< 箴言 17 >

1 设筵满屋,大家相争, 不如有块干饼,大家相安。
Aduane mmɔwe a asomdwoeɛ wɔ ho yɛ sene efie a apontoɔ ahyɛ no ma a nso basabasayɛ wɔ mu.
2 仆人办事聪明,必管辖贻羞之子, 又在众子中同分产业。
Ɔsomfoɔ nyansafoɔ bɛdi ɔba nimguasefoɔ so, na ɔbɛnya ne kyɛfa wɔ agyapadeɛ no mu sɛ anuanom no mu baako.
3 鼎为炼银,炉为炼金; 惟有耶和华熬炼人心。
Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ nanso Awurade na ɔsɔ akoma hwɛ.
4 行恶的,留心听奸诈之言; 说谎的,侧耳听邪恶之语。
Omumuyɛfoɔ tie nsusuiɛ bɔne; ɔtorofoɔ yɛ aso ma adwen bɔne tɛkrɛma.
5 戏笑穷人的,是辱没造他的主; 幸灾乐祸的,必不免受罚。
Deɛ ɔdi ahiafoɔ ho fɛ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa; na deɛ ɔfoa amanehunu soɔ no bɛnya asotwe.
6 子孙为老人的冠冕; 父亲是儿女的荣耀。
Mmanananom yɛ mmasiriwa animuonyam, na awofoɔ yɛ wɔn mma ahohoahoa.
7 愚顽人说美言本不相宜, 何况君王说谎话呢?
Anokrokro nyɛ mma ɔkwasea, saa ara na ano a ɛdi torɔ mfata ɔhene.
8 贿赂在馈送的人眼中看为宝玉, 随处运动都得顺利。
Kɛtɛasehyɛ daadaa deɛ ɔma; ɔgye sɛ ɛbɛma no nkonim.
9 遮掩人过的,寻求人爱; 屡次挑错的,离间密友。
Deɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ so no ma ɔdɔ ɛkwan, na deɛ ɔbɔ soɔ no tete nnamfonom ntam.
10 一句责备话深入聪明人的心, 强如责打愚昧人一百下。
Nkaanim sɔ onipa a ɔwɔ nhunumu ani sene mmaa ɔha a wɔbɔ ɔkwasea.
11 恶人只寻背叛, 所以必有严厉的使者奉差攻击他。
Onipa bɔnefoɔ ani wɔ atuateɛ nko ara so na wɔbɛsoma odwumayɛfoɔ tirimuɔdenfoɔ akɔ ne so.
12 宁可遇见丢崽子的母熊, 不可遇见正行愚妄的愚昧人。
Ɛyɛ sɛ wobɛhyia sisire a wɔawia ne mma sene ɔkwasea a ɔregyimie.
13 以恶报善的, 祸患必不离他的家。
Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a, bɔne rempa ne fie da.
14 纷争的起头如水放开, 所以,在争闹之先必当止息争竞。
Ntɔkwa ahyɛaseɛ te sɛ deɛ wɔretue suka; enti gyae ma ɛnka na ankɔfa ɔham amma.
15 定恶人为义的,定义人为恶的, 这都为耶和华所憎恶。
Sɛ wɔbɛgyaa deɛ ɔdi fɔ ne sɛ wɔbɛbu deɛ ɔdi bem kumfɔ no, Awurade kyiri ne mmienu.
16 愚昧人既无聪明, 为何手拿价银买智慧呢?
Sika a ɛwɔ ɔkwasea nsam ho nni mfasoɔ, ɛfiri sɛ ɔnni botaeɛ biara sɛ ɔbɛhunu nyansa.
17 朋友乃时常亲爱, 弟兄为患难而生。
Adamfo kyerɛ ɔdɔ ɛberɛ nyinaa mu, wɔwo onua barima ma ahokyere berɛ.
18 在邻舍面前击掌作保 乃是无知的人。
Obi a ɔnni adwene no na ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu nam so de si awowa ma ne yɔnko.
19 喜爱争竞的,是喜爱过犯; 高立家门的,乃自取败坏。
Deɛ ɔpɛ ntɔkwa no dɔ bɔne; deɛ ɔsi ɛpono tentene no frɛfrɛ ɔsɛeɛ.
20 心存邪僻的,寻不着好处; 舌弄是非的,陷在祸患中。
Onipa a ɔwɔ akoma kontonkyi no nnya nkɔsoɔ; deɛ ne tɛkrɛma daadaa no tɔ amaneɛ mu.
21 生愚昧子的,必自愁苦; 愚顽人的父毫无喜乐。
Deɛ ɔwo ɔba kwasea no di awerɛhoɔ; ɔba kwasea agya nni anigyeɛ.
22 喜乐的心乃是良药; 忧伤的灵使骨枯干。
Akoma mu anigyeɛ yɛ aduro ɛsa yadeɛ, nanso honhom a apɛkyɛ no wewe nnompe.
23 恶人暗中受贿赂, 为要颠倒判断。
Omumuyɛfoɔ gye adanmudeɛ wɔ esum ase de kyea atɛntenenee.
24 明哲人眼前有智慧; 愚昧人眼望地极。
Onipa a ɔwɔ nhunumu no ani kɔ nyansa so, na ɔkwasea toto nʼani kɔsi asase ano.
25 愚昧子使父亲愁烦, 使母亲忧苦。
Ɔba kwasea hyɛ nʼagya awerɛhoɔ, na ɔma deɛ ɔnyinsɛnee no no di yea.
26 刑罚义人为不善; 责打君子为不义。
Ɛnyɛ sɛ wɔtwe deɛ ɔdi bem aso, anaasɛ wɔtwa adwumayɛfoɔ mmaa wɔ wɔn nokorɛdie enti.
27 寡少言语的,有知识; 性情温良的,有聪明。
Ɔnimdefoɔ dwene nʼanom kasa ho, na deɛ ɔwɔ nhunumu no wɔ abodwoɔ.
28 愚昧人若静默不言也可算为智慧; 闭口不说也可算为聪明。
Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wɔbu no sɛ ɔnyansafoɔ, na sɛ ɔmua nʼano a wɔbu no sɛ ɔwɔ nhunumu.

< 箴言 17 >