< 撒母耳記上 28 >

1 那時,非利士人聚集軍旅,要與以色列人打仗。亞吉對大衛說:「你當知道,你和跟隨你的人都要隨我出戰。」
Saa ɛberɛ no mu, Filistifoɔ no boaboaa wɔn akodɔm ano sɛ wɔrebɛko atia Israel. Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Merehwɛ kwan sɛ, wo ne wo mmarima bɛka me ho akɔ ɔko no.”
2 大衛對亞吉說:「僕人所能做的事,王必知道。」亞吉對大衛說:「這樣,我立你永遠作我的護衛長。」
Dawid penee so sɛ, “Ɛyɛ pa ara, woankasa bɛhunu deɛ yɛbɛtumi ayɛ.” Akis kaa sɛ, “Mɛyɛ wo me hobanbɔfoɔ afebɔɔ.”
3 那時撒母耳已經死了,以色列眾人為他哀哭,葬他在拉瑪,就是在他本城裏。掃羅曾在國內不容有交鬼的和行巫術的人。
Saa ɛberɛ yi na Samuel awu, ama Israel nyinaa atwa agyaadwoɔ. Wɔsiee no wɔ ɔno ara ne kurom Rama. Saa ɛberɛ no, na Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ afiri asase no so.
4 非利士人聚集,來到書念安營;掃羅聚集以色列眾人在基利波安營。
Filistifoɔ no boaa wɔn ho ano, kyeree sraban wɔ Sunem. Ɛnna Saulo nso boaboaa Israelfoɔ no nyinaa ano, kyeree sraban wɔ Gilboa.
5 掃羅看見非利士的軍旅就懼怕,心中發顫。
Ɛberɛ a Saulo hunuu Filistifoɔ akodɔm dodoɔ no, ɔsuroeɛ, maa ehu bɛhyɛɛ nʼakoma ma.
6 掃羅求問耶和華,耶和華卻不藉夢,或烏陵,或先知回答他。
Ɔbisaa Awurade deɛ ɔnyɛ nanso Awurade ammua no, wɔ adaeɛsoɔ anaa ntontobɔ kronkron anaa adiyifoɔ so.
7 掃羅吩咐臣僕說:「當為我找一個交鬼的婦人,我好去問她。」臣僕說:「在隱‧多珥有一個交鬼的婦人。」
Saulo ka kyerɛɛ nʼafotufoɔ sɛ, “Monhwehwɛ ɔbaa samanfrɛfoɔ bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa.” Nʼafotufoɔ no buaa sɛ, “Ɔbaa samanfrɛfoɔ bi wɔ Endor.”
8 於是掃羅改了裝,穿上別的衣服,帶着兩個人,夜裏去見那婦人。掃羅說:「求你用交鬼的法術,將我所告訴你的死人,為我招上來。」
Enti, Saulo sesaa ne ho, hyɛɛ ntadeɛ afoforɔ nsakyeramu bi a ɛnyɛ ɔhene afadeɛ, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn anadwo. Saulo kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wobɛtumi afrɛ ne sunsum ama me anaa?”
9 婦人對他說:「你知道掃羅從國中剪除交鬼的和行巫術的。你為何陷害我的性命,使我死呢?」
Ɔbaa no bisaa sɛ, “Wopɛ sɛ wɔkum me anaa? Wonim sɛ Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ nyinaa afiri asase yi so. Adɛn enti na wosum me afidie?”
10 掃羅向婦人指着耶和華起誓說:「我指着永生的耶和華起誓,你必不因這事受刑。」
Saulo de Awurade din kaa no ntam sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, wɔrentwe wʼaso wɔ yei ho da.”
11 婦人說:「我為你招誰上來呢?」回答說:「為我招撒母耳上來。」
Afei, ɔbaa no bisaa sɛ, “Hwan na memfrɛ no mma wo?” Ɔbuaa sɛ, “Frɛ Samuel ma me.”
12 婦人看見撒母耳,就大聲呼叫,對掃羅說:「你是掃羅,為甚麼欺哄我呢?」
Na ɔbaa no hunuu Samuel no, ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “woadaadaa me! Wone Saulo!”
13 王對婦人說:「不要懼怕,你看見了甚麼呢?」婦人對掃羅說:「我看見有神從地裏上來。」
Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro. Ɛdeɛbɛn na wohunu?” Ɔbaa no buaa sɛ, “Mehunu honhom bi sɛ apue afiri fam reba.”
14 掃羅說:「他是怎樣的形狀?」婦人說:「有一個老人上來,身穿長衣。」掃羅知道是撒母耳,就屈身,臉伏於地下拜。
Saulo bisaa sɛ, “Ɔte sɛn?” Ɔbuaa sɛ, “Akɔkoraa bi a ɔhyɛ batakari, na ɔreba.” Ɛhɔ na Saulo hunuu sɛ ɛyɛ Samuel enti, ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim butuu fam.
15 撒母耳對掃羅說:「你為甚麼攪擾我,招我上來呢?」掃羅回答說:「我甚窘急;因為非利士人攻擊我,上帝也離開我,不再藉先知或夢回答我。因此請你上來,好指示我應當怎樣行。」
Samuel bisaa sɛ, “Adɛn enti na wofrɛ me de ha me saa?” Saulo buaa sɛ, “Ɛfiri sɛ, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ amene me. Filistifoɔ de ɔko atentam yɛn. Na Onyankopɔn nso agya me. Mente ne nka wɔ adiyifoɔ nkyɛn anaa daeɛso mu. Enti, mafrɛ wo sɛ kyerɛ me deɛ menyɛ.”
16 撒母耳說:「耶和華已經離開你,且與你為敵,你何必問我呢?
Na Samuel buaa sɛ, “Sɛ Awurade agya wo, abɛyɛ wo ɔtamfoɔ a, adɛn enti na worebisa me?
17 耶和華照他藉我說的話,已經從你手裏奪去國權,賜與別人,就是大衛。
Awurade ayɛ deɛ ɔkaa sɛ ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ. Wagye ahennie no afiri wo nsam de ama Dawid a ɔne wo resi akan.
18 因你沒有聽從耶和華的命令;他惱怒亞瑪力人,你沒有滅絕他們,所以今日耶和華向你這樣行,
Awurade ayɛ saa, ɛfiri sɛ, woanni ne mmara a ɛfa Amalekfoɔ ho no so.
19 並且耶和華必將你和以色列人交在非利士人的手裏。明日你和你眾子必與我在一處了;耶和華必將以色列的軍兵交在非利士人手裏。」
Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɔkyena, Awurade de wo ne Israel asraafodɔm nyinaa bɛma Filistifoɔ, na wo ne wo mma abɛka me ho wɔ ha. Awurade bɛma Israel akodɔm no nyinaa adi nkoguo.”
20 掃羅猛然仆倒,挺身在地,因撒母耳的話甚是懼怕;那一晝一夜,沒有吃甚麼,就毫無氣力。
Samuel nsɛm a Saulo teeɛ no enti, ehu kyekyeree no ma ɔhwee fam tim. Afei nso, na ɔnni ahoɔden biara, ɛfiri sɛ, na ɔnnidii da mu no ne anadwo mu no nyinaa.
21 婦人到掃羅面前,見他極其驚恐,對他說:「婢女聽從你的話,不顧惜自己的性命,遵從你所吩咐的。
Ɔbaa no hunuu adwenem haw a ɔwɔ mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, mede me nkwa too hɔ, yɛɛ wʼabisadeɛ.
22 現在求你聽婢女的話,容我在你面前擺上一點食物,你吃了,可以有氣力行路。」
Enti, yɛ deɛ mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no, na mama wo biribi adi sɛdeɛ ɛbɛma woanya ahoɔden, asane akɔ wʼakyi.”
23 掃羅不肯,說:「我不吃。」但他的僕人和婦人再三勸他,他才聽了他們的話,從地上起來,坐在床上。
Nanso, Saulo antie. Mmarima a wɔka ne ho no hyɛɛ no sɛ ɔnnidi. Enti, akyire yi, ɔpenee so sɔre firi fam hɔ, tenaa akonnwa so.
24 婦人急忙將家裏的一隻肥牛犢宰了,又拿麵摶成無酵餅烤了,
Na ɔbaa no ayɛn nantwie ba ama wadɔre sradeɛ enti, ɔyɛɛ ntɛm kɔkumm no, na ɔfɔɔ asikyiresiam, fɔtɔeɛ de too apiti.
25 擺在掃羅和他僕人面前。他們吃完,當夜就起身走了。
Ɔde aduane no bɛsii Saulo ne ne mmarima no anim, ma wɔdiiɛ. Na wɔfirii hɔ kɔɔ anadwo no.

< 撒母耳記上 28 >