< Leviticus 25 >

1 And the LORD spake unto Moses in mount Sinai, saying,
Mose wɔ Sinai Bepɔ so no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ,
2 Speak unto the children of Israel, and say unto them, When ye come into the land which I give you, then shall the land keep a sabbath unto the LORD.
“Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ moduru asase a mede rebɛma mo no so a, mfeɛ nson biara, momma asase no nya Awurade mu homeda.
3 Six years thou shalt sow thy field, and six years thou shalt prune thy vineyard, and gather in the fruits thereof;
Momfa mfeɛ nsia nnua mo nnɔbaeɛ wɔ mo mfuo mu na monyiyi mo bobe turo mu na montwa mo nnɔbaeɛ.
4 but in the seventh year shall be a sabbath of solemn rest for the land, a sabbath unto the LORD: thou shalt neither sow thy field, nor prune thy vineyard.
Na mfeɛ nson so no, asase no nna hɔ kwa wɔ Awurade anim. Monnyɛ so hwee. Monnnua so aba. Afe no nyinaa mu, monnyiyi mo bobe turo no mu.
5 That which groweth of itself of thy harvest thou shalt not reap, and the grapes of thy undressed vine thou shalt not gather: it shall be a year of solemn rest for the land.
Na aba biara a moadua no, monnte mfa, na bobe no nso, mommmoaboa ano mfa. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ afe a ɛsɛ sɛ asase no home.
6 And the sabbath of the land shall be for food for you; for thee, and for thy servant and for thy maid, and for thy hired servant and for thy stranger that sojourn with thee;
Nanso, aba biara a asase no bɛma saa afe no bɛyɛ aduane ama wo ne wʼakoa, wʼafenaa, wo paani ne wo hɔhoɔ,
7 and for thy cattle, and for the beasts that are in thy land, shall all the increase thereof be for food.
wʼayɛmmoa ne wiram mmoa a ɛwɔ asase no so nyinaa. Monni biribiara a asase no bɛma biara.
8 And thou shalt number seven sabbaths of years unto thee, seven times seven years; and there shall be unto thee the days of seven sabbaths of years, even forty and nine years.
“‘Bubu Homeda mfeɛ nson, mfeɛ nson ahodoɔ nson, na wobɛnya mfeɛ aduanan nkron.
9 Then shalt thou send abroad the loud trumpet on the tenth day of the seventh month; in the day of atonement shall ye send abroad the trumpet throughout all your land.
Afei, bosome a ɛtɔ so nson no ɛda edu no yɛ Mpata Ɛda. Monhyɛn totorobɛnto wɔ baabiara. Mpata Ɛda no, monhyɛn totorobɛnto no dendeenden nkyɛ wɔ ɔman no mu baabiara.
10 And ye shall hallow the fiftieth year, and proclaim liberty throughout the land unto all the inhabitants thereof: it shall be a jubile unto you; and ye shall return every man unto his possession, and ye shall return every man unto his family.
Monte mfeɛ aduonum no ho na mompae ahofadie mma wɔn a wɔtete asase no so mmaa nyinaa. Ɛbɛyɛ mfirinhyia aduonum afahyɛ ama mo, na mo mu biara bɛsane akɔ asase a wɔde ama mo agyanom no so, na moakɔka mo abusuafoɔ ho.
11 A jubile shall that fiftieth year be unto you: ye shall not sow, neither reap that which groweth of itself in it, nor gather [the grapes] in it of the undressed vines.
Aane, mfeɛ aduonum no bɛyɛ mfirinhyia aduonum afahyɛ ama mo; monnnua biribiara na monntwa nnɔbaeɛ biara, na bobe a moadua nso, monnte so aba.
12 For it is a jubile; it shall be holy unto you: ye shall eat the increase thereof out of the field.
Ɛfiri sɛ, ɛyɛ mfirinhyia aduonum afahyɛ, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ sononko na ɛho teɛ. Monni deɛ monya firi asase no mu nko ara.
13 In this year of jubile ye shall return every man unto his possession.
“‘Saa mfirinhyia aduonum afahyɛ yi, obiara bɛkɔ asase a wɔde maa nʼagyanom no so.
14 And if thou sell aught unto thy neighbour, or buy of thy neighbour’s hand, ye shall not wrong one another:
“‘Sɛ wo ne wo yɔnko yɛ nhyehyɛeɛ a wonam so retɔ anaa woretɔn agyapadeɛ bi a, ɛnsɛ sɛ obi sisi ne yɔnko.
15 according to the number of years after the jubile thou shalt buy of thy neighbour, [and] according unto the number of years of the crops he shall sell unto thee.
Sɛ woretɔ asase afiri wo yɔnko nkyɛn a, mobɛkan mfeɛ dodoɔ no so fa afiri Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ a ɛtwaam no. Ɔdetɔnfoɔ no bɛgye wo boɔ a ɛgyina mfeɛ dodoɔ a aka ansa na mfirinhyia aduonum afahyɛ a ɛreba no.
16 According to the multitude of the years thou shalt increase the price thereof, and according to the fewness of the years thou shalt diminish the price of it; for the number of the crops doth he sell unto thee.
Mfeɛ no dodoɔ na ɛma ɛboɔ no kɔ soro. Saa ara nso na mfeɛ kakra bi ma ɛboɔ no kɔ fam. Yeinom nyinaa mu, onipa a ɔretɔn asase no retɔn otwa dodoɔ a wɔbɛtwa afiri asase no so.
17 And ye shall not wrong one another; but thou shalt fear thy God: for I am the LORD your God.
Monsuro mo Onyankopɔn na moammɔ ɛboɔ a ɛboro so! Na mene Awurade.
18 Wherefore ye shall do my statutes, and keep my judgments and do them; and ye shall dwell in the land in safety.
“‘Sɛ mopɛ sɛ motena asase no so asomdwoeɛ mu deɛ a, monni me mmara so.
19 And the land shall yield her fruit, and ye shall eat your fill, and dwell therein in safety.
Sɛ moyɛ ɔsetie a, aduane bɛbu so wɔ asase no so na moadi amee wɔ asomdwoeɛ mu.
20 And if ye shall say, What shall we eat the seventh year? behold, we shall not sow, nor gather in our increase:
Nanso, mobɛbisa sɛ, “Na sɛ wɔse yɛnnnua anaa yɛnntwa saa afe no so a, ɛdeɛn na mfeɛ nson no so yɛbɛdie?”
21 then I will command my blessing upon you in the sixth year, and it shall bring forth fruit for the three years.
Mmuaeɛ ara ne sɛ, mfeɛ nsia no so, mɛhyira mo ama nnɔbaeɛ aba abu so kɔsi sɛ mobɛtwa mfeɛ nwɔtwe mu nnɔbaeɛ no.
22 And ye shall sow the eighth year, and eat of the fruits, the old store; until the ninth year, until her fruits come in, ye shall eat the old store.
Sɛ modua nnɔbaeɛ wɔ mfeɛ nwɔtwe no mu a, mobɛkɔ so adi afe a ɛtwaam no mu nnuane. Nokorɛm, nnuane dada no na mobɛdi kɔsi sɛ otwaberɛ bɛduru so mfeɛ nkron no mu.
23 And the land shall not be sold in perpetuity; for the land is mine: for ye are strangers and sojourners with me.
“‘Na monkae sɛ asase no yɛ me dea enti monni ho ɛkwan sɛ motɔn no afebɔɔ. Moyɛ ahɔhoɔ na meyɛ asasewura ma mo.
24 And in all the land of your possession ye shall grant a redemption for the land.
Asasetɔn mu no, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛeɛ sɛ asasetɔnfoɔ no tumi sane bɛgye asase no ɛberɛ biara.
25 If thy brother be waxen poor, and sell some of his possession, then shall his kinsman that is next unto him come, and shall redeem that which his brother hath sold.
“‘Sɛ ohia hia obi ma ɔtɔn nʼasase fa bi a, nʼabusuafoɔ tumi bɛgye.
26 And if a man have no one to redeem it, and he be waxen rich and find sufficient to redeem it;
Sɛ ɔnni obi a ɔbɛgye ama no na sɛ nʼankasa nya sika a,
27 then let him count the years of the sale thereof, and restore the overplus unto the man to whom he sold it; and he shall return unto his possession.
wɔbɛsese ɛso nnɔbaeɛ a wɔatwa ansa na Ahosɛpɛ Afe no reba na wɔagyina so atua ɛka no, na deɛ ɔtɔeɛ no nso adane asase no ama no.
28 But if he be not able to get it back for himself, then that which he hath sold shall remain in the hand of him that hath bought it until the year of jubile: and in the jubile it shall go out, and he shall return unto his possession.
Na sɛ deɛ asase no yɛ ne dea no ankasa antumi annye a, ɛnneɛ, ɛbɛyɛ deɛ ɔtɔeɛ no dea ara kɔsi Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no, na deɛ ɔtɔeɛ no de onii no adeɛ asane ama no.
29 And if a man sell a dwelling house in a walled city, then he may redeem it within a whole year after it is sold; for a full year shall he have the right of redemption.
“‘Sɛ obi tɔn efie wɔ kurom a, ɔwɔ afe a ɔtumi sane gye nʼadeɛ a biribiara nsi no ho ɛkwan.
30 And if it be not redeemed within the space of a full year, then the house that is in the walled city shall be made sure in perpetuity to him that bought it, throughout his generations: it shall not go out in the jubile.
Na sɛ afe no mu wantumi annye a, ɛbɛyɛ deɛ ɔtɔeɛ no dea korakora. Ahosɛpɛ Afe no mu, ɔrensane mfa mma onipa a kane no na ɛyɛ ne dea no bio.
31 But the houses of the villages which have no wall round about them shall be reckoned with the fields of the country: they may be redeemed, and they shall go out in the jubile.
Nanso akuraase dan a wɔntoo ɔfasuo ntwaa ho nhyiaeɛ te sɛ agyapadeɛ a ɛwɔ wiram deɛ, wɔtumi sane kɔgye no ɛberɛ biara, na Mfeɛ Aduonum Afahyɛ mu no, ɛsɛ sɛ wɔsane de ma ne wura ankasa.
32 Nevertheless the cities of the Levites, the houses of the cities of their possession, may the Levites redeem at any time.
“‘Asɛm baako bi na ɛnka ho. Lewifoɔ afie a ɛwɔ nkuro a wɔde afasuo atwa ho mu no, wɔtumi sane gye ɛberɛ biara,
33 And if one of the Levites redeem, then the house that was sold, and the city of his possession, shall go out in the jubile: for the houses of the cities of the Levites are their possession among the children of Israel.
na wɔde ama wɔn wuranom Ahosɛpɛ Afe no mu. Na Lewifoɔ no deɛ, wɔremma wɔn mfuo nsase te sɛ mmusuakuo a aka no, na mmom, wɔbɛma wɔn afie wɔ wɔn nkuro ne wɔn mfuo a atwa wɔn ho ahyia no mu.
34 But the field of the suburbs of their cities may not be sold; for it is their perpetual possession.
Mma wɔnntɔn nsase a atwa Lewifoɔ nkuro ho ahyia, ɛfiri sɛ, yeinom yɛ wɔn agyapadeɛ afebɔɔ a ɛnsɛ sɛ wɔne obiara kyɛ.
35 And if thy brother be waxen poor, and his hand fail with thee; then thou shalt uphold him: [as] a stranger and a sojourner shall he live with thee.
“‘Sɛ ohia hia wo nua a, ɛsɛ sɛ woboa no; ma no mmra ma ɔmmɛtena hɔ bi.
36 Take thou no usury of him or increase; but fear thy God: that thy brother may live with thee.
Suro wo Onyankopɔn na ma wo nua ntena wo nkyɛn; na sɛ wobɔ no bosea a, nnye no ho ba.
37 Thou shalt not give him thy money upon usury, nor give him thy victuals for increase.
Kae sɛ, worennye ho nsiho biara, na aduane a wode ma no nso, nnye ho nsiho biara. Mpɛ mfasoɔ!
38 I am the LORD your God, which brought you forth out of the land of Egypt, to give you the land of Canaan, to be your God.
Ɛfiri sɛ, me Awurade a meyɛ mo Onyankopɔn yii mo firii Misraim de Kanaan asase maa mo sɛdeɛ mɛyɛ mo Onyankopɔn.
39 And if thy brother be waxen poor with thee, and sell himself unto thee; thou shalt not make him to serve as a bondservant:
“‘Sɛ ohia hia wo yɔnko Israelni na ɔtɔn ne ho ma wo a, nhyɛ ne so sɛ ɔdɔnkɔ
40 as an hired servant, and as a sojourner, he shall be with thee; he shall serve with thee unto the year of jubile:
na mmom, yɛ no sɛ obi a wotua no ne som a ɔsom ho ka, anaa fa no sɛ wo hɔhoɔ na ɔnsom wo nkɔsi Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no.
41 then shall he go out from thee, he and his children with him, and shall return unto his own family, and unto the possession of his fathers shall he return.
Ɛduru saa mmerɛ no a, ɔne ne mma nyinaa tumi tu de wɔn agyapadeɛ nyinaa kɔ wɔn abusuafoɔ nkyɛn.
42 For they are my servants, which I brought forth out of the land of Egypt: they shall not be sold as bondmen.
Me na mede mo firi Misraim asase so baeɛ sɛ mommɛsom me sɛdeɛ obi rentumi ntɔn mo sɛ nnipa hunu bi
43 Thou shalt not rule over him with rigour; but shalt fear thy God.
na obi nso ntumi nha mo; monsuro mo Onyankopɔn.
44 And as for thy bondmen, and thy bondmaids, which thou shalt have; of the nations that are round about you, of them shall ye buy bondmen and bondmaids.
“‘Nanso mobɛtumi atɔ asomfoɔ afiri aman foforɔ a atwa mo ho ahyia no so.
45 Moreover of the children of the strangers that do sojourn among you, of them shall ye buy, and of their families that are with you, which they have begotten in your land: and they shall be your possession.
Saa ara nso na motumi tɔ ahɔhoɔ a mo ne wɔn te no mma a ɛmfa ho sɛ wɔte mo mu.
46 And ye shall make them an inheritance for your children after you, to hold for a possession; of them shall ye take your bondmen for ever: but over your brethren the children of Israel ye shall not rule, one over another, with rigour.
Wɔbɛyɛ nkoa afebɔɔ ama mo ne mo nkyirimma, nanso mo nuanom Israelfoɔ no deɛ, ɛnsɛ sɛ moyɛ wɔn saa.
47 And if a stranger or sojourner with thee be waxen rich, and thy brother be waxen poor beside him, and sell himself unto the stranger [or] sojourner with thee, or to the stock of the stranger’s family:
“‘Sɛ ɔhɔhoɔ a ɔte mo mu no bɛyɛ osikani, na sɛ Israelni di hia, na ɔtɔn ne ho ma ɔhɔhoɔ no anaa ɔhɔhoɔ no abusuafoɔ a,
48 after that he is sold he may be redeemed; one of his brethren may redeem him:
ne nuanom bi tumi bɛgye no.
49 or his uncle, or his uncle’s son, may redeem him, or any that is nigh of kin unto him of his family may redeem him; or if he be waxen rich, he may redeem himself.
Saa ara nso na ne wɔfa, ne wɔfaase anaa ne ho onipa bi a ɔbɛn no tumi gye no ara ne no. Sɛ ɔno ara nso bɛnya sika a, ɔtumi de bɛgye ne ho.
50 And he shall reckon with him that bought him from the year that he sold himself to him unto the year of jubile: and the price of his sale shall be according unto the number of years; according to the time of an hired servant shall he be with him.
Nʼahogyeɛ no gyina mfeɛ a aka na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no aduro ne sika dodoɔ a sɛ anka wɔde kɔfaa ɔsomfoɔ a, anka ɔbɛgye saa mfeɛ a aka no mu.
51 If there be yet many years, according unto them he shall give back the price of his redemption out of the money that he was bought for.
Sɛ aka mfeɛ pii ansa na Ahosɛpɛ Afe no aso a, ɔbɛtua sika a ɔgyeeɛ wɔ ɛberɛ a ɔtɔn ne ho no nyinaa;
52 And if there remain but few years unto the year of jubile, then he shall reckon with him; according unto his years shall he give back the price of his redemption.
na sɛ mfeɛ no pii atwam ama aka kakra na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no aduru a, ɛnneɛ, ɔbɛtua sika a ɔgyeeɛ ɛberɛ a ɔtɔn ne ho no mu kakraa bi.
53 As a servant hired year by year shall he be with him: he shall not rule with rigour over him in thy sight.
Sɛ ɔtɔn ne ho ma ɔhɔhoɔ a, ɔhɔhoɔ no bɛfa no sɛ ne ɔsomfoɔ a ɔtua no ka. Ɛnsɛ sɛ ɔfa no sɛ ne ɔsomfoɔ buruburo anaa nʼagyapadeɛ.
54 And if he be not redeemed by these [means], then he shall go out in the year of jubile, he, and his children with him.
“‘Sɛ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru na wɔnnyee no a, wɔbɛgyaa ɔne ne mma nyinaa.
55 For unto me the children of Israel are servants; they are my servants whom I brought forth out of the land of Egypt: I am the LORD your God.
Israelfoɔ yɛ mʼasomfoɔ. Mede wɔn firi Misraim na ɛbaeɛ. Mene Awurade mo Onyankopɔn.

< Leviticus 25 >