< 撒迦利亚书 7 >

1 大流士王第四年九月,就是基斯流月初四日,耶和华的话临到撒迦利亚。
Ɔhene Dario adedie mfeɛ ɛnan so no, Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn ɔbosome a ɛtɔ so nkron a wɔfrɛ no Kislew no ɛda ɛtɔ so ɛnan no mu.
2 那时伯特利人已经打发沙利色和利坚米勒,并跟从他们的人,去恳求耶和华的恩,
Na Bet-Elfoɔ asoma Sareser ne Regem-Melek ne wɔn mmarima sɛ wɔnkɔsrɛ Awurade.
3 并问万军之耶和华殿中的祭司和先知说:“我历年以来,在五月间哭泣斋戒,现在还当这样行吗?”
Wɔmfa asɔfoɔ a wɔwɔ Asafo Awurade fie ne adiyifoɔ so mmisa sɛ, “Menkɔ so ntwa adwo, nni abuada wɔ ɔbosome a ɛtɔ so enum no mu, sɛdeɛ mayɛ no mfeɛ bebree a atwam no anaa?”
4 万军之耶和华的话就临到我说:
Afei Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
5 “你要宣告国内的众民和祭司,说:‘你们这七十年,在五月、七月禁食悲哀,岂是丝毫向我禁食吗?
“Bisa asase no so nnipa nyinaa ne asɔfoɔ no sɛ, ‘Mfeɛ aduɔson a atwam no, sɛ modi abuada na motwa adwo wɔ abosome enum ne nsom mu a, na ɛyɛ ampa sɛ me enti na modi abuada no anaa?
6 你们吃喝,不是为自己吃,为自己喝吗?
Ɛberɛ a modidi na monom no, na ɛnyɛ mo ara na moyɛ de gye mo ani anaa?
7 当耶路撒冷和四围的城邑有居民,正兴盛,南地高原有人居住的时候,耶和华借从前的先知所宣告的话,你们不当听吗?’”
Ɛnyɛ saa nsɛm yi ara na Awurade faa kane adiyifoɔ so paee mu kaaeɛ, wɔ ɛberɛ a Yerusalem ne nkuro a atwa ne ho ahyia no wɔ asomdwoeɛ ne mpontuo no, ɛberɛ a na nnipa akɔtena Negeb ne atɔeɛ fam nkokoɔ no so anaa?’”
8 耶和华的话又临到撒迦利亚说:
Na Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn bio:
9 “万军之耶和华曾对你们的列祖如此说:‘要按至理判断,各人以慈爱怜悯弟兄。
“Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ, ‘Mommu atɛn a ɛyɛ nokorɛ na monnya ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ mma mo ho mo ho.
10 不可欺压寡妇、孤儿、寄居的,和贫穷人。谁都不可心里谋害弟兄。’”
Monnhyɛ akunafoɔ, nwisiaa, ahɔhoɔ ne ahiafoɔ so. Monnnwene bɔne mo akoma mu mma mo ho mo ho.’
11 他们却不肯听从,扭转肩头,塞耳不听,
“Nanso wɔanntie; wɔde asobrakyeɛ danee wɔn akyi na wɔsisii wɔn aso.
12 使心硬如金钢石,不听律法和万军之耶和华用灵借从前的先知所说的话。故此,万军之耶和华大发烈怒。
Wɔyɛɛ wɔn akoma den sɛ twerɛboɔ, na wɔantie mmara anaa nsɛm a Asafo Awurade nam ne Honhom so de somaa kane adiyifoɔ no. Ɛno enti, Asafo Awurade bo fuu yie.
13 万军之耶和华说:“我曾呼唤他们,他们不听;将来他们呼求我,我也不听!
“‘Mefrɛeɛ no, wɔannye me so, enti wɔfrɛ a merennye wɔn so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
14 我必以旋风吹散他们到素不认识的万国中。这样,他们的地就荒凉,甚至无人来往经过,因为他们使美好之地荒凉了。”
‘Mede ntwahoframa bɔɔ wɔn petee aman nyinaa so ma wɔkɔyɛɛ ahɔhoɔ wɔ hɔ. Asase a wogyaaɛ no daa mpan a obiara ntwa mu wɔ hɔ. Sei na wɔyɛ maa asase fɛfɛɛfɛ no sɛeɛ.’”

< 撒迦利亚书 7 >