< Jeremias 42 >

1 Så kom alle hærførerene og Johanan, Kareas søn, og Azarja, Maasejas Søn, med alt Folket, store og små,
Afei asraafo mpanyimfo no nyinaa a Karea babarima Yohanan ne Hosaia babarima Yesania ka ho, ne nnipa no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so kɔɔ
2 og sagde til Profeten Jeremias: "Måtte vor Bøn nå dit Øre, så du beder til HERREN din Gud for hele denne Rest, thi som du ser os her, er vi kun få tilbage af mange.
odiyifo Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛsrɛ wo, tie yɛn adesrɛ yi na bɔ Awurade, wo Nyankopɔn mpae ma wɔn a wɔaka yi nyinaa. Sɛnea wuhu no, kan no na yɛdɔɔso nanso afei yɛaka kakraa bi.
3 Måtte HERREN din Gud kundgøre os, hvilken Vej vi skal gå, og hvad vi skal gøre!"
Bɔ mpae sɛnea Awurade, wo Nyankopɔn bɛkyerɛ yɛn faako a ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”
4 Profeten Jeremias svarede: "Godt! Jeg vil bede til HERREN eders Gud, som I ønsker; og alt hvad HERREN svarer, vil jeg kundgøre eder uden at forholde eder et Ord."
Yeremia buaa wɔn se, “Mate mo asɛm no, na ɔkwan biara so mɛbɔ Awurade, mo Nyankopɔn mpae sɛnea moasrɛ no; mɛka nea Awurade bɛka biara akyerɛ mo na meremfa hwee nsie mo.”
5 De sagde da til Jeremias: "HERREN skal være et sandt og troværdigt Vidne imod os, hvis vi ikke retter os efter hvert Ord, HERREN din Gud sender os ved dig.
Na afei, wɔka kyerɛɛ Yeremia se, “Sɛ yɛanyɛ nea Awurade, wo Nyankopɔn soma wo se ka kyerɛ yɛn no a, ma ɔnyɛ ɔdanseni nokwafo ntia yɛn.
6 Det være godt eller ondt, vi vil adlyde HERREN vor Guds Røst, til hvem vi sender dig, at det må gå os vel, når vi adlyder HERREN vor Guds Røst."
Sɛ yɛpɛ o, sɛ yɛmpɛ o, yɛbɛyɛ osetie ama Awurade, yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo wɔ ne nkyɛn no, sɛnea ebesi yɛn yiye, na yebedi Awurade, yɛn Nyankopɔn asɛm so.”
7 Ti Dage efter kom HERRENs Ord til Jeremias.
Nna du akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia hɔ.
8 Så sammenkaldte han Johaoan, Kareas Søn, alle Hærføreme, der var med ham, og alt Folket, store og små,
Enti ɔfrɛɛ Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho ne nnipa no nyinaa; efi akumaa so kosi ɔkɛse so.
9 og sagde: Så siger HERREN, Israels Gud, til hvem I sendte mig, for at eders Bøn måtte nå ind for hans Åsyn:
Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto nʼanim no se:
10 Hvis I bliver her i Landet, vil jeg bygge eder og ikke nedbryde eder, plante eder og ikke rykke eder op, thi jeg angrer det onde, jeg har gjort eder.
‘Sɛ motena asase yi so a, mesiesie mo na merensɛe mo, medua mo na merentu mo ase, efisɛ me werɛ ahow wɔ amanehunu a mama aba mo so no ho.
11 Frygt ikke for Babels Konge, således som I gør, frygt ikke for ham, lyder det fra HERREN, thi jeg er med eder for at frelse og redde eder af hans Hånd.
Munnsuro Babiloniahene a mprempren musuro no no. Munnsuro no, Awurade na ose, efisɛ mene mo wɔ hɔ, megye mo, na mayi mo afi ne tumi ase.
12 Jeg vil lade eder finde Barmhjertighed, og han skal forbarme sig over eder og lade eder bo i eders Land.
Mehu mo mmɔbɔ na ɔno nso ahu mo mmɔbɔ na ɔde mo asan aba mo asase so.’
13 Hvis I derimod ikke hører HERREN eders Guds Røst, idet I siger, at I ikke vil bo her i Landet,
“Nanso sɛ moka se, ‘Yɛrentena saa asase yi so,’ na ne saa nti moanyɛ osetie amma Awurade mo Nyankopɔn,
14 men drage til Ægypten og bo der for ikke mere at se Krig eller høre Hornets Klang eller hungre efter Brød,
na sɛ moka se, ‘Dabi, yɛbɛkɔ akɔtena Misraim, faako a yɛrenhu ɔko, na yɛrente akobɛn nnyigyei na aduankɔm renne yɛn a,’
15 så hør nu HERRENs Ord, Judas Rest. Så siger Hærskarers HERRE, Israels Gud: Hvis I virkelig har i Sinde at drage til Ægypten og drager derned for at bo der som fremmede,
ɛno de tie Awurade asɛm, mo Yuda nkae. Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Sɛ moawe ahinam sɛ mobɛkɔ akɔtena Misraim, na sɛ munya kɔtena hɔ a,
16 så skal Sværdet, som I frygter, nå eder der i Ægypten, og Hungeren, som I ængstes for, skal følge efter eder til Ægypten, og I skal omkomme der;
ɛno de afoa a musuro no bɛto mo wɔ hɔ na ɔkɔm a, mo koma tu wɔ ho no bedi mo akyi akɔ Misraim na hɔ na mubewuwu.
17 alle de Mænd, som har i Sinde at drage til Ægypten for at bo der som fremmede, skal dø ved Sværd, Hunger og Pest, og ingen af dem skal blive tilovers og undslippe fra den Ulykke, jeg sender over dem.
Nokware wɔn a wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no bewuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano, na wɔn mu baako po renka anaa ɔrenguan mfi amanehunu a mede bɛba wɔn so no mu.’
18 Thi så siger Hærskarers HERRE, Israels Gud: Som min Vrede og Harme udgød sig over Jerusalems Indbyggere, således skal min Harme udgyde sig over eder, når I drager til Ægypten, og I skal blive et. Edens, Rædselens, Forbandelsens og Spottens Tegn og ikke mere få dette Sted at se.
Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Sɛnea mʼabufuw ne mʼabufuwhyew hwie guu nnipa a wɔwɔ Yerusalem so no, saa ara na sɛ, mokɔ Misraim a, mʼabufuwhyew behwie agu mo so. Mobɛyɛ nnome, ahodwiriwde, afɔbu ne ahohora; morenhu saa beae yi bio.’
19 Dette er HERRENs Ord til eder. Judas Rest: Drag ikke til Ægypten! I skal vide, at jeg i Dag har advaret eder.
“Yuda nkae, Awurade aka akyerɛ mo se, ‘Monnkɔ Misraim.’ Mommma mo werɛ mmfi, nnɛ merebɔ mo kɔkɔ
20 Thi I nedkalder ondt over eder selv, når I sender mig til HERREN eders Gud og siger: "Bed for os til HERREN vor Gud! Hvad HERREN vor Gud siger, skal du nøje kundgøre os, så vil vi gøre det,"
sɛ moyɛɛ mfomso a ɛyɛ hu yiye, bere a mosomaa me kɔɔ Awurade, mo Nyankopɔn hɔ, na mokae se, ‘Bɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn, na ka nea ɔka biara kyerɛ yɛn na yɛbɛyɛ,’ no.
21 og I så alligevel ikke adlyder HERREN eders Guds Røst og gør alt, hvad han sendte eder Bud om.
Nnɛ, maka akyerɛ mo, nanso monyɛɛ osetie mmaa Awurade mo Nyankopɔn ara wɔ biribiara a ɔhyɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no ho.
22 Så vid da nu, at I skal omkomme ved Sværd, Hunger og Pest på det Sted, hvor I agter at gå hen for at bo der somfremmede.
Enti afei mommma mo werɛ mfi sɛ, mubewuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano wɔ faako a mopɛ sɛ mokɔtena hɔ no.”

< Jeremias 42 >