< 民数记 1 >

1 以色列人出埃及地后,第二年二月初一日,耶和华在西奈的旷野、会幕中晓谕摩西说:
Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ Sinai nweatam so. Eyi sii wɔ mfe abien a Israelfo fii Misraim no akyi, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan. Ɔkae se:
2 “你要按以色列全会众的家室、宗族、人名的数目计算所有的男丁。
“Gyina Israelfo no mmusuakuw ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Kyerɛw ɔbarima biara din.
3 凡以色列中,从二十岁以外,能出去打仗的,你和亚伦要照他们的军队数点。
Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfe aduonu no ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa.
4 每支派中必有一人作本支派的族长,帮助你们。
Ɔbarima a ofi abusuakuw biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɛsɛ sɛ ɔboa mo.
5 他们的名字:属吕便的,有示丢珥的儿子以利蓿;
“Mmarima a wɔbɛboa mo no din ni: “Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur;
6 属西缅的,有苏利沙代的儿子示路蔑;
Simeon abusuakuw no ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel;
7 属犹大的,有亚米拿达的儿子拿顺;
Yuda abusuakuw no ntuanoni ne Aminadab babarima Nahson;
8 属以萨迦的,有苏押的儿子拿坦业;
Isakar abusuakuw no ntuanoni ne Suar babarima Netanel;
9 属西布伦的,有希伦的儿子以利押;
Sebulon abusuakuw no ntuanoni ne Helon babarima Eliab;
10 约瑟子孙、属以法莲的,有亚米忽的儿子以利沙玛;属玛拿西的,有比大蓿的儿子迦玛列;
Yosef mmabarima no: Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Amihud babarima Elisama; Manase abusuakuw no ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel;
11 属便雅悯的,有基多尼的儿子亚比但;
Benyamin abusuakuw ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan;
12 属但的,有亚米沙代的儿子亚希以谢;
Dan abusuakuw ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser;
13 属亚设的,有俄兰的儿子帕结;
Aser abusuakuw ntuanoni ne Okran babarima Pagiel;
14 属迦得的,有丢珥的儿子以利雅萨;
Gad abusuakuw ntuanoni ne Deguel babarima Eliasaf;
15 属拿弗他利的,有以南的儿子亚希拉。
Naftali abusuakuw ntuanoni ne Enan babarima Ahira.”
16 这都是从会中选召的,各作本支派的首领,都是以色列军中的统领。”
Eyinom ne mmarima a woyii wɔn fii nnipa no mu, a wɔyɛ wɔn agyanom mmusua no ntuanofo.
17 于是,摩西、亚伦带着这些按名指定的人,
Mose ne Aaron faa saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi,
18 当二月初一日招聚全会众。会众就照他们的家室、宗族、人名的数目,从二十岁以外的,都述说自己的家谱。
na da a edi kan wɔ ɔsram a ɛto so abien no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfo no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuw ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn anato na wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa no din mmaako mmaako,
19 耶和华怎样吩咐摩西,他就怎样在西奈的旷野数点他们。
sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai sare so.
20 以色列的长子,吕便子孙的后代,照着家室、宗族、人名的数目,从二十岁以外,凡能出去打仗、被数的男丁,共有四万六千五百名。
Ruben a ɔyɛ Israel abakan asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te.
Nnipa dodow a wofi Ruben abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan asia ne ahannum.
22 西缅子孙的后代,照着家室、宗族、人名的数目,从二十岁以外,凡能出去打仗、被数的男丁,共有五万九千三百名。
Simeon asefo: Mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te.
Nnipa dodow a wofi Simeon abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum akron ne ahaasa.
24 迦得子孙的后代,照着家室、宗族、人名的数目,从二十岁以外,凡能出去打仗、被数的,共有四万五千六百五十名。
Gad asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
Nnipa dodow a wofi Gad abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan anum ahansia ne aduonum.
26 犹大子孙的后代,照着家室、宗族、人名的数目,从二十岁以外,凡能出去打仗、被数的,共有七万四千六百名。
Yuda asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
Nnipa dodow a wofi Yuda abusuakuw no mu no yɛ mpem aduɔson anan ne ahansia.
28 以萨迦子孙的后代,照着家室、宗族、人名的数目,从二十岁以外,凡能出去打仗、被数的,共有五万四千四百名。
Isakar asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
Nnipa dodow a wofi Isakar abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum anan ne ahannan.
30 西布伦子孙的后代,照着家室、宗族、人名的数目,从二十岁以外,凡能出去打仗、被数的,共有五万七千四百名。
Sebulon asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
Nnipa dodow a wofi Sebulon abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum ason ne ahannan.
32 约瑟子孙属以法莲子孙的后代,照着家室、宗族、人名的数目,从二十岁以外,凡能出去打仗、被数的,共有四万零五百名。
Yosef mmabarima no: Efraim asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
Nnipa dodow a wofi Efraim abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan ne ahannum.
34 玛拿西子孙的后代,照着家室、宗族、人名的数目,从二十岁以外,凡能出去打仗、被数的,共有三万二千二百名。
Manase asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
Nnipa dodow a wofi Manase abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa abien ne ahannu.
36 便雅悯子孙的后代,照着家室、宗族、人名的数目,从二十岁以外,凡能出去打仗、被数的,共有三万五千四百名。
Benyamin asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
Nnipa dodow a wofi Benyamin abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa anum ne ahannan.
38 但子孙的后代,照着家室、宗族、人名的数目,从二十岁以外,凡能出去打仗、被数的,共有六万二千七百名。
Dan asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
Nnipa dodow a wofi Dan abusuakuw no mu no yɛ mpem aduosia abien ne ahanson.
40 亚设子孙的后代,照着家室、宗族、人名的数目,从二十岁以外,凡能出去打仗、被数的,共有四万一千五百名。
Aser asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
Nnipa dodow a wofi Aser abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan baako ne ahannum.
42 拿弗他利子孙的后代,照着家室、宗族、人名的数目,从二十岁以外,凡能出去打仗、被数的,共有五万三千四百名。
Naftali asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.
Nnipa dodow a wofi Naftali abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan.
44 这些就是被数点的,是摩西、亚伦,和以色列中十二个首领所数点的;这十二个人各作各宗族的代表。
Eyinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuw dumien no ntuanofo kan wɔn.
45 这样,凡以色列人中被数的,照着宗族,从二十岁以外,能出去打仗、被数的,共有六十万零三千五百五十名。
Israelfo a na wɔadi mfe aduonu anaa nea ɛboro saa no a wobetumi adɔm Israel asraafodɔm no nso, wogyinaa wɔn mmusua so kan wɔn.
Na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ahansia ne abiɛsa ne ahannum aduonum.
47 利未人却没有按着支派数在其中,
Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuw no de, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho.
48 因为耶和华晓谕摩西说:
Na Awurade aka akyerɛ Mose se,
49 “惟独利未支派你不可数点,也不可在以色列人中计算他们的总数。
“Nkan Lewifo abusuakuw no, na mfa wɔn nka Israelfo a wɔaka no ho.
50 只要派利未人管法柜的帐幕和其中的器具,并属乎帐幕的;他们要抬帐幕和其中的器具,并要办理帐幕的事,在帐幕的四围安营。
Fa Ahyiae Ntamadan no ho dwumadi hyɛ Lewifo no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne nea ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne mu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho.
51 帐幕将往前行的时候,利未人要拆卸;将支搭的时候,利未人要竖起。近前来的外人必被治死。
Bere biara a ɛsɛ sɛ wotu Ahyiae Ntamadan no, Lewifo no na ɛsɛ sɛ wotutu, na baabiara a wɔde besi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforo biara a ɔbɛbɛn ho no, wobekum no.
52 以色列人支搭帐棚,要照他们的军队,各归本营,各归本纛。
Israel abusuakuw biara benya ne tenabea ne ne frankaa.
53 但利未人要在法柜帐幕的四围安营,免得忿怒临到以色列会众;利未人并要谨守法柜的帐幕。”
Lewifo no besisi wɔn ntamadan atwa Ahyiae Ntamadan no ho ahyia, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuwhyew remma Israelfo no so. Lewifo no na wɔbɛhwɛ Ahyiae Ntamadan no so.”
54 以色列人就这样行。凡耶和华所吩咐摩西的,他们就照样行了。
Israelfo no yɛɛ eyinom nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

< 民数记 1 >