< Leviticus 23 >

1 And YHWH speaks to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 “Speak to the sons of Israel, and you have said to them: Appointed times of YHWH, which you proclaim [as] holy convocations, these [are] My appointed times.
“Ma Israelfo nte sɛ, ‘Eyinom ne mʼafahyɛ ahorow a mahyehyɛ, Awurade afahyɛ ahorow no a ɛsɛ sɛ mudi no sɛ nhyiamu kronkron.
3 [For] six days work is done, and in the seventh day [is] a Sabbath of rest, a holy convocation; you do no work; it [is] a Sabbath to YHWH in all your dwellings.
“‘Mowɔ nnansia a mode yɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ Homeda a mode home, da a moyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara wɔ faako a mote. Ɛyɛ Homeda ma Awurade.
4 These [are] appointed times of YHWH, holy convocations, which you proclaim in their appointed times:
“‘Eyinom ne Awurade aponto, nhyiamu kronkron a ɛsɛ sɛ mobɔ bere a wɔahyɛ no ho dawuru:
5 in the first month, on the fourteenth of the month, between the evenings, [is] the Passover to YHWH;
Wofi Awurade Twam Afahyɛ no ase wɔ ɔsram a edi kan no da ɛto so dunan no anwummere.
6 and on the fifteenth day of this month [is] the Celebration of Unleavened Things to YHWH; [for] seven days you eat unleavened things;
Awurade Apiti Afahyɛ nso, wofi ase saa ɔsram no da a ɛto so dunum; na mubedi apiti nnanson.
7 on the first day you have a holy convocation, you do no servile work;
Afahyɛ no da a edi kan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahotew gua na obiara renyɛ adwuma a ɛyɛ den biara.
8 and you have brought a fire-offering near to YHWH [for] seven days; in the seventh day [is] a holy convocation; you do no servile work.”
Nnanson no mu no, mommɔ ɔhyew afɔre mma Awurade da biara. Na da a ɛto so ason no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron a obiara renyɛ adwuma.’”
9 And YHWH speaks to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
10 “Speak to the sons of Israel, and you have said to them: When you come into the land which I am giving to you, and have reaped its harvest, and have brought in the sheaf, the beginning of your harvest to the priest,
“Kasa kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mudu asase a mede bɛma mo no so na mutwa mo nnɔbae a, momfa nnɔbae afiafi no mu baako nkɔma ɔsɔfo.
11 then he has waved the sheaf before YHWH for your acceptance; on the next day of the Sabbath the priest waves it.
Obehim no wɔ Awurade anim de akyerɛ sɛ ɔde rema no na Awurade begye sɛ mo akyɛde.
12 And you have prepared a lamb, a perfect one, a son of a year, in the day of your waving the sheaf for a burnt-offering to YHWH,
Da no ara, mode odwennini a wadi afe a onnii dɛm bɛbɔ Awurade ɔhyew afɔre,
13 and its present [is] two-tenth parts of flour mixed with oil, a fire-offering to YHWH, a refreshing fragrance, and its drink-offering [is] a fourth of the hin of wine.
ne nʼaduan afɔrebɔde a ɛyɛ esiam kilogram abiɛsa a wɔde ngo afra. Ɛbɛyɛ ɔhyew afɔre a eyi hua dɛdɛ ma Awurade. Wɔde nsa lita anan ne fa afɔrebɔde bɛka ho.
14 And you do not eat bread and roasted grain and full ears until this very day, until your bringing in the offering of your God—a continuous statute throughout your generations, in all your dwellings.
Ɛnsɛ sɛ mudi brodo biara, sɛ ɛyɛ aduan a wɔato anaa ɛyɛ foforo, kosi da a mode saa afɔrebɔde yi bɛbrɛ mo Nyankopɔn. Eyi bɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.
15 And you have numbered for yourselves from the day after the Sabbath, from the day of your bringing in the sheaf of the wave-offering: they are seven perfect Sabbaths;
“‘Homeda no akyi da a edi kan a wɔmaa atoko afiafi mu baako so him no Awurade anim sɛ afɔrebɔde no, mubefi ase abubu nnaawɔtwe ason.
16 you number fifty days to the day after the seventh Sabbath, and you have brought a new present near to YHWH;
Monkan adaduonum a ekosi homeda a ɛto so ason no akyi da koro na momfa atoko foforo mmɛbɔ afɔre mma Awurade.
17 you bring in two [loaves] of bread out of your dwellings [for] a wave-offering; they are of two-tenth parts of flour; they are baked [with] yeast—first-[fruits] to YHWH.
Eyi bɛyɛ brodo abien a mode befi mo afi mu bɛba. Na wobehim no wɔ Awurade anim sɛ afɔrebɔ no. Momfa asikresiam lita anan a wɔde mmɔkaw afra nto saa brodo yi. Ɛyɛ mo aduan a edi kan afɔrebɔde a mode rema Awurade.
18 And you have brought near, besides the bread, seven lambs, perfect ones, sons of a year, and one bullock, a son of the herd, and two rams; they are a burnt-offering to YHWH, with their present and their drink-offerings, a fire-offering of refreshing fragrance to YHWH.
Mode brodo ne nsa bɛka nguamma ason a wɔadi afe a dɛm biara nni wɔn ho ne nantwi ba baako ne adwennini abien ho abɔ ɔhyew afɔre ama Awurade. Eyinom nyinaa yɛ ogya afɔrebɔde a ɛsɔ Awurade ani yiye.
19 And you have prepared one kid of the goats for a sin-offering, and two lambs, sons of a year, for a sacrifice of peace-offerings,
Mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne afɔre. Na mode nguantenmma abien a wɔn mu biara adi afe no abɔ asomdwoe afɔre.
20 and the priest has waved them, besides the bread of the first-[fruits], [as] a wave-offering before YHWH, besides the two lambs; they are holy to YHWH for the priest;
Asɔfo no behim saa afɔrebɔde yi ne brodo abien a esi mo nnɔbae a edi akyi no anan mu no wɔ Awurade anim. Ɛyɛ kronkron ma Awurade na wɔde bɛma asɔfo no sɛ wɔn aduan.
21 and you have proclaimed in this very day [that] it is a holy convocation for yourselves, you do no servile work—a continuous statute in all your dwellings, throughout your generations.
Da no, ɛsɛ sɛ mobɔ nhyiamu kronkron no ho dawuru, na monnyɛ adwuma biara. Eyi bɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.
22 And in your reaping the harvest of your land you do not complete the corner of your field in your reaping, and you do not gather the gleaning of your harvest, you leave them for the poor and for the sojourner; I [am] your God YHWH.”
“‘Sɛ mutwa mo mfuw mu nnɔbae a, munntwa ntu nnɔbae no ase, na nea aporow agu fam no nso, monntase. Munnyaw mma ahiafo ne ahɔho a wɔte mo mu a wonni asase bi a wodidi so no. Mene Awurade mo Nyankopɔn!’”
23 And YHWH speaks to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
24 “Speak to the sons of Israel, saying, In the seventh month, on the first of the month, you have a Sabbath, a memorial of shouting, a holy convocation;
“Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan no, ɛsɛ sɛ mohome da no, na moyɛ nhyiamu kronkron na mohyɛn torobɛnto denneennen de kae.
25 you do no servile work, and you have brought a fire-offering near to YHWH.”
Saa da no, obiara nni ho kwan sɛ ɔyɛ adwuma, na mmom, mommɔ ogya so afɔre mma Awurade.’”
26 And YHWH speaks to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
27 “Only—on the tenth of this seventh month is the Day of Atonements; you have a holy convocation, and you have humbled yourselves, and have brought a fire-offering near to YHWH;
“Saa ɔsram a ɛto so ason yi da a ɛto so du ne Mpata Da no. Monyɛ nhyiamu kronkron, munni abuada na mommɔ ogya so afɔre mma Awurade
28 and you do no work in this very day, for it is a day of atonements, to make atonement for you, before your God YHWH.
Monnyɛ adwuma biara saa da no, efisɛ ɛyɛ Mpata Da, bere a wɔpata ma mo wɔ Awurade mo Nyankopɔn anim.
29 For any person who is not humbled in this very day has even been cut off from his people;
Obiara a wanni da no ahonu ne awerɛhow so wɔ ne bɔne ho no, wobeyi no afi ne nkurɔfo mu.
30 and any person who does any work in this very day, I have even destroyed that person from the midst of his people;
Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa da no mɛsɛe no.
31 you do no work—a continuous statute throughout your generations in all your dwellings.
Monnyɛ adwuma biara koraa. Eyi bɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.
32 It [is] a Sabbath of rest for yourselves, and you have humbled yourselves in the ninth of the month at evening; you keep your Sabbath from evening until evening.”
Ɛyɛ Homeda a wɔde home ma mo. Ɛsɛ sɛ mobrɛ mo kra ase. Efi da a ɛto so akron kosi da a ɛto so du no anwummere no, ɛsɛ sɛ mudi mo Homeda.”
33 And YHWH speaks to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
34 “Speak to the sons of Israel, saying, In the fifteenth day of this seventh month [is the] Celebration of Shelters [for] seven days to YHWH;
“Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no, wɔnhyɛ Awurade Asese Afahyɛ no ase, na mode nnanson na ebedi.
35 the first day [is] a holy convocation, you do no servile work;
Da a edi kan no yɛ nhyiamu kronkron da; monnyɛ adwuma biara.
36 [for] seven days you bring a fire-offering near to YHWH, on the eighth day you have a holy convocation, and you have brought a fire-offering near to YHWH; it [is] a restraint, you do no servile work.
Da biara wɔ nnanson no mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ogya so afɔre ma Awurade. Da a ɛto so awotwe no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron na moabɔ ogya so afɔre ama Awurade. Ɛyɛ nhyiamu a etwa to. Monnyɛ adwuma biara.
37 These [are] appointed times of YHWH, which you proclaim [as] holy convocations, to bring a fire-offering near to YHWH, a burnt-offering, and a present, a sacrifice, and drink-offerings, a thing of a day in its day,
“‘Eyinom ne afahyɛ ahorow a Awurade ahyehyɛ sɛ mommɔ ho dawuru sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron a wɔde afɔrebɔde a wɔhyew no ogya so ma Awurade no ba: ɔhyew afɔre ne aduan afɔre, afɔrebɔde ahorow ne nsa afɔrebɔde a ɛho hia da biara.
38 apart from the Sabbaths of YHWH, and apart from your gifts, and apart from all your vows, and apart from all your willing-offerings, which you give to YHWH.
Munni saa afahyɛ yi nka Awurade Homeda no ho. Na mode saa afɔrebɔde nso bɛka mo ankasa ayɛyɛde, bɔ a moahyɛ ne nea mufi mo pɛ mu de ma Awurade ho.
39 Only—on the fifteenth day of the seventh month, in your gathering the increase of the land, you keep the celebration of YHWH [for] seven days; on the first day [is] a Sabbath, and on the eighth day a Sabbath;
“‘Enti efi ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no a moatwa asase no so nnɔbae no, momfa nnanson nni afahyɛ mma Awurade. Da a edi kan ne nea ɛto so awotwe yɛ ahomegyenna.
40 and you have taken for yourselves on the first day the fruit of beautiful trees, branches of palms, and boughs of thick trees, and willows of a brook, and have rejoiced before your God YHWH [for] seven days.
Da a edi kan no, muntwitwa nnuaba mman a aba wɔ so, ne mmerɛnkɛnsono ne mman a nhaban wɔ so na momfa mmɔ asese na momma mo ani nnye wɔ mo Awurade Nyankopɔn anim nnanson.
41 And you have kept it [as] a celebration to YHWH, seven days in a year—a continuous statute throughout your generations; in the seventh month you keep it [as] a celebration.
Ɛsɛ sɛ saa afe biara mu nnanson adidi mmara yi tena hɔ daa wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.
42 You dwell in shelters [for] seven days; all who are natives in Israel dwell in shelters,
Saa nnanson no mu no, mo a moyɛ Israelfo mma no, ɛsɛ sɛ motena asese no ase.
43 so that your generations know that I caused the sons of Israel to dwell in shelters in My bringing them out of the land of Egypt; I [am] your God YHWH.”
Nkyerɛase a ɛwɔ mu ara ne sɛ, ɛkae Israelfo no fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so sɛ, me na migyee mo fii Misraim ma mobɛtenaa asese ase. Mene Awurade mo Nyankopɔn.’”
44 And Moses speaks to the sons of Israel [concerning] the appointed times of YHWH.
Eyinom ne Awurade afahyɛ ahorow a wahyehyɛ a Mose ka kyerɛɛ Israelfo no. Enti Mose kyerɛɛ afahyɛ ahorow a Israelfo no bedi ama Awurade.

< Leviticus 23 >