< 民数记 3 >

1 耶和华在西奈山晓谕摩西的日子,亚伦和摩西的后代如下:
Ɛberɛ a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔ so no.
2 亚伦的儿子,长子名叫拿答,还有亚比户、以利亚撒、以他玛。
Na yeinom ne Aaron ne Mose abusua. Aaron mmammarima edin na ɛdidi soɔ yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasa ne Itamar.
3 这是亚伦儿子的名字,都是受膏的祭司,是摩西叫他们承接圣职供祭司职分的。
Yeinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ asɔfoɔ.
4 拿答、亚比户在西奈的旷野向耶和华献凡火的时候就死在耶和华面前了。他们也没有儿子。以利亚撒、以他玛在他们的父亲亚伦面前供祭司的职分。
Nadab ne Abihu deɛ, wɔwuwuu wɔ Awurade anim ɛberɛ a wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ ogya a ɛmfata so wɔ Sinai ɛserɛ so. Na wɔnni mma enti, Eleasa ne Itamar nko ara na wɔsomm sɛ asɔfoɔ, ɛberɛ a wɔn agya Aaron te ase.
5 耶和华晓谕摩西说:
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ:
6 “你使利未支派近前来,站在祭司亚伦面前好服事他,
“Frɛ Lewifoɔ no, na fa wɔn ma ɔsɔfoɔ Aaron sɛ nʼaboafoɔ.
7 替他和会众在会幕前守所吩咐的,办理帐幕的事。
Wɔbɛyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ama ɔsɔfoɔ Aaron ne nnipa no nyinaa.
8 又要看守会幕的器具,并守所吩咐以色列人的,办理帐幕的事。
Afei, wɔbɛhwɛ nneɛma a wɔde siesie Ahyiaeɛ Ntomadan mu no so, de asi Israelfoɔ no no anan mu ayɛ asodie a wɔyɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.
9 你要将利未人给亚伦和他的儿子,因为他们是从以色列人中选出来给他的。
Fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mmammarima; wɔn ne Israelfoɔ a wɔde wɔn bɛma no korakora.
10 你要嘱咐亚伦和他的儿子谨守自己祭司的职任。近前来的外人必被治死。”
Ma Aaron ne ne mmammarima no nsom sɛ asɔfoɔ; onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛne kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.”
11 耶和华晓谕摩西说:
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
12 “我从以色列人中拣选了利未人,代替以色列人一切头生的;利未人要归我。
“Mayi Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ no mu de wɔn asi Israel babaa biara abakan a ɔyɛ ɔbarima anan mu. Lewifoɔ no yɛ me dea,
13 因为凡头生的是我的;我在埃及地击杀一切头生的那日就把以色列中一切头生的,连人带牲畜都分别为圣归我;他们定要属我。我是耶和华。”
ɛfiri sɛ abakan biara wɔ me. Ɛberɛ a mekunkum mmakan wɔ Misraim no, megyaa Israel mmakan, sɛ wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade.”
14 耶和华在西奈的旷野晓谕摩西说:
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai ɛserɛ so sɛ,
15 “你要照利未人的宗族、家室数点他们。凡一个月以外的男子都要数点。”
“Kan Lewifoɔ no wɔ wɔn mmusua ne afie mu. Kan ɔbarima biara firi deɛ wadi bosome baako so.”
16 于是摩西照耶和华所吩咐的数点他们。
Enti Mose kanee wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.
17 利未众子的名字是革顺、哥辖、米拉利。
Yeinom ne Lewi mmammarima: Gerson, Kohat ne Merari.
18 革顺的儿子,按着家室,是立尼、示每。
Gerson asefoɔ nie: Libni ne Simei.
19 哥辖的儿子,按着家室,是暗兰、以斯哈、希伯伦、乌薛。
Kohat asefoɔ: Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.
20 米拉利的儿子,按着家室,是抹利、母示。这些按着宗族是利未人的家室。
Merari asefoɔ: Mahli ne Musi. Yeinom ne Lewifoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn afie teɛ.
21 属革顺的,有立尼族、示每族。这是革顺的二族。
Gerson asefoɔ no na wɔyɛ mmusua a wɔfiri Libni ne Simei ase.
22 其中被数、从一个月以外所有的男子共有七千五百名。
Na Gersonfoɔ mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa a wɔfiri Gerson mmusua mu no dodoɔ yɛ mpem ahanson ne ahanum.
23 这革顺的二族要在帐幕后西边安营。
Wɔn atenaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no akyi wɔ atɔeɛ fam.
24 拉伊勒的儿子以利雅萨作革顺人宗族的首领。
Na Gersonfoɔ no ntuanoni ne Lael babarima Eliasaf.
25 革顺的子孙在会幕中所要看守的,就是帐幕和罩棚,并罩棚的盖与会幕的门帘,
Saa mmusuakuo mmienu yi na na wɔhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ne nkataho no ne ɛkwan nsɛnanotam no so.
26 院子的帷子和门帘(院子是围帐幕和坛的),并一切使用的绳子。
Afei, na wɔhwɛ adihɔ nsɛnanotam a ɛtwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho ne afɔrebukyia ne adihɔ nsɛnanotam, nhoma ne ɛhɔ nneɛma a wɔde di dwuma ahodoɔ no nyinaa so.
27 属哥辖的,有暗兰族、以斯哈族、希伯伦族、乌薛族。这是哥辖的诸族。
Kohat asefoɔ yɛ mmusua a wɔfiri Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ase.
28 按所有男子的数目,从一个月以外看守圣所的,共有八千六百名。
Na Kehat mmusua no mu mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe ne ahansia. Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea mu hɔ so.
29 哥辖儿子的诸族要在帐幕的南边安营。
Wɔmaa wɔn atenaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anafoɔ fam.
30 乌薛的儿子以利撒反作哥辖宗族家室的首领。
Na Kohatfoɔ ntuanoni no ne Usiel babarima Elisafan.
31 他们所要看守的是约柜、桌子、灯台、两座坛与圣所内使用的器皿,并帘子和一切使用之物。
Saa mmusua ɛnan yi na na wɔhwɛ apam adaka, ɛpono, kaneadua, afɔrebukyia hodoɔ, ne deɛ ɛkeka ho a na wɔde di dwuma wɔ kronkronbea hɔ, mfimfini ntwamutam ne nneɛma a wɔde di dwuma ahodoɔ wɔ hɔ nyinaa no so.
32 祭司亚伦的儿子以利亚撒作利未人众首领的领袖,要监察那些看守圣所的人。
Aaron babarima ɔsɔfoɔ Eleasa no na na ɔyɛ ɔpanin wɔ Lewifoɔ no nyinaa so. Ɔyɛɛ no panin wɔ asɔfoɔ a wɔhwɛ kronkronbea no so.
33 属米拉利的,有抹利族、母示族。这是米拉利的二族。
Na Merari asefoɔ no yɛ mmusua a wɔfiri Mahli ne Musi ase.
34 他们被数的,按所有男子的数目,从一个月以外的,共有六千二百名。
Merarifoɔ mmusua no mu na mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa dodoɔ yɛ mpem nsia ne ahanu.
35 亚比亥的儿子苏列作米拉利二宗族的首领。他们要在帐幕的北边安营。
Merari abusua no ntuanoni ne Abihail babarima Suriel, na wɔtenaa Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam.
36 米拉利子孙的职分是看守帐幕的板、闩、柱子、带卯的座,和帐幕一切所使用的器具,
Dwumadie a wɔde hyɛɛ saa mmusuakuo mmienu yi nsa ne sɛ, wɔbɛhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no nnyinasoɔ so. Afei, wɔbɛhwɛ mmeamu nnua, mpunan, nsisisoɔ ne ɛho nneɛma a wɔde di dwuma nyinaa.
37 院子四围的柱子、带卯的座、橛子,和绳子。
Afei, mpunan a ɛwɔ adihɔ hɔ nyinaa ne ne nsisisoɔ, mpɛɛwa, ne ntampehoma nyinaa, wɔbɛhwɛ so.
38 在帐幕前东边,向日出之地安营的是摩西、亚伦,和亚伦的儿子。他们看守圣所,替以色列人守耶和华所吩咐的。近前来的外人必被治死。
Ahyiaeɛ Ntomadan no apueeɛ fam, deɛ owia pue firi no, wɔgya maa Mose ne Aaron ne ne mmammarima sɛ wɔnsisi wɔn ntomadan wɔ hɔ. Saa nnipa yi na na wɔsi Israelfoɔ no anan mu di Ahyiaeɛ Ntomadan no ho dwuma nyinaa. Onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, wɔbɛkum no.
39 凡被数的利未人,就是摩西、亚伦照耶和华吩咐所数的,按着家室,从一个月以外的男子,共有二万二千名。
Lewifoɔ a Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ a ɔbarima biara a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa ka ho no dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu.
40 耶和华对摩西说:“你要从以色列人中数点一个月以外、凡头生的男子,把他们的名字记下。
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kan Israelfoɔ mmakan a wɔyɛ mmarima na wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa no, na twerɛ wɔn edin.
41 我是耶和华。你要拣选利未人归我,代替以色列人所有头生的,也取利未人的牲畜代替以色列所有头生的牲畜。”
Lewifoɔ no bɛyɛ me dea. Ma wɔnsi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan mu, na Lewifoɔ nyɛmmoa mmakan nsi Israelfoɔ nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade.”
42 摩西就照耶和华所吩咐的把以色列人头生的都数点了。
Enti Mose kanee Israelfoɔ mmakan nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.
43 按人名的数目,从一个月以外、凡头生的男子,共有二万二千二百七十三名。
Mmammarima mmakan a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa no a ɔtwerɛɛ wɔn edin no ano si mpem aduonu mmienu ahanu ne aduɔson mmiɛnsa.
44 耶和华晓谕摩西说:
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
45 “你拣选利未人代替以色列人所有头生的,也取利未人的牲畜代替以色列人的牲畜。利未人要归我;我是耶和华。
“Ma Lewifoɔ nsi Israelfoɔ mmakan ananmu. Na Lewifoɔ nyɛmmoa mmakan nso nsi Israelfoɔ nyɛmmoa mmakan ananmu. Lewifoɔ yɛ me dea. Mene Awurade.
46 以色列人中头生的男子比利未人多二百七十三个,必当将他们赎出来。
Ansa na mobɛgye Israelfoɔ mmakan ahanu aduɔson mmiɛnsa no a wɔboro Lewifoɔ no dodoɔ so no,
47 你要按人丁,照圣所的平,每人取赎银五舍客勒(一舍客勒是二十季拉),
momma wɔntua tiadeɛ, sɛdeɛ hyiadan mu nnwetɛbena teɛ, a emu duru yɛ gram aduonum nson.
48 把那多余之人的赎银交给亚伦和他的儿子。”
Fa tiadeɛ sika no ma Aaron ne ne mma.”
49 于是摩西从那被利未人所赎以外的人取了赎银。
Enti Mose gyegyee Israelfoɔ ahanu aduɔson mmiɛnsa a na wɔboro Lewifoɔ no dodoɔ so no tiadeɛ.
50 从以色列人头生的所取之银,按圣所的平,有一千三百六十五舍客勒。
Sika a wɔgyegyeeɛ no nyinaa ano sii dwetɛ kilogram dunum ne fa.
51 摩西照耶和华的话把这赎银给亚伦和他的儿子,正如耶和华所吩咐的。
Na Mose de maa Aaron ne ne mmammarima sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.

< 民数记 3 >