< 箴言 23 >

1 你若与官长坐席, 要留意在你面前的是谁。
Sɛ wo ne ɔhene bi to nsa didi a, hwɛ deɛ ɛsi wʼanim no yie,
2 你若是贪食的, 就当拿刀放在喉咙上。
Sɛ woyɛ adidibrada a, hyɛ wo ho so.
3 不可贪恋他的美食, 因为是哄人的食物。
Nni nʼaduane akɔnnɔ akɔnnɔ no akyi, ɛfiri sɛ saa aduane no daadaa nnipa.
4 不要劳碌求富, 休仗自己的聪明。
Mmiri wo mogya ani mpɛ sika; hunu nyansa na to wo bo ase.
5 你岂要定睛在虚无的钱财上吗? 因钱财必长翅膀,如鹰向天飞去。
Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera, ampa ara ɛbɛfu ntaban na atu akɔ ewiem sɛ ɔkɔdeɛ.
6 不要吃恶眼人的饭, 也不要贪他的美味;
Nni obi a ɔyɛ pɛpɛɛ aduane nni nʼakɔnnɔ aduane akyi;
7 因为他心怎样思量, 他为人就是怎样。 他虽对你说,请吃,请喝, 他的心却与你相背。
ɛfiri sɛ ɔyɛ obi a ɛberɛ biara ɔdwene sika ho. Ɔka sɛ, “Didi na nom,” nanso ɛnyɛ nʼakoma mu.
8 你所吃的那点食物必吐出来; 你所说的甘美言语也必落空。
Kakra a woadi no wobɛfe na ɛno enti wo nkamfo ho remma mfasoɔ.
9 你不要说话给愚昧人听, 因他必藐视你智慧的言语。
Nkasa nkyerɛ ɔkwasea, ɛfiri sɛ ɔremfa nyansa a ɛwɔ wo kasa mu no.
10 不可挪移古时的地界, 也不可侵入孤儿的田地;
Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ ngu, na ntra hyeɛ nkɔ nwisiaa mfuo mu,
11 因他们的救赎主大有能力, 他必向你为他们辨屈。
ɛfiri sɛ, wɔn Gyefoɔ yɛ den, na ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn.
12 你要留心领受训诲, 侧耳听从知识的言语。
Ma wʼakoma mmra nkyerɛkyerɛ so na wɛn wʼaso tie nimdeɛ.
13 不可不管教孩童; 你用杖打他,他必不至于死。
Ntwentwɛne abɔfra ntenesoɔ so; sɛ wode abaa tene no a, ɔrenwu.
14 你要用杖打他, 就可以救他的灵魂免下阴间。 (Sheol h7585)
Fa abaa twe nʼaso na gye ne kra firi owuo mu. (Sheol h7585)
15 我儿,你心若存智慧, 我的心也甚欢喜。
Me ba, sɛ wʼakoma hunu nyansa a, ɛnneɛ mʼakoma ani bɛgye;
16 你的嘴若说正直话, 我的心肠也必快乐。
sɛ wʼano ka deɛ ɛtene a me mu adeɛ nyinaa ani bɛgye.
17 你心中不要嫉妒罪人, 只要终日敬畏耶和华;
Mma wʼani mmerɛ abɔnefoɔ, mmom bɔ Awurade suro ho mmɔden ɛberɛ biara.
18 因为至终必有善报, 你的指望也不致断绝。
Ampa ara anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye, na wʼanidasoɔ renyɛ ɔkwa.
19 我儿,你当听,当存智慧, 好在正道上引导你的心。
Me ba, tie, na hunu nyansa, ma wʼakoma mfa ɛkwan tenenee so.
20 好饮酒的,好吃肉的, 不要与他们来往;
Mfa wo ho mmɔ akɔwensafoɔ anaasɛ wɔn a wɔpɛ ɛnam mmorosoɔ,
21 因为好酒贪食的,必致贫穷; 好睡觉的,必穿破烂衣服。
ɛfiri sɛ, akɔwensafoɔ ne adidibradafoɔ bɛyɛ ahiafoɔ, na anikum fira wɔn ntomago.
22 你要听从生你的父亲; 你母亲老了,也不可藐视她。
Tie wʼagya a ɔwoo woɔ no, na sɛ wo maame bɔ aberewa a, mmu no animtia.
23 你当买真理; 就是智慧、训诲,和聪明也都不可卖。
Tɔ nokorɛ na ntɔn da; nya nyansa, ahohyɛsoɔ ne nhunumu.
24 义人的父亲必大得快乐; 人生智慧的儿子,必因他欢喜。
Ɔteneneeni agya wɔ anigyeɛ bebree; deɛ ɔwɔ ɔba nyansafoɔ no anigye ne ho.
25 你要使父母欢喜, 使生你的快乐。
Ma wʼagya ne wo maame ani nnye; ma ɔbaa a ɔwoo woɔ no nnya ahosɛpɛ.
26 我儿,要将你的心归我; 你的眼目也要喜悦我的道路。
Me ba, fa wʼakoma ma me na ma wʼani nkɔ mʼakwan ho,
27 妓女是深坑; 外女是窄阱。
na odwamanfoɔ yɛ amena donkudonku ɔyere sansani yɛ ɔdaadaafoɔ.
28 她埋伏好像强盗; 她使人中多有奸诈的。
Ɔtɛ, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafoɔ na ɔma mmarima mu atorofoɔ dɔɔso.
29 谁有祸患?谁有忧愁? 谁有争斗?谁有哀叹? 谁无故受伤?谁眼目红赤?
Hwan na wɔadome no? Hwan na ɔdi awerɛhoɔ? Hwan na ɔdi apereapereɛ? Hwan na ɔnwiinwii? Hwan na wapirapira hunaa? Hwan na mogya ada nʼani so?
30 就是那流连饮酒、 常去寻找调和酒的人。
Wɔn a wɔkyɛre nsã ho, na wɔka nsã a wɔafrafra hwɛ.
31 酒发红,在杯中闪烁, 你不可观看, 虽然下咽舒畅, 终久是咬你如蛇,刺你如毒蛇。
Nhwɛ nsã ani kɔkɔɔ no haa, ɛberɛ a ɛretwa yerɛ yerɛ wɔ kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no.
Awieeɛ no ɛka te sɛ ɔwɔ na ɛwɔ borɔ te sɛ ahurutoa.
33 你眼必看见异怪的事; 你心必发出乖谬的话。
Wʼani bɛhunu nneɛma a wonhunuu da, na woadwene nneɛma basabasa ho.
34 你必像躺在海中, 或像卧在桅杆上。
Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a, ɔkura ɛhyɛn dua a, ɛrehinhim mu den, na ɛdenkye denkye wɔ ɛpo so.
35 你必说:人打我,我却未受伤; 人鞭打我,我竟不觉得。 我几时清醒,我仍去寻酒。
Na wobɛka sɛ, “Wɔbɔ me, nanso mempira. Wɔboro me, nanso mente ɔyea biara. Ɛberɛ bɛn na menyane akɔpɛ nsã anom bio?”

< 箴言 23 >