< 诗篇 7 >

1 大卫指着便雅悯人古实的话,向耶和华唱的流离歌。 耶和华—我的 神啊,我投靠你! 求你救我脱离一切追赶我的人,将我救拔出来!
Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm nti ɔto maa Awurade. Awurade me Nyankopɔn, miguan toa wo; Gye me fi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam,
2 恐怕他们像狮子撕裂我, 甚至撕碎,无人搭救。
anyɛ saa a wɔbɛtetew me mu sɛ gyata na wɔatetew me mu asinasin a obiara rentumi nnye me.
3 耶和华—我的 神啊,我若行了这事, 若有罪孽在我手里,
Awurade me Nyankopɔn, sɛ mayɛ eyi na sɛ afɔdi aba me so a,
4 我若以恶报那与我交好的人— 连那无故与我为敌的,我也救了他,
sɛ mayɛ bɔne atia nea ɔne me te yiye, anaasɛ mabɔ me tamfo korɔn kwa a,
5 就任凭仇敌追赶我,直到追上, 将我的性命踏在地下, 使我的荣耀归于灰尘。 (细拉)
ɛno de ma mʼatamfo ntaa me na wɔmmɛto me; ma wontiatia me so wɔ fam, na wɔmma me funu nna mfutuma mu.
6 耶和华啊,求你在怒中起来, 挺身而立,抵挡我敌人的暴怒! 求你为我兴起!你已经命定施行审判!
Sɔre wɔ wʼabufuw mu, Awurade! Sɔre tia mʼatamfo abufuw. Nyan, me Nyankopɔn; hyɛ atɛntrenee mmara.
7 愿众民的会环绕你! 愿你从其上归于高位!
Ma nnipadɔm mmetwa wo ho nhyia. Fi ɔsoro hɔ di wɔn so;
8 耶和华向众民施行审判; 耶和华啊,求你按我的公义和我心中的纯正判断我。
ma Awurade mmu nnipa no atɛn. Bu me atɛn, Awurade sɛnea me trenee te, sɛnea me nokwaredi te, Ao, Ɔsorosoroni.
9 愿恶人的恶断绝! 愿你坚立义人! 因为公义的 神察验人的心肠肺腑。
Onyankopɔn treneeni, wo a wohwehwɛ adwene ne koma mu, fa amumɔyɛfo basabasayɛ bra awiei na ma atreneefo nnya bammɔ.
10 神是我的盾牌; 他拯救心里正直的人。
Me nkatabo ne Ɔsorosoro Nyankopɔn nea ogye koma mu treneeni no.
11 神是公义的审判者, 又是天天向恶人发怒的 神。
Onyankopɔn yɛ otemmufo treneeni, Onyame a ɔda nʼabufuwhyew adi da biara.
12 若有人不回头,他的刀必磨快, 弓必上弦,预备妥当了。
Sɛ wansesa nʼadwene a, ɔbɛsew nʼafoa ano; obekuntun ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu.
13 他也预备了杀人的器械; 他所射的是火箭。
Wasiesie nʼakode a ɛyɛ hu; ayɛ ne bɛmma a ɛredɛw no krado.
14 试看恶人因奸恶而劬劳, 所怀的是毒害,所生的是虚假。
Nea onyinsɛn amumɔyɛ na basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa.
15 他掘了坑,又挖深了, 竟掉在自己所挖的阱里。
Nea otu tokuru, na oyi mu dɔte no hwe tokuru a watu no mu.
16 他的毒害必临到他自己的头上; 他的强暴必落到他自己的脑袋上。
Ɔhaw a ɔde ba no dan bɔ nʼankasa so; ne basabasayɛ bɔ nʼankasa ti so.
17 我要照着耶和华的公义称谢他, 歌颂耶和华至高者的名。
Mede aseda bɛma Awurade, ne trenee nti, na mato ayeyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ.

< 诗篇 7 >