< Isaiah 19 >

1 The burden of Egypt. “Behold, the LORD rides on a swift cloud, and comes to Egypt. The idols of Egypt will tremble at his presence; and the heart of Egypt will melt within it.
Nkɔmhyɛ a ɛtia Misraim: Monhwɛ! Awurade nam ahoɔherɛ omununkum mu na ɔreba Misraim. Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim, na Misraimfoɔ akoma boto wɔ wɔn mu.
2 I will stir up the Egyptians against the Egyptians, and they will fight everyone against his brother, and everyone against his neighbor; city against city, and kingdom against kingdom.
“Mɛma Misraimfoɔ atwa wɔn ho ako, onua bɛko atia onua, ɔyɔnko atia ɔyɔnko, kuropɔn atia kuropɔn, ahennie atia ahennie.
3 The spirit of the Egyptians will fail within them. I will destroy their counsel. They will seek the idols, the charmers, those who have familiar spirits, and the wizards.
Misraimfoɔ no renya abodwo, na mɛma wɔn nhyehyɛeɛ ayɛ ɔkwa. Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufoɔ ahonhom, asamanfrɛfoɔ ne nkonyaayifoɔ nkyɛn.
4 I will give over the Egyptians into the hand of a cruel lord. A fierce king will rule over them,” says the Lord, GOD of Armies.
Mede Misraim bɛhyɛ owura tirimuɔdenfoɔ bi tumi ase, na ɔhene a ɔyɛ keka bɛdi wɔn so,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
5 The waters will fail from the sea, and the river will be wasted and become dry.
Nsubɔntene mu nsuo bɛwe, na nkonkɔn bɛwo ayɛ wesee.
6 The rivers will become foul. The streams of Egypt will be diminished and dried up. The reeds and flags will wither away.
Nsuka bɛyi hwa; na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na awe. Demmire ne ɛserɛ bɛdwan,
7 The meadows by the Nile, by the brink of the Nile, and all the sown fields of the Nile, will become dry, be driven away, and be no more.
Nil nsunoa nnua nso, deɛ ɛwɔ asubɔnten no abɔeɛ no. Nil nsunoa so mfuo nyinaa bɛwo wesee na awu koraa.
8 The fishermen will lament, and all those who fish in the Nile will mourn, and those who spread nets on the waters will languish.
Afarefoɔ nyinaa bɛsi apinie atwa adwo, wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa; wɔn a wɔgu asau wɔ nsuo no so bɛdi awerɛhoɔ.
9 Moreover those who work in combed flax, and those who weave white cloth, will be confounded.
Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bɛbu, wɔn a wɔnwono nnwera no anidasoɔ bɛsa.
10 The pillars will be broken in pieces. All those who work for hire will be grieved in soul.
Wɔn a wɔyɛ ntoma ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ na wɔn a wɔgye akatua nyinaa akoma bɛboto.
11 The princes of Zoan are utterly foolish. The counsel of the wisest counselors of Pharaoh has become stupid. How do you say to Pharaoh, “I am the son of the wise, the son of ancient kings”?
Soan adwumayɛfoɔ nka hwee sɛ nkwaseafoɔ; Farao agyinatufoɔ anyansafoɔ ma afutu bɔne. Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao sɛ, “Meyɛ anyansafoɔ no mu baako, tete ahemfo no kyidifoɔ?”
12 Where then are your wise men? Let them tell you now; and let them know what the LORD of Armies has purposed concerning Egypt.
Wʼanyansafoɔ no wɔ he afei? Ma wɔnkyerɛ wo na ma wɔnhunu deɛ Asafo Awurade ahyehyɛ atia Misraim.
13 The princes of Zoan have become fools. The princes of Memphis are deceived. They have caused Egypt to go astray, those who are the cornerstone of her tribes.
Soan adwumayɛfoɔ abɛyɛ nkwaseafoɔ, wɔadaadaa Memfis akwankyerɛfoɔ ne nnipa no ntuanofoɔ ama Misraim afom ɛkwan.
14 The LORD has mixed a spirit of perverseness in the middle of her; and they have caused Egypt to go astray in all of its works, like a drunken man staggers in his vomit.
Awurade ahwie anisobirie honhom agu wɔn mu; wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu, te sɛ deɛ ɔsabofoɔ de ne feɛ fɔre ne ho.
15 Neither shall there be any work for Egypt, which head or tail, palm branch or rush, may do.
Biribiara nni hɔ a Misraim bɛtumi ayɛ; obiara rentumi nyɛ hwee, sɛ ɔyɛ etire anaa ɛtoɔ, anaa sɛ ɔyɛ berɛ anaa demmire.
16 In that day the Egyptians will be like women. They will tremble and fear because of the shaking of the LORD of Armies’s hand, which he shakes over them.
Saa ɛda no, Misraimfoɔ bɛyɛ sɛ mmaa, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo.
17 The land of Judah will become a terror to Egypt. Everyone to whom mention is made of it will be afraid, because of the plans of the LORD of Armies, which he determines against it.
Na Yuda asase no bɛma Misraimfoɔ abɔ hu. Obiara a ɔbɛte Yuda din no bɛsuro, ɛsiane deɛ Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn enti.
18 In that day, there will be five cities in the land of Egypt that speak the language of Canaan, and swear to the LORD of Armies. One will be called “The city of destruction.”
Saa ɛda no, Misraim nkuropɔn enum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu baako Ɔsɛeɛ Kuropɔn.
19 In that day, there will be an altar to the LORD in the middle of the land of Egypt, and a pillar to the LORD at its border.
Saa ɛda no, wɔbɛsi afɔrebukyia wɔ Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaeɛdum wɔ ne hyeɛ so nso ama Awurade.
20 It will be for a sign and for a witness to the LORD of Armies in the land of Egypt; for they will cry to the LORD because of oppressors, and he will send them a savior and a defender, and he will deliver them.
Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adansedeɛ ama Asafo Awurade wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofoɔ enti wɔsu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ɔgyefoɔ ne banbɔni bi, na ɔbɛgye wɔn.
21 The LORD will be known to Egypt, and the Egyptians will know the LORD in that day. Yes, they will worship with sacrifice and offering, and will vow a vow to the LORD, and will perform it.
Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfoɔ, na saa da no wɔbɛhunu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuane bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so.
22 The LORD will strike Egypt, striking and healing. They will return to the LORD, and he will be entreated by them, and will heal them.
Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yadeɛ. Wɔbɛdane akɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛtie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yadeɛ.
23 In that day there will be a highway out of Egypt to Assyria, and the Assyrian shall come into Egypt, and the Egyptian into Assyria; and the Egyptians will worship with the Assyrians.
Saa ɛda no, ɛkwantempɔn bɛfiri Misraim ne Asiria. Asiriafoɔ bɛkɔ Misraim na Misraimfoɔ akɔ Asiria. Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ bɛbɔ mu asom.
24 In that day, Israel will be the third with Egypt and with Assyria, a blessing within the earth;
Saa ɛda no Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa, ayɛ nhyira wɔ asase so.
25 because the LORD of Armies has blessed them, saying, “Blessed be Egypt my people, Assyria the work of my hands, and Israel my inheritance.”
Na Asafo Awurade bɛhyira wɔn aka sɛ, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfoɔ. Nhyira nka Asiria me nsa ano adwuma. Nhyira nka Israel mʼagyapadeɛ.”

< Isaiah 19 >