< Leviticus 16 >

1 And the Lord spoke to Moses, after the death of the two sons of Aaron, when they were destroyed for offering strange fire.
Aaron mmammarima baanu a wɔwuwuu wɔ Awurade anim wuo akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 And he instructed him, saying: Speak to your brother Aaron, so that he may not, at any time, enter into the Sanctuary, which is within the veil, before the propitiatory by which the ark is covered, so that he may not die, (for I will appear in a cloud above the oracle)
“Bɔ wo nua Aaron kɔkɔ sɛ, ɔnnkɔ kronkronbea hɔ wɔ ntwamutam no akyi beaeɛ a apam adaka no si ne mmɔborɔhunu beaeɛ hɔ kwa. Ɔkɔ hɔ a ɔbɛwu, ɛfiri sɛ, mʼankasa mewɔ omununkum a ɛkata mpata beaeɛ so no mu.
3 unless he will have done these things beforehand. He shall offer a calf for sin, and a ram as a holocaust.
“Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nie: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.
4 He shall be vested with a linen tunic. He shall conceal his nakedness with linen undergarments. He shall be wrapped with a linen belt, and he shall impose a linen headdress on his head. For these are holy vestments. All of these he shall put on, after he has been washed.
Ɛsɛ sɛ ɔdware na ɔhyɛ atadeɛ nahanaha ne ne nhyɛaseɛ na ɔbɔ abɔwomu ne abotire.
5 And he shall receive, from the entire multitude of the sons of Israel, two he-goats for sin, and one ram as a holocaust.
Afei, Israelfoɔ bɛbrɛ no mmirekyie mmienu a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ.
6 And when he has presented the calf, and has prayed for himself and for his own house,
“Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔde nantwie ba no bɛma Awurade sɛ bɔne ho afɔdeɛ a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ.
7 he shall cause the two he-goats to stand in the sight of the Lord at the entrance to the tabernacle of the testimony.
Afei, ɔde mmirekyie mmienu no bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano
8 And casting lots over them both, one is to be offered to the Lord, and the other is to be the emissary goat.
na wɔabɔ wɔn so ntonto ahunu Awurade deɛ, ne deɛ ɛsɛ sɛ wɔsane de no korɔ.
9 The one whose lot fell out to be offered to the Lord, he shall offer for sin.
Aaron de abirekyie a wɔde no rebɛbɔ Awurade afɔdeɛ no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ.
10 But the one who is to be the emissary goat shall stand before the Lord, so that he may pour the prayers upon him, and may send him away into the wilderness.
Wɔrenkum abirekyie baako a aka no na wɔde no aba Awurade anim. Wɔbɛyɛ mpatadeɛ ho dwumadie bi agu ne so na wɔde no akɔ ɛserɛ so akɔgya no wɔ hɔ sɛ mpatadwan.
11 After these things have been duly celebrated, he shall offer the calf, and praying for himself and for his own house, he shall immolate it.
“Aaron de nantwinini ba no abɔ bɔne ho afɔdeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ awie no,
12 And taking up the censer, which he has filled from the burning coals of the altar, and drawing up with his hands the aromatic compound for incense, he shall enter within the veil, into the holy place,
ɔbɛfa adeɛ a wɔhye aduhwam wɔ mu a egyasramma a wɔfaa no Awurade afɔrebukyia no so ayɛ no ma. Afei ɔde aduhwam a wɔayam no muhumuhu bɛyɛ ne nsam na ɔde akɔ ntwamutam no akyi.
13 so that when the aromatics are placed upon the fire, its cloud and vapor may cover the oracle, which is above the testimony, and he may not die.
Ɛhɔ na ɔde aduhwam no bɛgu bidie no so wɔ Awurade anim na ayi wisie kumɔnn wɔ mpata beaeɛ apam ne adaka (a aboɔ apono a wɔatwerɛ Mmaransɛm Edu agu so wɔ mu) no so nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenwu.
14 Likewise, he shall take some of the blood of the calf, and sprinkle it with his finger seven times opposite the propitiatory, toward the east.
Na ɔde nantwinini ba no mogya no bi bɛba na ɔde ne nsateaa baako abɔ mu apete mpata beaeɛ hɔ apueeɛ fam na wapete no mprɛnson wɔ animu.
15 And when he has slain the he-goat for the sin of the people, he shall carry its blood within the veil, just as he was instructed to do with the blood of the calf, so that he may sprinkle it away from the area of the oracle,
“Afei, ɛsɛ sɛ ɔfiri adi na ɔde abirekyie no kɔbɔ ɔmanfoɔ no bɔne ho afɔdeɛ na wɔde ne mogya no ba ntwamutam no akyi na wɔpete gu mpata beaeɛ hɔ ne animu sɛdeɛ ɔde nantwinini ba no mogya no yɛeɛ no ara pɛ.
16 and so that he may expiate the Sanctuary from the uncleanness of the sons of Israel, and from their prevarications and every one of their sins. According to this rite, he shall act toward the tabernacle of the testimony, which is fixed among them in the midst of the filth of their habitation.
Na ɛkyerɛ sɛ, wayɛ mpatadeɛ ama beaeɛ kronkron hɔ, ɛfiri sɛ, Israelfoɔ bɔne ama efi aka beaeɛ hɔ ne Ahyiaeɛ Ntomadan no a wɔasi wɔ wɔn mfimfini hɔ no.
17 Let no man be in the tabernacle when the high priest enters the Sanctuary in order to pray for himself, and for his house, and for the entire assembly of Israel, until he exits.
Sɛ Aaron wura Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kɔ kronkronbea hɔ rekɔyɛ mpatadwuma no a, ɛnni ho kwan sɛ obiara kɔ hɔ bi, gye sɛ ɔyɛ mpatadeɛ no ma ne ho ne ne fiefoɔ ne Israelfoɔ nyinaa wie.
18 And when he has exited to the altar which is before the Lord, let him pray for himself, and taking the blood of the calf, and of the he-goat, let him pour it upon its horns all around.
“Afei, ɔbɛkɔ afɔrebukyia no ho wɔ Awurade anim akɔyɛ mpatadeɛ ama afɔrebukyia no. Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba no ne abirekyie mogya no fɔre mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no ho,
19 And sprinkling with his finger seven times, let him expiate and sanctify it from the uncleanness of the sons of Israel.
na ɔde ne nsateaa baako pete mogya no mprɛnson gu afɔrebukyia no so de te ho firi Israelfoɔ bɔne no ho yɛ no kronkron.
20 After he has cleansed the Sanctuary, and the tabernacle, and the altar, then let him offer the living goat.
“Sɛ ɔwie mpatadeɛ a ɛfa kronkronbea hɔ ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ho nsɛm nyinaa ne afɔrebukyia no ho a, ɔde abirekyie no bɛba anikann
21 And placing both hands upon its head, let him confess all the iniquities of the sons of Israel, and all of their offenses and sins. And calling these down upon its head, he shall send it away, by means of a man prepared to do so, into the desert.
de ne nsa mmienu agu aboa no apampam, na waka atirimuɔden ne atuateɛ a Israelfoɔ ayɛ, wɔn bɔne nyinaa de agu abirekyie no apampam, na obi a wɔayi no sɛ ɔnyɛ saa adwuma no de aboa no bɛkɔ ɛserɛ so.
22 And when the goat has carried all their iniquities into a solitary land, and has been released into the desert,
Enti abirekyie no bɛsoa nnipa no bɔne nyinaa de akɔ asase a obi nte so no so na onii no agyaa no wɔ ɛserɛ so hɔ.
23 Aaron shall return into the tabernacle of the testimony. And placing aside the vestments, which he had worn before when he entered into the Sanctuary, and leaving them there,
“Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ bio akɔworɔ nʼatadeɛ nahanaha a ɔhyɛɛ wɔ ntwamutam no akyi no na wagya no wɔ hɔ.
24 he shall wash his flesh in the holy place, and he shall be clothed in his own garments. And departing afterwards, he shall present his own holocaust and that of the people: he shall pray as much for himself as for the people.
Ɔbɛkɔ akɔdware wɔ baabi a wɔate hɔ ho na wahyɛ ne ntadeɛ no bio na wafiri adi akɔbɔ ɔno ankasa ɔhyeɛ afɔdeɛ asane abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama nnipa no na wayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne wɔn.
25 And the fat which is offered for sins, he shall burn upon the altar.
Ɔbɛhye sradeɛ de abɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so.
26 Yet truly, he who has sent away the emissary goat shall wash his clothes and his body with water, and so he shall enter into the camp.
“Akyire no, ɔbarima a ɔde abirekyie no kɔɔ ɛserɛ so no bɛsi ne ntoma na wadware na wasane aba beaeɛ hɔ bio.
27 But the calf and the he-goat, which were immolated for sin, and whose blood was brought into the Sanctuary to complete the expiation, these shall be carried outside the camp and be burned with fire: as with their skins, so also with their flesh and dung.
Na nantwie ba ne abirekyie a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no a Aaron de wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔyɛɛ mpatadeɛ no, wɔde wɔn bɛkɔ sraban no akyiri baabi akɔhye a wɔn ho nhoma ne wɔn ayamdeɛ ka ho.
28 And whoever will have burned them shall wash his clothes and flesh with water, and so he shall enter into the camp.
Akyire yi, onipa a ɔrebɛhye afɔrebɔdeɛ no bɛsi ne ntoma, adware na wasane akɔ beaeɛ hɔ bio.
29 And this shall be to you an everlasting ordinance. In the seventh month, on the tenth day of the month, you shall afflict your souls, and you shall do no work, neither someone native born, nor the newcomer who sojourns among you.
“Yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa. Ɔbosome a ɛtɔ so nson dadu so no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara, na mmom, momfa saa ɛda no nkari mo ho nhwɛ wɔ ahobrɛaseɛ mu. Saa mmara yi ka wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so anaa ahɔhoɔ a wɔne Israelfoɔ teɛ;
30 On this day, there shall be atonement for you, and also a cleansing from all your sins. You shall be cleansed in the sight of the Lord.
ɛfiri sɛ, ɛda yi na wɔde kae mo mpata ne mo ahodwira wɔ mo bɔne ho wɔ Awurade anim.
31 For it is a Sabbath of rest, and you shall afflict your souls as a perpetual observance.
Ɛyɛ homeda a ɛsɛ sɛ mode home enti ɛsɛ sɛ modi ɛda no dinn wɔ ahobrɛaseɛ mu. Ɛyɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa.
32 And the priest who has been anointed, and whose hands have been consecrated to exercise the priesthood in the place of his father, shall make atonement. And he shall be clothed with the linen robe and the holy vestments.
Saa ahyɛdeɛ yi, awoɔ ntoatoasoɔ akyi, Ɔsɔfopanin a wɔasra no no na ɔbɛsi ne nana Aaron anan adi ho dwuma wɔ beaeɛ hɔ. Ɔno nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔhyɛ atadeɛ kronkron nahanaha no
33 And he shall expiate the Sanctuary and the tabernacle of the testimony and the altar, likewise the priest and all the people.
na ɔyɛ mpatadeɛ wɔ kronkronbea hɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ, afɔrebukyia no so, de ma asɔfoɔ no ne nnipa no.
34 And this shall be to you a perpetual law, that you pray for the sons of Israel, and for all their sins once a year. Therefore, he did just as the Lord had instructed Moses.
“Yei bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo, na Israelfoɔ bɔne enti, moagyina so afe biara de ayɛ mpatadeɛ ama Israelfoɔ afiri wɔn bɔne nyinaa mu.” Na Mose dii mmara a Awurade hyɛ maa no nyinaa so.

< Leviticus 16 >