< Deuteronomy 2 >

1 “And setting out from there, we arrived at the wilderness which leads to the Red Sea, just as the Lord had spoken to me. And we encompassed Mount Seir for a long time.
Afei, yɛsane yɛn akyi de yɛn ani kyerɛɛ ɛserɛ so wɔ baabi a Ɛpo Kɔkɔɔ no da hɔ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Yɛnantenante faa Seir bepɔ ho nna bebree.
2 And the Lord said to me:
Akyire no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ,
3 ‘You have encompassed this mountain for long enough. Go forth, toward the north.
“Moatwa afa saa bepɔ yi ho akyɛre yie enti monnane mo ani nkyerɛ atifi fam.
4 And instruct the people, saying: You shall cross through the borders of your brothers, the sons of Esau, who live at Seir, and they will fear you.
Hyɛ ɔman no sɛ, ‘Mobɛfa mo nuanom Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no asase so. Edomfoɔ no bɛsuro mo, nanso monhwɛ yie.
5 Therefore, take care diligently, lest you be moved against them. For I will not give to you from their land even as much as the step that one foot can tread upon, because I have given Mount Seir to Esau as a possession.
Monnhyɛ wɔn abufuo a ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo; mpo, baabi a mode mo nan bɛtia, ɛfiri sɛ, mede Seir bepɔ kuro ama Esau sɛ nʼatenaeɛ.
6 You shall buy food from them for money, and you shall eat. You shall draw water for money, and you shall drink.
Aduane biara a mobɛdi ne nsuo biara a mobɛnom no, montua wɔn ho ka.’”
7 The Lord your God has blessed you in every work of your hands. The Lord your God, dwelling with you, knows your journey, how you crossed through this great wilderness over forty years, and how you have been lacking in nothing.’
Awurade ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa. Wahwɛ mo so wɔ mo akwantuo wɔ ɛserɛ kakraa yi nyinaa so. Saa mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, Awurade aka mo ho na hwee ho anhia mo.
8 And when we had passed through our brothers, the sons of Esau, who were living at Seir by the way of the plain from Elath and from Eziongeber, we arrived at the way which leads to the desert of Moab.
Yɛtwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no ho. Yɛfaa Araba subɔnhwa ɛkwan no a ɛfiri Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab ɛserɛ so ɛkwan no so.
9 And the Lord said to me: ‘You should not fight against the Moabites, nor should you go to battle against them. For I will not give to you anything from their land, because I have given Ar to the sons of Lot as a possession.’
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Monnha Moabfoɔ no anaa monnteetee wɔn sɛdeɛ ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo. Ɛfiri sɛ, mede Ar ama Lot asefoɔ sɛ agyapadeɛ.”
10 The Emim were the first of its inhabitants, a people great and strong, and of such great height, like the race of the Anakim.
Kane no na Emifoɔ na wɔte hɔ. Na wɔsoso na wɔdɔɔso a wɔwoware te sɛ Anakfoɔ no.
11 They were considered to be like giants, and they were like the sons of the Anakim. And, indeed, the Moabites call them: the Emim.
Wɔn nso, na wɔyɛ abrane sɛ Anakfoɔ no ara pɛ, a na wɔfrɛ wɔn Refaimfoɔ, nanso Moabfoɔ deɛ, na wɔfrɛ wɔn Emifoɔ.
12 The Horites also formerly lived at Seir. When these had been driven out and destroyed, the sons of Esau lived there, just as Israel did in the land of his possession, which the Lord gave to him.
Kane no na Horifoɔ na wɔte Seir, nanso Esau asefoɔ tuu wɔn firii hɔ. Wɔsɛee Horifoɔ no tenaa wɔn ananmu sɛdeɛ Israel yɛɛ wɔ asase a Awurade de maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ no so no pɛpɛɛpɛ.
13 Then, rising up so as to cross over the torrent Zered, we arrived at the place.
Awurade kaa sɛ, “Afei, sɔre na kɔtwa asuwa Sered no.” Na yɛkɔtwaa asuwa Sered.
14 Then, from the time that we advanced from Kadesh-barnea until we crossed over the torrent Zered, there were thirty-eight years, until the entire generation of the men who were fit for war had been consumed out of the camp, just as the Lord had sworn.
Na nna dodoɔ a yɛde nante firi Kades-Barnea bɛsii sɛ yɛtwaa asuwa Sered no yɛ mfirinhyia aduasa nwɔtwe. Saa ɛberɛ no, na mmarima a wɔanyinyini yie a wɔbɛtumi akɔ ɔko no nyinaa awuwu wɔ ɛserɛ no so sɛdeɛ Awurade kaeɛ no.
15 For his hand was against them, so that they would pass away from the midst of the camp.
Na Awurade nsa tiaa wɔn ara kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛwuwuu wɔ wɔn atenaeɛ hɔ.
16 Then, after all the fighting men had fallen,
Akofoɔ no nyinaa wuwu firii nnipa no mu pɛ,
17 the Lord spoke to me, saying:
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ,
18 ‘Today, you shall cross the borders of Moab, at the city named Ar.
“Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ wofa Ar kɔsi Moab mantam mu.
19 And when you have arrived in the vicinity of the sons of Ammon, be careful that you do not fight against them, nor should you be moved to battle. For I will not give to you from the land of the sons of Ammon, because I have given it to the sons of Lot as a possession.’
Na sɛ woduru Amonfoɔ mu a, nha wɔn anaa nhyɛ wɔn ahometeɛ a ɛde wɔn bɛkɔ ɔko mu, ɛfiri sɛ, meremma mo Amorifoɔ nsase no bi. Mede ama Lot asefoɔ sɛ agyapadeɛ.”
20 It was reputed to be a land of giants. And giants lived there in times past, those whom the Ammonites call the Zamzummim.
Saa beaeɛ hɔ na abrane akɛseɛ a na Amonfoɔ frɛ wɔn Samsumin no na wɔte kane no.
21 They are a people, great and numerous, and of lofty stature, like the Anakim, whom the Lord wiped away before their face. And he caused them to live there in place of them,
Na wɔyɛ nnipa ahoɔdenfoɔ a wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfoɔ no. Na Awurade sɛee Samsumifoɔ no wɔ Amonfoɔ anim ma wɔtuu wɔn tenaa wɔn anan mu.
22 just as he had done for the sons of Esau, who live at Seir, wiping out the Horites and delivering their land to them, which they possess even to the present time.
Saa ara na Awurade sɛee Horifoɔ wɔ Esau asefoɔ a na wɔte Seir no anim ma wɔtuu wɔn, tenaa wɔn anan mu de bɛsi ɛnnɛ yi.
23 Likewise the Hevites, who were living in small villages as far as Gaza, were expelled by the Cappadocians, who went forth from Cappadocia, and they wiped them out and lived in their place.
Na Awifoɔ nso a wɔtenaa nkuraa nkuraa hwete kɔduruu Gasa no nso, Kaftorfoɔ a wɔfiri Kaftor bɛsɛee wɔn, tenaa wɔn anan mu.
24 ‘Rise up and cross the torrent Arnon! Behold, I have delivered Sihon, the king of Heshbon, the Amorite, into your hand, and so, begin to possess his land and to engage in battle against him.
“Sɔre kɔtwa Arnon subonhwa. Mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne nʼasase ahyɛ wo nsa. Kɔto hyɛ ne so, na monko, na fa nʼasase no.
25 Today I will begin to send the terror and dread of you among the peoples who are living under all of heaven, so that, when they hear your name, they may be afraid, and may tremble in the manner of a woman giving birth, and may be gripped by anguish.’
Ɛfiri ɛnnɛ yi ara, mede mo ho suro ne hu bɛhyɛ aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa mu. Wɔbɛte mo ho nsɛm na wɔn ho bɛpopo na mo enti, wɔanya adwenemhaw.”
26 Therefore, I sent messengers from the wilderness of Kedemoth to Sihon, the king of Heshbon, with peaceful words, saying:
Metuu abɔfoɔ firii Kedemot ɛserɛ so kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn asomdwoeɛ so kɔka kyerɛɛ no sɛ,
27 ‘We will cross through your land. We will advance by the public way. We will not turn aside, neither to the right, nor to the left.
“Ma yɛntwam wʼasase so ha. Yɛbɛfa ɛkwan tempɔn mu a yɛremmane mfa benkum anaa nifa so baabiara.
28 Sell us food for a price, so that we may eat. Provide us with water for money, and so we will drink. We only ask that you allow us to pass through,
Tɔn aduane ma yɛnni na tɔn nsuo nso ma yɛnnom. Deɛ yɛrehwehwɛ ara ne ɛkwan a wobɛma yɛn ama yɛatwam wɔ wʼasase so,
29 just as the sons of Esau have done, who live at Seir, and the Moabites, who abide in Ar, until we arrive at the Jordan, and we cross to the land which the Lord our God will give to us.’
sɛdeɛ Esau asefoɔ a na wɔte Seir ne Moabfoɔ a na wɔte Ar yɛɛ yɛn no. Ma yɛntwam nkɔsi sɛ yɛbɛtwam Yordan akɔsi asase a Awurade de ama yɛn no so.”
30 And Sihon, the king of Heshbon, was not willing to grant passage to us. For the Lord your God had hardened his spirit, and had fastened his heart, so that he would be delivered into your hands, just as you now see.
Nanso, Hesbonhene Sihon amma yɛamfa nʼasase so antwam. Ɛfiri sɛ, Awurade yɛɛ ne honhom sisirii, pirim nʼakoma sɛdeɛ ɔnam so de no bɛhyɛ wo nsam nam so adi wɔn so nkonim sɛdeɛ wayɛ no ɛnnɛ yi.
31 And the Lord said to me: ‘Behold, I have begun to deliver Sihon and his land to you. Begin to possess it.’
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mafiti aseɛ de Sihon ne ne ɔman ahyɛ wo nsam. Afei, fiti aseɛ na di wɔn so, na fa nʼasase no.”
32 And Sihon went out to meet us with all his people, to battle at Jahaz.
Ɛberɛ a Sihon ne ne dɔm bɛhyiaa yɛn ɔko so wɔ Yahas no,
33 And the Lord our God delivered him to us. And we struck him down, with his sons and all his people.
Awurade de no maa yɛn ma yɛdii ɔno, ne ne manfoɔ nyinaa so.
34 And we seized all his cities at that time, putting to death their inhabitants: men as well as women and children. We left nothing of them,
Na yɛfaa ne nkuro nyinaa saa ɛberɛ no sɛee ne mmarima, mmaa ne mmɔfra a wɔwɔ kuropɔn biara mu a yɛannya obiara,
35 except the cattle, which went to the share of those who plundered them. And we seized the spoils of the cities,
gye afieboa nko na yɛfomm wɔn faeɛ, ɛnna nkuro a yɛfaeɛ no mu asadeɛ.
36 from Aroer, which is above the bank of the torrent Arnon, a town which is situated in a valley, all the way to Gilead. There was not a village or city which escaped from our hands. The Lord our God delivered everything to us,
Ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subɔnhwa ano ne kuro a ɛda subɔnhwa no mu no so de kɔsi Gilead no, kuro biara nni hɔ a na ɛsodie yɛ den ma yɛn; Awurade de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa.
37 except the land of the sons of Ammon, which we did not approach, and all that is adjacent to the torrent Jabbok, and the cities in the mountains, and all the places which the Lord our God prohibited to us.”
Nanso, yɛammɛn Amorifoɔ a na wɔwɔ Asubɔnten Yabok ho ne mmepɔ no so nkuro no baabiara a Awurade yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnnkɔ no.

< Deuteronomy 2 >