< 诗篇 42 >

1 可拉后裔的训诲诗,交与伶长。 神啊,我的心切慕你, 如鹿切慕溪水。
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Kora mma “maskil” dwom. Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwansuwa no, saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, Ao Onyankopɔn.
2 我的心渴想 神,就是永生 神; 我几时得朝见 神呢?
Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefoɔ no. Da bɛn na mɛtumi akɔhyia Onyankopɔn?
3 我昼夜以眼泪当饮食; 人不住地对我说:你的 神在哪里呢?
Me nisuo ayɛ mʼaduane awia ne anadwo, na da mu nyinaa nnipa bisa me sɛ: “Wo Onyankopɔn wɔ he?”
4 我从前与众人同往, 用欢呼称赞的声音 领他们到 神的殿里,大家守节。 我追想这些事, 我的心极其悲伤。
Saa nneɛma yi na mekae ɛberɛ a mereka mʼakoma mu nsɛm; sɛdeɛ na medi asafokuo anim, na yɛde anigyeɛ nteateam ne aseda nnwom nante yuu bom kɔ Onyankopɔn fie wɔ afahyɛ da.
5 我的心哪,你为何忧闷? 为何在我里面烦躁? 应当仰望 神,因他笑脸帮助我; 我还要称赞他。
Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.
6 我的 神啊,我的心在我里面忧闷, 所以我从约旦地, 从黑门岭,从米萨山记念你。
Me kra aboto wɔ me mu enti mɛkae wo firi Yordan asase so, Hermon mmepɔ so, firi Bepɔ Misar so.
7 你的瀑布发声,深渊就与深渊响应; 你的波浪洪涛漫过我身。
Ebunu kɔ ebunu mu wɔ wo nsuo a ɛworo guo no nnyegyeeɛ mu; wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.
8 白昼,耶和华必向我施慈爱; 黑夜,我要歌颂祷告赐我生命的 神。
Adekyeɛ mu Awurade kyerɛ nʼadɔeɛ; adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn. Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa.
9 我要对 神—我的磐石说: 你为何忘记我呢? 我为何因仇敌的欺压时常哀痛呢?
Mebisa Onyankopɔn me Botan sɛ, “Adɛn enti na wo werɛ afiri me? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo, mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?”
10 我的敌人辱骂我, 好像打碎我的骨头, 不住地对我说: 你的 神在哪里呢?
Me nnompe te yea sɛ ɔdasani. Mʼahohiahiafoɔ ateeteeɛ enti, daa nyinaa wɔbisa me sɛ, “Wo Onyankopɔn wɔ he?”
11 我的心哪,你为何忧闷? 为何在我里面烦躁? 应当仰望 神,因我还要称赞他。 他是我脸上的光荣,是我的 神。
Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.

< 诗篇 42 >