< 箴言 6 >

1 我儿,你若为朋友作保, 替外人击掌,
Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi, sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi,
2 你就被口中的话语缠住, 被嘴里的言语捉住。
sɛ deɛ wokaeɛ ayi ka ama wo na sɛ wʼano asɛm afidie ayi wo a,
3 我儿,你既落在朋友手中, 就当这样行才可救自己: 你要自卑,去恳求你的朋友。
ɛnneɛ yɛ yei, me ba, na fa tete wo ho, sɛ ɔyɔnko nsa aka woɔ no nti: fa ahobrɛaseɛ kɔ nʼanim; na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw!
4 不要容你的眼睛睡觉; 不要容你的眼皮打盹。
Mma wʼani nkum na nntɔ nko.
5 要救自己,如鹿脱离猎户的手, 如鸟脱离捕鸟人的手。
Gye wo ho, sɛdeɛ ɔforoteɛ dwane firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam anaa sɛdeɛ anomaa dwane firi fidisumfoɔ afidie mu.
6 懒惰人哪, 你去察看蚂蚁的动作就可得智慧。
Ɔkwadwofoɔ, kɔ atɛtea nkyɛn; hwɛ nʼakwan, na hunu nyansa!
7 蚂蚁没有元帅, 没有官长,没有君王,
Ɔnni ɔsahene, ɔnni ɔhwɛfoɔ anaa sodifoɔ bi,
8 尚且在夏天预备食物, 在收割时聚敛粮食。
nanso, ɔde aduane sie wɔ ahuhuro ɛberɛ mu ɔboaboa nnuane ano wɔ twaberɛ.
9 懒惰人哪,你要睡到几时呢? 你何时睡醒呢?
Wo, ɔkwadwofoɔ, wobɛda akɔsi da bɛn? Wɔbɛnyane ɛberɛ bɛn?
10 再睡片时,打盹片时, 抱着手躺卧片时,
Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a woabobɔ de rehome kakra,
11 你的贫穷就必如强盗速来, 你的缺乏仿佛拿兵器的人来到。
ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ na ahokyere ato ahyɛ wo so sɛ deɛ ɔkura tuo.
12 无赖的恶徒, 行动就用乖僻的口,
Onipa teta ne ohuhuni a ɔde atorɔ kyini,
13 用眼传神, 用脚示意, 用指点划,
deɛ ɔbu nʼani, na ɔde ne nan yɛ nsɛnkyerɛnneɛ na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ,
14 心中乖僻, 常设恶谋, 布散纷争。
deɛ ɔde nʼakoma mu nnaadaa bɔ ɛpɔ bɔne, na ɔde mpaapaemu ba ɛberɛ biara.
15 所以,灾难必忽然临到他身; 他必顷刻败坏,无法可治。
Ɛno enti amanehunu bɛba ne so prɛko pɛ; wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduro.
16 耶和华所恨恶的有六样, 连他心所憎恶的共有七样:
Nneɛma nsia na Awurade mpɛ, nneɛma nson na ɛyɛ nʼakyiwadeɛ:
17 就是高傲的眼, 撒谎的舌, 流无辜人血的手,
ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkrɛma, nsa a ɛka mogya a ɛdi bem guo,
18 图谋恶计的心, 飞跑行恶的脚,
akoma a ɛdwene amumuyɛ ho, nan a ɛtutu mmirika kɔyɛ bɔne,
19 吐谎言的假见证, 并弟兄中布散纷争的人。
Ɔdansekurumni a ɔdi atorɔ ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu.
20 我儿,要谨守你父亲的诫命; 不可离弃你母亲的法则,
Me ba, tie wʼagya ahyɛdeɛ na nnyaa wo maame nkyerɛkyerɛ mu.
21 要常系在你心上, 挂在你项上。
Fa kyekyere wʼakoma ho daa; na fa kyekyere wɔ kɔn mu.
22 你行走,它必引导你; 你躺卧,它必保守你; 你睡醒,它必与你谈论。
Wonante a, ɛbɛkyerɛ wo ɛkwan; sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo; sɛ wonyane a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.
23 因为诫命是灯,法则是光, 训诲的责备是生命的道,
Na saa ahyɛdeɛ yi yɛ kanea; saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann, na ahohyɛsoɔ ntenesoɔ yi yɛ nkwa kwan,
24 能保你远离恶妇, 远离外女谄媚的舌头。
ɛtwe wo firi ɔbaa a ɔnni suban pa no ho, firi ɔbaawarefoɔ sansani tɛkrɛmadɛ ho.
25 你心中不要恋慕她的美色, 也不要被她眼皮勾引。
Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ mma nʼani akyideda no ntwetwe wo,
26 因为,妓女能使人只剩一块饼; 淫妇猎取人宝贵的生命。
ɛfiri sɛ, odwamanfoɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wo, na obi yere gyegye wo kɔ owuo mu.
27 人若怀里搋火, 衣服岂能不烧呢?
Obi bɛtumi asɔ ogya agu ne srɛ so a ɛnhye nʼatadeɛ anaa?
28 人若在火炭上走, 脚岂能不烫呢?
Obi bɛtumi anante gyasramma so a mpumpunnya mmobɔ ne nan ho anaa?
29 亲近邻舍之妻的,也是如此; 凡挨近她的,不免受罚。
Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere da no teɛ obiara a ɔde ne nsa bɛka noɔ no remfa ne ho nni da.
30 贼因饥饿偷窃充饥, 人不藐视他,
Nnipa mmu ɔkorɔmfoɔ a wakɔwia adeɛ animtiaa sɛ ɛkɔm de no na ɔde rekɔdwodwo ano enti.
31 若被找着,他必赔还七倍, 必将家中所有的尽都偿还。
Mmom sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ ɔtua ka mmɔho nson; sɛ ɛhia sɛ wɔtɔn ne fie agyapadeɛ nyinaa mpo a, ɛsɛ sɛ wɔtɔn.
32 与妇人行淫的,便是无知; 行这事的,必丧掉生命。
Ɔbarima a ɔsɛe awadeɛ no nni adwene; obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.
33 他必受伤损,必被凌辱; 他的羞耻不得涂抹。
Ɔboro ne animguaseɛ na ɔbɛnya, na nʼahohora rempepa da.
34 因为人的嫉恨成了烈怒, 报仇的时候决不留情。
Ninkunutweɛ hwanyane okunu abufuo na sɛ ɔtɔ were a, ahummɔborɔ biara nni mu.
35 什么赎价,他都不顾; 你虽送许多礼物,他也不肯干休。
Ɔrennye mpata biara; na ɔbɛpo adanmudeɛ, sɛ ɛso sɛ ɛdeɛn mpo a.

< 箴言 6 >