< 诗篇 112 >

1 你们要赞美耶和华! 敬畏耶和华,甚喜爱他命令的, 这人便为有福!
Monkamfo Awurade. Nhyira nka onipa a ɔsuro Awurade na ɔnya nʼahyɛdeɛ mu anigyeɛ pii.
2 他的后裔在世必强盛; 正直人的后代必要蒙福。
Ne mma bɛyɛ atumfoɔ wɔ asase no so; teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ bɛnya nhyira.
3 他家中有货物,有钱财; 他的公义存到永远。
Ahonya ne sika wɔ ne fie, na ne tenenee tena hɔ daa.
4 正直人在黑暗中,有光向他发现; 他有恩惠,有怜悯,有公义。
Esum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔtene, ma ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ.
5 施恩与人、借贷与人的,这人事情顺利; 他被审判的时候要诉明自己的冤。
Yiedie bɛba deɛ ne tirim yɛ mmrɛ na ɔde fɛm kwa. Yiedie bɛba deɛ ɔde atɛntenenee yɛ ne nneɛma so.
6 他永不动摇; 义人被记念,直到永远。
Ampa ara, ɔrenhinhim da biara da; wɔbɛkae onipa tenenee daa.
7 他必不怕凶恶的信息; 他心坚定,倚靠耶和华。
Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu; nʼakoma atim wɔ Awurade mu ahotosoɔ mu.
8 他心确定,总不惧怕, 直到他看见敌人遭报。
Nʼakoma wɔ banbɔ, na ɔnsuro; awieeɛ no, ɔde nkonimdie bɛhyia nʼatamfoɔ.
9 他施舍钱财,周济贫穷; 他的仁义存到永远。 他的角必被高举,大有荣耀。
Ɔto nʼakyɛdeɛ pete aman so ma ahiafoɔ, ne tenenee wɔ hɔ daa; wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn animuonyam.
10 恶人看见便恼恨,必咬牙而消化; 恶人的心愿要归灭绝。
Omumuyɛfoɔ bɛhunu ama ayɛ no yea, ɔbɛtwere ne se na wafɔn; omumuyɛfoɔ tirimpɔ bɛyɛ kwa.

< 诗篇 112 >