< 诗篇 2 >

1 外邦为什么争闹? 万民为什么谋算虚妄的事?
Adɛn nti na amanaman no hyehyɛ bɔne ho na nnipa no bɔ pɔw hunu yi?
2 世上的君王一齐起来, 臣宰一同商议, 要敌挡耶和华并他的受膏者,
Asase so ahemfo sɔre gyina na sodifo ka wɔn ho bɔ mu tia Awurade ne Nea Wɔasra no no.
3 说:我们要挣开他们的捆绑, 脱去他们的绳索。
Wɔka se, “Momma yemmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn na yɛntow wɔn mpokyerɛ ngu.”
4 那坐在天上的必发笑; 主必嗤笑他们。
Nea ɔte agua so wɔ ɔsoro no serew; Awurade di wɔn ho fɛw.
5 那时,他要在怒中责备他们, 在烈怒中惊吓他们,
Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuw mu, hunahuna wɔn wɔ nʼabufuwhyew mu, ka se,
6 说:我已经立我的君 在锡安—我的圣山上了。
“Masi me Hene wɔ Sion, me bepɔw kronkron no so.”
7 受膏者说:我要传圣旨。 耶和华曾对我说:你是我的儿子, 我今日生你。
Mɛpae mu aka Awurade ahyɛde: Ɔka kyerɛɛ me se, “Woyɛ me Ba; nnɛ mayɛ wʼAgya.
8 你求我,我就将列国赐你为基业, 将地极赐你为田产。
Bisa me, na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapade, asase ano nyinaa bɛyɛ wo de.
9 你必用铁杖打破他们; 你必将他们如同窑匠的瓦器摔碎。
Wode dade ahempema bedi wɔn so; na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.”
10 现在,你们君王应当省悟! 你们世上的审判官该受管教!
Enti mo ahemfo, munsua nyansa; monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifo.
11 当存畏惧事奉耶和华, 又当存战兢而快乐。
Momfa osuro nsom Awurade na monsɛpɛw mo ho ahopopo mu.
12 当以嘴亲子,恐怕他发怒, 你们便在道中灭亡, 因为他的怒气快要发作。 凡投靠他的,都是有福的。
Mumfew Ɔba no ano, na ne bo amfuw na mo akwan de mo bɛkɔ ɔsɛe mu, efisɛ nʼabufuwhyew tumi sɔre mpofirim. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.

< 诗篇 2 >