< Ezekiel 34 >

1 HERRENs Ord kom til mig således:
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 Menneskesøn, profeter mod Israels Hyrder, profeter og sig til dem: Så siger den Herre HERREN: Ve Israels Hyrder, som røgtede sig selv! Skal Hyrderne ikke røgte Hjorden?
“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ: hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔhwɛ wɔn ankasa nko ara so. Ɛnsɛ sɛ nnwanhwɛfoɔ hwɛ nnwankuo no anaa?
3 I fortærede Mælken, med Ulden klædte I eder, de fede Dyr slagtede I, men Hjorden røgtede I ikke;
Monom nufosuo, mode mmoa no ho nwi fira mo ho na mokum mmoa a wɔadɔre nanso monhwɛ nnwankuo no.
4 de svage Dyr styrkede I ikke, de syge lægte I ikke, de sårede forbandt I ikke, de adsplittede bragte I ikke tilbage, de vildfarende opsøgte I ikke, men I styrede dem med Hårdhed og Grumhed.
Monhyɛɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛ no den, nsaa ayarefoɔ yadeɛ na monkyekyeree apirafoɔ akuro. Momfaa wɔn a wɔabɔ ko mmaeɛ na monhwehwɛɛ wɔn a wɔayera. Mode ɔhyɛ ne atirimuɔden na ahwɛ wɔn so.
5 Derfor spredtes de, eftersom der ingen Hyrde var, og blev til Æde for alle Markens vilde Dyr; ja, de spredtes.
Ɛno enti wɔbɔ hweteeɛ, ɛfiri sɛ wɔnni hwɛfoɔ, na wɔbɔ hweteeɛ no, wɔbɛyɛɛ hanam maa wiram mmoa nyinaa.
6 Min Hjord flakkede om på alle Bjerge og på hver en høj Banke, og over hele Jorden spredtes min Hjord, og ingen spurgte eller ledte efter dem.
Me nnwan kyinkyini mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa so. Wɔbɔɔ wɔn petee asase so baabiara, na obiara anhwehwɛ wɔn.
7 Derfor, I Hyrder, hør HERRENs Ord!
“‘Enti, mo nnwanhwɛfoɔ, montie Awurade asɛm:
8 Så sandtjeg lever, lyder det fra den Herre HERREN: Fordi min Hjord blev til Rov, fordi min Hjord blev til Æde for alle Markens vilde Dyr, eftersom der ingen Hyrde var, og Hyrderne ikke spurgte efter min Hjord, og fordi Hyrderne røgtede sig selv og ikke min Hjord,
Nokorɛm, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, ɛsiane sɛ me nnwankuo nni ɔhwɛfoɔ enti wɔawiawia wɔn na wɔayɛ hanam ama wiram mmoa, na ɛsiane sɛ nnwanhwɛfoɔ no anhwehwɛ me nnwan no na mmom wɔhwɛɛ wɔn ankasa ho na wɔtoo me nnwan no asaworam
9 derfor, I Hyrder, hør HERRENs Ord!
enti, nnwanhwɛfoɔ, montie Awurade asɛm:
10 Så siger den Herre HERREN: Se, jeg, kommer over Hyrderne og kræver min Hjord af deres Hånd, og jeg sætter dem fra at vogte min Hjord; Hyrderne skal ikke mere kunne røgte sig selv; jeg redder min Hjord af deres Gab, så den ikke skal tjene dem til Æde.
Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne nnwanhwɛfoɔ no anya na mɛma wɔabu me nnwankuo no ho akonta. Memma wɔnhwɛ nnwankuo no bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkum nnwan no nnwe; mɛgye me nnwankuo afiri wɔn anom na wɔrenyɛ wɔn aduane bio.
11 Thi så siger den Herre HERREN: Se, jeg vil selv spørge efter min Hjord og tage mig af den.
“‘Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ara mɛhwehwɛ me nnwan na mahwɛ wɔn so.
12 Som en Hyrde tager sig af sin Hjord på Stormvejrets Dag, således tager jeg mig af min Hjord og redder den fra de Steder, hvorhen de spredtes på Skyernes og Mulmets Dag;
Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan a wɔahwete ɛberɛ a ɔwɔ wɔn nkyɛn no, saa ara na mɛhwɛ me nnwan so. Mɛyi wɔn afiri mmea mmea a wɔhwete kɔeɛ wɔ omununkum ne esum ɛda no.
13 jeg fører dem bort fra Folkeslagene, samler dem fra Landene og bringer dem til deres Land, og jeg, røgter dem på Israels Bjerge, i Kløfterne og på alle Landets beboede Steder.
Mede wɔn bɛfiri amanaman so aba na maboaboa wɔn ano afiri nsase so na mede wɔn aba wɔn ankasa asase so. Mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔ so, subɔnhwa ne asase no so atenaeɛ nyinaa.
14 På gode Græsgange vil jeg vogte dem, og på Israels Bjerghøjder skal deres Græsmarker være; der skal de lejre sig på gode Græsmarker, og i fede Græsgange skal de græsse på Israels Bjerge.
Mehwɛ wɔn so wɔ adidibea papa, na Israel mmepɔ atentene so bɛyɛ wɔn adidibea. Ɛhɔ na wɔbɛdeda adidibea asase papa so, na ɛhɔ na wɔbɛwe ɛserɛ frɔmfrɔm wɔ Israel mmepɔ so.
15 Jeg vil selv røgte min Hjord og selv lade dem lejre sig, lyder det fra den Herre HERREN.
Me ara mɛhwɛ me nnwan na mama wɔadeda hɔ. Awurade asɛm nie.
16 De vildfarende Dyr vil jeg opsøge, de adsplittede vil jeg bringe tilbage, de sårede vil jeg forbinde de svage vil jeg styrke, og de fede og kraftige vil jeg vogte; jeg vil røgte dem, som det er ret.
Mɛhwehwɛ deɛ wayera na mede deɛ wabɔ ko asane aba. Mɛkyekyere deɛ wapira no akuro, na mahyɛ deɛ ɔyɛ mmerɛ no den, nanso deɛ wadɔre ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛsɛe wɔn. Mede tenenee bɛhwɛ nnwankuo no.
17 Og I, min Hjord! Så siger den Herre HERREN: Se, jeg vil skifte. Ret mellem Får og Får, mellem Vædre og Bukke.
“‘Na mo, me nnwankuo, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛbu odwan baako ne ɔfoforɔ ntam atɛn ne mpapo ne nnwennini ntam.
18 Er det eder ikke nok at græsse på den bedste Græsgang, siden I nedtramper, hvad der er levnet af eders Græsgange? Er det eder ikke nok at drikke det klare Vand, siden I med eders Fødder plumrer, hvad der er levnet?
Adidibea papa a modidi soɔ no, ɛyɛ ade ketewa ma mo anaa? Ɛsɛ sɛ mode mo nan tiatia mo adidibea a aka no nso so anaa? Ɛnsɔ mo ani sɛ monom nsuo a ani yɛ korɔgyenn anaa? Ɛsɛ sɛ mode mo nan hono nkaeɛ no anaa?
19 Min Hjord må græsse, hvad I har nedtrampet, og drikke, hvad I har plumret med eders Fødder!
Ɛsɛ sɛ me nnwankuo di deɛ moatiatia so na wɔnom deɛ mode mo nan ahono anaa?
20 Derfor, så siger den Herre HERREN: Se, jeg kommer for at skifte Ret mellem de fede og de magre Får.
“‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ wɔn: Monhwɛ, me ara mɛbu nnwan a wɔadɔre ne nnwan a wɔafonfɔn ntam atɛn.
21 Fordi I med Side og Skulder skubbede alle de svage Dyr bort og stangede dem med eders Horn, til I fik dem drevet ud,
Esiane sɛ, mode mo nkyɛnmu ne mmatire puapua nnwan a wɔnni ahoɔden na mode mo mmɛn pempem wɔn kɔsi sɛ mobɛpam wɔn akɔ akyirikyiri enti,
22 derfor vil jeg hjælpe min Hjord, så den ikke mere skal blive til Rov, og skifte Ret mellem Får og Får.
mɛgye me nnwankuo na wɔrenfom wɔn bio. Mɛbu odwan baako ne ɔfoforɔ ntam atɛn.
23 Jeg sætter een Hyrde over dem, min Tjener David, og han skal vogte dem; han skal vogte dem, og han skal være deres Hyrde.
Mɛma odwanhwɛfoɔ baako, me ɔsomfoɔ Dawid, ahwɛ wɔn so, na ɔbɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfoɔ.
24 Og jeg, HERREN, vil være deres Gud, og min Tjener David skal være Fyrste iblandt dem, så sandt jeg, HERREN, har talet.
Na me, Awurade, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na me ɔsomfoɔ Dawid ayɛ wɔn mu ɔberempɔn. Me Awurade na maka.
25 Jeg vil slutte en Fredspagt med dem og udrydde de vilde Dyr at Landet, så de trygt kan bo i Ørkenen og sove i Skovene.
“‘Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam na matɔre nkekaboa ase wɔ asase no so sɛdeɛ wɔbɛtumi atena ɛserɛ so na wɔadeda kwaeɛ mu asomdwoeɛ mu.
26 Og jeg gør dem og Landet rundt om min Høj til Velsignelse, og jeg sender Regn i rette Tid, mine Byger skal blive til Velsignelse.
Mɛhyira wɔn ne mmea mmea a atwa me kokoɔ ho ahyia. Mɛtɔ bosuo wɔ ne berɛ mu, na ɛbɛyɛ nhyira bosuo.
27 Markens Træer skal give deres Frugt og Landet sin Afgrøde; trygt skal de bo på deres Jord, og de skal kende, at jeg er HERREN, når jeg bryder Stængerne på deres Åg og frelser dem af deres Hånd, som gjorde dem til Trælle.
Mfuo so nnua bɛso wɔn aba na asase no nso abɔ nʼaduane. Nnipa no bɛtena wɔn asase so dwoodwoo. Mɛbubu wɔn kɔnnua na magye wɔn afiri wɔn a wɔde wɔn yɛɛ nkoa nsam na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.
28 Ikke mere skal de blive til Rov for Folkene, og Landets vilde Dyr skal ikke æde dem; trygt skal de bo, uden at nogen skræmmer dem.
Amanaman no renyɛ wɔn fomfa adeɛ bio, na wiram mmoa nso renkyere wɔn nnwe. Wɔbɛtena asomdwoeɛ mu na obiara renhunahuna wɔn.
29 Jeg lader en Fredens Plantning vokse op for dem, og ingen skal rives bort af Hunger i Landet, og de skal ikke mere bære Folkenes Hån.
Na mɛma wɔn asase a ɛso nnɔbaeɛ ama agye din, na aduanekɔm renne wɔn wɔ asase no so na wɔrenyɛ ahohora mma amanaman no.
30 De skal kende, at jeg, HERREN deres Gud, er med dem, og at de er mit Folk, Israels Hus, lyder det fra den Herre HERREN
Afei wɔbɛhunu sɛ me Awurade, wɔn Onyankopɔn ne wɔn wɔ hɔ, na wɔn, Israel efie yɛ me nkurɔfoɔ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
31 I er min Hjord, I er den Hjord, jeg røgter, og jeg er eders Gud, lyder det fra den Herre HERREN.
Mo, me nnwan, mʼadidibea nnwan yɛ me nkurɔfoɔ, na mene mo Onyankopɔn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”

< Ezekiel 34 >