< 雅歌 3 >

1 我夜间躺卧在床上, 寻找我心所爱的; 我寻找他,却寻不见。
Anadwo mu nyinaa, wɔ me mpa so mehwehwɛɛ nea me koma da no so; mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.
2 我说:我要起来,游行城中, 在街市上,在宽阔处, 寻找我心所爱的。 我寻找他,却寻不见。
Mɛsɔre afei na makokyinkyin kuropɔn no mu, ne mmɔnten so ne gua so; na mahwehwɛ nea me koma da no so. Enti mehwehwɛɛ no nanso manhu no.
3 城中巡逻看守的人遇见我; 我问他们:你们看见我心所爱的没有?
Awɛmfo no huu me bere a wɔrebɔ aprɔw wɔ kuropɔn no mu. “Moahu nea me koma da no so no ana?”
4 我刚离开他们就遇见我心所爱的。 我拉住他,不容他走, 领他入我母家, 到怀我者的内室。
Mereyɛ atwa wɔn ho pɛ na mihuu nea me koma da no so no. Misoo ne nsa sɛ meremma no nkɔ kosii sɛ mede no baa me na fi, de no kɔɔ nea onyinsɛnee me no dan mu.
5 耶路撒冷的众女子啊, 我指着羚羊或田野的母鹿嘱咐你们: 不要惊动、不要叫醒我所亲爱的, 等他自己情愿。
Yerusalem mmabea, mede atwewa ne wuram ɔforote hyɛ mo sɛ Monnkanyan na munnyan ɔdɔ kosi bere a ɛsɛ mu.
6 那从旷野上来、形状如烟柱、 以没药和乳香并商人各样香粉薰的是谁呢?
Hena na ofi sare so reba te sɛ wusiw kumɔnn a efi kurobow, aduhuam ne aguadifo pɛprɛ ahorow mu, atutu ne ho yi?
7 看哪,是所罗门的轿; 四围有六十个勇士, 都是以色列中的勇士;
Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a akofo aduosia bɔ no kyidɔm; ade a ɛwɔ anuonyam pa ara wɔ Israel,
8 手都持刀,善于争战, 腰间佩刀,防备夜间有惊慌。
Wɔn nyinaa bobɔ afoa, wɔn nyinaa wɔ akodi ho nyansa. Wɔn afoa bobɔ wɔn nkyɛn mu, na obiara asiesie ne ho ama nea ebesi anadwo a ɛyɛ hu biara.
9 所罗门王用黎巴嫩木 为自己制造一乘华轿。
Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho; ɔde Lebanon nnua na ɛyɛe.
10 轿柱是用银做的, 轿底是用金做的; 坐垫是紫色的, 其中所铺的乃耶路撒冷众女子的爱情。
Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum, ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinaso. Wɔde biridum ntama na eduraa mu nkongua ho; mu asiesie yɛ ahomeka na Yerusalem mmabea na wɔyɛe.
11 锡安的众女子啊, 你们出去观看所罗门王! 头戴冠冕,就是在他婚筵的日子、 心中喜乐的时候,他母亲给他戴上的。
Mumfi adi, mo Sion mmabea, mommɛhwɛ ɔhene Salomo sɛ ɔhyɛ ahenkyɛw nea ne na de hyɛɛ no nʼayeforohyia da no, da a odii ahurusi wɔ ne koma mu no.

< 雅歌 3 >