2 我就派我的弟兄哈拿尼和营楼的宰官哈拿尼雅管理耶路撒冷;因为哈拿尼雅是忠信的,又敬畏 神过于众人。
Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree.
3 我吩咐他们说:“等到太阳上升才可开耶路撒冷的城门;人尚看守的时候就要关门上闩;也当派耶路撒冷的居民各按班次看守自己房屋对面之处。”
Meka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ wobue Yerusalem apon no ano to hɔ kosi sɛ ahuhuru bɛba. Na sɛ aponanohwɛfo no wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu na mommram akyi. Munyi wɔn a wɔte Yerusalem no, na bi nnyina hɔ nnwɛn na bi nso mfi wɔn afi a ɛbemmɛn no mu nwɛn.”
4 城是广大,其中的民却稀少,房屋还没有建造。
Saa bere no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afi kakraa bi na na esisi kuropɔn no mu.
5 我的 神感动我心,招聚贵胄、官长,和百姓,要照家谱计算。我找着第一次上来之人的家谱,其上写着:
Na me Nyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofo ne ɔmanfo no nyinaa nhyia, na wɔnkyerɛw wɔn din. Mihuu nnipa a wodii kan san baa Yuda no anato nhoma. Nsɛm a na wɔakyerɛw agu mu ni:
6 巴比伦王尼布甲尼撒从前掳去犹大省的人,现在他们的子孙从被掳到之地回耶路撒冷和犹大,各归本城。
Eyinom ne Yudafo a wotwaa wɔn asu kɔɔ amantam bi so, na wofii nnommum mu san baa Yerusalem ne Yuda nkurow afoforo so. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.
7 他们是同着所罗巴伯、耶书亚、尼希米、亚撒利雅、拉米、拿哈玛尼、末底改、必珊、米斯毗列、比革瓦伊、尼宏、巴拿回来的。
Wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana. Israelfo dodow a wofi nnommum mu bae no ni:
8 以色列人民的数目记在下面:巴录的子孙二千一百七十二名;
Abusuafo dodow ni: Paros asefo 2,172
9 示法提雅的子孙三百七十二名;
Sefatia asefo 372
10 亚拉的子孙六百五十二名;
Arah asefo 652
11 巴哈·摩押的后裔,就是耶书亚和约押的子孙二千八百一十八名;
Pahat-Moab (Yesua ne Yoab) asefo 2,818
12 以拦的子孙一千二百五十四名;
Elam asefo 1,254
13 萨土的子孙八百四十五名;
Satu asefo 845
14 萨改的子孙七百六十名;
Sakai asefo 760
15 宾内的子孙六百四十八名;
Binui asefo 648
16 比拜的子孙六百二十八名;
Bebai asefo 628
17 押甲的子孙二千三百二十二名;
Asgad asefo 2,322
18 亚多尼干的子孙六百六十七名;
Adonikam asefo 667
19 比革瓦伊的子孙二千零六十七名;
Bigwai asefo 2,067
20 亚丁的子孙六百五十五名;
Adin asefo 655
21 亚特的后裔,就是希西家的子孙九十八名;
Ater (Hesekia) asefo 98
22 哈顺的子孙三百二十八名;
Hasum asefo 328
23 比赛的子孙三百二十四名;
Besai asefo 324
24 哈拉的子孙一百一十二名;
Harif asefo 112
25 基遍人九十五名;
Gibeon asefo 95
26 伯利恒人和尼陀法人共一百八十八名;
Mmarima dodow a wofi Betlehem ne Netofa 188
27 亚拿突人一百二十八名;
Anatot 128
28 伯·亚斯玛弗人四十二名;
Bet-Asmawet 42
29 基列·耶琳人、基非拉人、比录人共七百四十三名;
Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot 743
30 拉玛人和迦巴人共六百二十一名;
Rama ne Geba 621
31 默玛人一百二十二名;
Mikmas 122
32 伯特利人和艾人共一百二十三名;
Bet-El ne Ai 123
33 别的尼波人五十二名;
Nebo 52
34 别的以拦子孙一千二百五十四名;
Elam 1,254
35 哈琳的子孙三百二十名;
Harim 320
36 耶利哥人三百四十五名;
Yeriko 345
37 罗德人、哈第人、阿挪人共七百二十一名;
Lod, Hadid ne Ono 721
38 西拿人三千九百三十名。
Senaa 3,930
39 祭司:耶书亚家,耶大雅的子孙九百七十三名;
Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae: Yedaia asefo (Yesua fifo mu no) 973
40 音麦的子孙一千零五十二名;
Imer asefo 1,052
41 巴施户珥的子孙一千二百四十七名;
Pashur asefo 1,247
42 哈琳的子孙一千零一十七名。
Harim asefo 1,017
43 利未人:何达威的后裔,就是耶书亚和甲篾的子孙七十四名。
Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: Yesua (Kadmiel ne Hodewa fifo) asefo 74
44 歌唱的:亚萨的子孙一百四十八名。
Nnwontofo: Asaf asefo 148
45 守门的:沙龙的子孙、亚特的子孙、达们的子孙、亚谷的子孙、哈底大的子孙、朔拜的子孙,共一百三十八名。
Asɔredan Aponanohwɛfo: Salum, Ater, Talmon asefo, Akub, Hatita ne Sobai asefo 138
46 尼提宁:西哈的子孙、哈苏巴的子孙、答巴俄的子孙、
Asɔredan mu asomfo: Siha, Hasufa, Tabaot asefo,
47 基绿的子孙、西亚的子孙、巴顿的子孙、
Keros, Siaha, Padon asefo,
48 利巴拿的子孙、哈迦巴的子孙、萨买的子孙、
Lebana, Hagaba, Salmai asefo,
49 哈难的子孙、吉德的子孙、迦哈的子孙、
Hanan, Gidel, Gahar asefo,
50 利亚雅的子孙、利汛的子孙、尼哥大的子孙、
Reaia, Resin, Nekoda asefo,
51 迦散的子孙、乌撒的子孙、巴西亚的子孙、
Gasam, Usa, Paseah asefo,
52 比赛的子孙、米乌宁的子孙、尼普心的子孙、
Besai, Meunim, Nefusim asefo,
53 巴卜的子孙、哈古巴的子孙、哈忽的子孙、
Bakbuk, Hakufa, Harhur asefo,
54 巴洗律的子孙、米希大的子孙、哈沙的子孙、
Baslit, Mehida, Harsa asefo
55 巴柯的子孙、西西拉的子孙、答玛的子孙、
Barkos, Sisera, Tema asefo
56 尼细亚的子孙、哈提法的子孙。
Nesia ne Hatifa asefo,
57 所罗门仆人的后裔,就是琐太的子孙、琐斐列的子孙、比路大的子孙、
Ɔhene Salomo asefo asomfo a wofi nnommum mu bae no ni: Sotai, Soferet, Perida asefo,
58 雅拉的子孙、达昆的子孙、吉德的子孙、
Yaala, Darkon, Gidel asefo,
59 示法提雅的子孙、哈替的子孙、玻黑列·哈斯巴音的子孙、亚们的子孙。
Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Amon asefo,
60 尼提宁和所罗门仆人的后裔共三百九十二名。
Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no nyinaa, na wɔn dodow yɛ 392
61 从特米拉、特哈萨、基绿、亚顿、音麦上来的,不能指明他们的宗族谱系是以色列人不是;
Kuw foforo bi a saa bere yi wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer san baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yiye sɛ, wɔn anaa wɔn asefo no ase fi Israel:
62 他们是第莱雅的子孙、多比雅的子孙、尼哥大的子孙,共六百四十二名。
Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua no ka saa kuw yi ho, na wɔn dodow yɛ 642
63 祭司中,哈巴雅的子孙、哈哥斯的子孙、巴西莱的子孙;因为他们的先祖娶了基列人巴西莱的女儿为妻,所以起名叫巴西莱。
Asɔfo baasa a wɔn din de Habaia, Hakos ne Barsilai a wɔyɛ mmusua abiɛsa no nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ofi Gilead mmabea no baako ama wafa ɔbea no abusuadin.)
64 这三家的人在族谱之中寻查自己的谱系,却寻不着,因此算为不洁,不准供祭司的职任。
Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo.
65 省长对他们说:“不可吃至圣的物,直到有用乌陵和土明决疑的祭司兴起来。”
Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.
66 会众共有四万二千三百六十名。
Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia,
67 此外,还有他们的仆婢七千三百三十七名,又有歌唱的男女二百四十五名。
a ɛno akyi, asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason ne nnwontofo mmarima ne mmea ahannu aduanan anum ka ho.
68 他们有马七百三十六匹,骡子二百四十五匹,
Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa asia, funumpɔnkɔ ahannu ne aduanan anum.
69 骆驼四百三十五只,驴六千七百二十匹。
Yoma ahannan ne aduasa anum ne mfurum mpem asia ahanson ne aduonu kaa wɔn ho.
70 有些族长为工程捐助。省长捐入库中的金子一千达利克,碗五十个,祭司的礼服五百三十件。
Abusua no bi ntuanofo maa dwumadi no ho akyɛde. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem, sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonum ne asɔfotade ahannum ne aduasa.
71 又有族长捐入工程库的金子二万达利克,银子二千二百弥拿。
Ntuanofo no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu, na ebinom nso maa dwetɛ nsania pɔn mpem abien ne ahanson aduonum de boaa adwuma no.
72 其余百姓所捐的金子二万达利克,银子二千弥拿,祭司的礼服六十七件。
Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu ne dwetɛ bɛyɛ pɔn mpenu ne ahannum ne asɔfotade aduosia ason.
73 于是祭司、利未人、守门的、歌唱的、民中的一些人、尼提宁,并以色列众人,各住在自己的城里。
Enti asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne nnipa no bi, ne Israelfo a wɔaka nyinaa bɔɔ atenase wɔ wɔn ankasa nkurow so. Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfo akokɔ wɔn nkurow so no,

< 尼希米记 7 >