< 诗篇 140 >

1 大卫的诗,交与伶长。 耶和华啊,求你拯救我脱离凶恶的人, 保护我脱离强暴的人!
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Awurade, gye me fi nnebɔneyɛfo nsam; bɔ me ho ban fi basabasayɛfo nsam,
2 他们心中图谋奸恶, 常常聚集要争战。
wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn koma mu na wɔhwanyan ɔko mu da biara.
3 他们使舌头尖利如蛇, 嘴里有虺蛇的毒气。 (细拉)
Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔwɔ de; nhurutoa bɔre wɔ wɔn ano.
4 耶和华啊,求你拯救我脱离恶人的手, 保护我脱离强暴的人! 他们图谋推我跌倒。
Awurade, yi me fi amumɔyɛfo nsam; bɔ me ho ban fi basabasayɛfo a wodwen sɛ wobetwintwan mʼanan mu no ho.
5 骄傲人为我暗设网罗和绳索; 他们在路旁铺下网,设下圈套。 (细拉)
Ahantanfo asum me afiri; wɔatrɛtrɛw wɔn asau ahama mu wɔasunsum me mfiri wɔ me kwan so.
6 我曾对耶和华说:你是我的 神。 耶和华啊,求你留心听我恳求的声音!
Awurade, meka kyerɛ wo se, “Wone me Nyankopɔn.” Awurade, tie me mmɔborɔsu.
7 主—耶和华、我救恩的力量啊, 在争战的日子,你遮蔽了我的头。
Otumfo Awurade, me gyefo hoɔdenfo, wokata me ti so wɔ ɔko da,
8 耶和华啊,求你不要遂恶人的心愿; 不要成就他们的计谋,恐怕他们自高。 (细拉)
nyɛ amumɔyɛfo abisade mma wɔn, Awurade; mma wɔn nhyehyɛe nnyɛ yiye.
9 至于那些昂首围困我的人, 愿他们嘴唇的奸恶陷害自己!
Wɔatwa me ho ahyia, nanso, ma amumɔyɛsɛm a efi wɔn anom no nsɛe wɔn.
10 愿火炭落在他们身上! 愿他们被丢在火中, 抛在深坑里,不能再起来。
Ma nnyansramma ngu wɔn so; ma wɔntow wɔn ngu ogya mu, ngu dontori amoa mu a wɔrensɔre bio.
11 说恶言的人在地上必坚立不住; 祸患必猎取强暴的人,将他打倒。
Mma dinsɛefo ase ntim asase no so; ma amanehunu ntaataa kitikitiyɛfo.
12 我知道耶和华必为困苦人伸冤, 必为穷乏人辨屈。
Minim sɛ Awurade bu ahiafo atɛntrenee na odi onnibi asɛm ma no.
13 义人必要称赞你的名; 正直人必住在你面前。
Ampa ara, atreneefo bɛkamfo wo din na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.

< 诗篇 140 >