< Daniel 9 >

1 In the first year of Darius, the son of Ahasuerus, of the offspring of the Medes, who ruled over the kingdom of the Chaldeans,
Ahasweros babarima Dario (a nʼase firi Media) a wɔyɛɛ no ɔhene wɔ Babilonia ahennie so no
2 in year one of his reign, I, Daniel, understood in the books the number of the years, concerning the word of the Lord which came to Jeremiah, the prophet, that the desolation of Jerusalem would be completed in seventy years.
afe a ɛdi ɛkan no, me, Daniel, metee aseɛ firii atwerɛsɛm mu sɛdeɛ Awurade de maa Odiyifoɔ Yeremia sɛ, Yerusalem bɛda mpan mfirinhyia aduɔson.
3 And I set my face to the Lord, my God, to ask and make supplication with fasting, and sackcloth, and ashes.
Ɛno enti, mefiraa ayitoma de nsõ huraa me ho dii mmuada. Afei mede nkotosrɛ kɔɔ Awurade Onyankopɔn anim kɔbɔɔ mpaeɛ srɛɛeɛ.
4 And I prayed to the Lord, my God, and I confessed, and I said, “I beg you, O Lord God, great and terrible, preserving the covenant and mercy for those who love you and keep your commandments.
Mebɔɔ Awurade me Onyankopɔn mpaeɛ, na mepaee mu kaa sɛ: “Ao Awurade, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwanwani! Wo a wodi ɔdɔ apam so—ɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wɔdi wo mmara so.
5 We have sinned, we have committed iniquity, we acted impiously and have withdrawn, and we have turned aside from your commandments as well as your judgments.
Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomsoɔ. Yɛabɔ atirimuɔden na yɛate atua; yɛakwati wo mmara ne wo nhyɛ.
6 We have not obeyed your servants, the prophets, who have spoken in your name to our kings, our leaders, our fathers, and all the people of the land.
Yɛantie wʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa.
7 To you, O Lord, is justice, but to us is confusion of face, just as it is on this day for the men of Judah, and the inhabitants of Jerusalem, and all Israel, for those who are near and those who are far off, in all the lands to which you have driven them, because of their iniquities by which they have sinned against you.
“Awurade, woyɛ ɔteneneeni, nanso ɛnnɛ deɛ, yɛn anim agu ase, Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumuyɛ enti, yɛn anim agu ase.
8 O Lord, to us belongs confusion of face: to our kings, our leaders, and our fathers, who have sinned.
Ao, Awurade, aniwuo aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, ɛfiri sɛ, yɛayɛ bɔne atia wo.
9 But to you, the Lord our God, is mercy and atonement, for we have withdrawn from you,
Ɛwom sɛ, yɛate Awurade yɛn Onyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔborɔ na ɔde bɔne kyɛ.
10 and we have not listened to the voice of the Lord, our God, so as to walk in his law, which he established for us by his servants, the prophets.
Yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade yɛn Onyankopɔn, na yɛanni ne mmara a ɔnam nʼasomfoɔ adiyifoɔ so de maa yɛn no so.
11 And all Israel has transgressed your law and has turned away, not listening to your voice, and so the condemnation and the curse, which is written in the book of Moses, servant of God, has rained down upon us, because we have sinned against him.
Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafiri ho a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ ɔsetie ma wo. “Enti, nnome ne atemmuo a wɔaka ntam atwerɛ wɔ Onyankopɔn ɔsomfoɔ Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ bɔne atia wo enti.
12 And he has fulfilled his words, which he has spoken over us and over our leaders who judged us, that he would lead over us a great evil, such as has never before existed under all of heaven, according to what has been done in Jerusalem.
Ɔhaw kɛseɛ a wobɔɔ ho kɔkɔ sɛ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛdeɛ asi wɔ Yerusalem no bi da.
13 Just as it has been written in the law of Moses, all this evil has come upon us, and we did not entreat your face, O Lord our God, so that we might turn back from our iniquities and consider your truth.
Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Onyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yɛbɛfiri yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokorɛ akyiri ɛkwan.
14 And the Lord kept watch over the evil and has led it over us; the Lord, our God, is just in all his works, which he has accomplished, for we have not listened to his voice.
Awurade antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ pɛ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ ɔsetie amma no.
15 And now, O Lord, our God, who has led your people out of the land of Egypt with a strong hand and has made yourself a name in accordance with this day: we have sinned, we have done wrong.
“Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfoɔ firii Misraim, de gyee din a atena hɔ abɛsi ɛnnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomsoɔ.
16 O Lord, for all your righteousness, turn away, I beg you, your anger and your fury from your city, Jerusalem, and from your holy mountain. For, because of our sins and the iniquities of our fathers, Jerusalem and your people are a reproach to all who surround us.
Awurade, sɛdeɛ wo tenenee nneyɛɛ nyinaa teɛ no enti, yi wʼabofuo ne wʼanibereɛ firi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔ kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ enti, nnipa a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfoɔ ho fɛw.
17 Now, therefore, heed, O God, the prayer of your servant and his requests, and reveal your face over your sanctuary, which is desolate, for your own sake.
“Na afei yɛn Onyankopɔn, tie wʼakoa mpaeɛbɔ, ne ne nkotosrɛ. Wo enti, Ao, Awurade, te wʼanim bio kyerɛ wo kronkronbea hɔ a agyigya no.
18 Incline your ear, O my God, and hear, open your eyes and see our desolation and the city over which your name is invoked. For it is not through our justifications that we offer requests before your face, but through the fullness of your compassion.
Yɛ aso, Ao, me Onyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da soɔ a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn tenenee enti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no enti.
19 Heed, O Lord. Be pleased, O Lord. Turn and act. Do not delay, for your own sake, O my God, because your name is invoked over your city and over your people.”
Ao, Awurade, tie! Ao, Awurade, fa kyɛ! Ao, Awurade, tie na yɛ! Wo enti, me Onyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase, ɛfiri sɛ, wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfoɔ so.”
20 And while I was still speaking and praying and confessing my sins, and the sins of my people, Israel, and offering my prayers in the sight of my God, on behalf of the holy mountain of my God,
Ɛberɛ a merekasa na merebɔ mpaeɛ, na mereka me ne me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Onyankopɔn anim ama ne bepɔ kronkron no,
21 as I was still speaking in prayer, behold, the man Gabriel, whom I had seen in the vision at the beginning, flying swiftly, touched me at the time of the evening sacrifice.
na megu so rebɔ mpaeɛ no, Gabriel a mehunuu no kane anisoadehunu mu no de ahoɔherɛ baa me nkyɛn bɛyɛ anwummerɛ afɔrebɔ berɛ mu.
22 And he instructed me, and he spoke to me and said, “Now, Daniel, I have come forth to teach you and to help you understand.
Ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ, “Daniel, maba ha sɛ merebrɛ wo nhunumu ne nteaseɛ.
23 At the beginning of your prayers, the message came forth, yet I have come to explain it to you because you are a man who is seeking. Therefore, you must pay close attention to the message and understand the vision.
Wohyɛɛ aseɛ sɛ worebɔ mpaeɛ pɛ no, mmuaeɛ baeɛ, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo, ɛfiri sɛ, wɔbu wo yie. Enti dwene asɛm no ho na te anisoadehunu no ase.
24 Seventy weeks of years are concentrated on your people and on your holy city, so that transgression shall be finished, and sin shall reach an end, and iniquity shall be wiped away, and so that everlasting justice shall be brought in, and vision and prophecy shall be fulfilled, and the Saint of saints shall be anointed.
“‘Mmerɛ aduɔson ahodoɔ nson’ na wɔahyɛ ama wo nkurɔfoɔ ne wo kuropɔn kronkron no, sɛ wɔgyae mmarato, na wɔtwa bɔneyɛ so, na wɔpata atirimuɔden, na tenenee a ɛto ntwa da ba, na wɔsɔ anisoadehunu ne nkɔmhyɛ ano, na wɔsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ ngo.
25 Therefore, know and take heed: from the going forth of the word to build up Jerusalem again, until the Christ leader, there will be seven weeks of years, and sixty-two weeks of years; and the wide path will be built again, and the walls, in a time of anguish.
“Tie na te yei ase: Ɛfiri ɛberɛ a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforɔ, kɔsi sɛ Deɛ Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmerɛ nson ahodoɔ ‘nson’, ne aduosia mmienu ahodoɔ ‘nson’. Wɔbɛyiyi mmorɔno ne akwan na wɔayɛ abanbɔdeɛ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ mu.
26 And after sixty-two weeks of years, the Christ leader will be slain. And the people who have denied him will not be his. And the people, when their leader arrives, will destroy the city and the sanctuary. And its end will be devastation, and, after the end of the war, the desolation will be set up.
Mmerɛ aduosia mmienu ahodoɔ nson akyi no, wɔbɛkum Deɛ Wɔasra no ngo no a wɔrennya ne ho asɛm biara. Ɔhene a ɔbɛba no nkurɔfoɔ bɛba abɛsɛe kuropɔn ne kronkronbea no. Awieeɛ no bɛba sɛ nsuyire, na ɔko ne emu ahoyera bɛba akɔsi awieeɛ sɛdeɛ wɔahyɛ no.
27 But he will confirm a covenant with many for one week of years; and for half of the week of years, victim and sacrifice will nearly cease; but there will be in the temple the abomination of desolation. And the desolation will continue even to the consummation and the end.”
Ɔbɛsi ɔno ne nnipa bebree ntam apam so dua wɔ mmerɛ ‘nson’ baako mu. Na mmerɛ ‘nson’ no mfimfini no, ɔbɛgyae afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ ma. Ɔbɛdua abusudeɛ a ɛde ɔsɛeɛ bɛba wɔ asɔredan no no mu, kɔsi sɛ awieeɛ a wɔahyɛ no bɛhwie agu ne so.”

< Daniel 9 >