< Lamentations 4 >

1 How is dimmed the gold! changed the most fine gold! Poured out are the stones of the sanctuary, at the top of all the streets.
Sɛdeɛ sikakɔkɔɔ a anka ɛhyerɛn no nie? Sikakɔkɔɔ amapa no ho abiri! Wɔatoto aboɔdemmoɔ kronkron apete wɔ mmɔntene biara so.
2 The precious sons of Zion, they who were weighed against pure gold, How are they accounted as earthen pitchers, the work of the hands of the potter!
Hwɛ sɛdeɛ Sion mmammarima a wɔdi mu na anka wɔsom bo sɛ sika kɔkɔɔ no ayɛ, seesei wɔfa wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo, ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma!
3 Even wild dogs, draw out the breast, give suck to their whelps—The daughter of my people, hath become cruel, like the ostriches in the desert.
Mpo sakraman yi wɔn nufoɔ ma wɔn mma enum, nanso me nkurɔfoɔ ayɛ atirimuɔdenfoɔ sɛ sohori a ɔwɔ ɛserɛ so.
4 The tongue of the suckling, cleaveth to the roof of his mouth for thirst, —Young children, have asked bread, there was none, to break, it to them.
Osukɔm enti, akokoaa tɛkrɛma fam ne dodo mu; mmɔfra no su pɛ aduane, nanso obiara mfa mma wɔn.
5 They who used to eat delicacies, are deserted in the streets, —They who used to be carried on crimson, have embraced heaps of refuse.
Wɔn a na anka wɔdi nnuane pa no ohia buruburo aka wɔn wɔ mmɔntene so. Wɔn a wɔde serekye tetee wɔn no seesei wɔdeda nso nkɔfie so.
6 And the punishment of the daughter of my people hath grown greater than the punishment of Sodom, —which was overthrown as in a moment, when no hands had been laid violently upon her.
Me nkurɔfoɔ asotwe so sene Sodom a wɔtuu wɔn mpofirim no deɛ, a wɔannya ɔboafoɔ biara no.
7 Purer were her Nazirites than snow, whiter were they than milk, —more ruddy, in body, than coral, A sapphire, was their beauty of form.
Na wɔn ahenemma ho twa sene sukyerɛmma, na wɔhoa sene nufosuo, na wɔn onipadua no bere na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa, na wɔte sɛ aboɔdemmoɔ.
8 Darker than a coal, is their visage, They are not known in the streets—Their skin shrivelleth on their bones, is withered, become like a stick.
Nanso, seesei deɛ, wɔbiri sene wisiapunu; na wɔnhunu wɔn yie wɔ mmɔntene so. Wɔn wedeɛ atwintwam wɔ wɔn nnompe so; ɛho awo wesee sɛ abaa.
9 Better are the slain of the sword, than the slain of the famine, —for, these, pine away, stricken through, wanting the produce of the field.
Wɔn a wɔtotɔ wɔ akofena ano no yɛ koraa sene wɔn a ɛkɔm kunkumm wɔn; ɛkɔm tware wɔn, ma wɔwuwu ɛsiane aduane a ɛnni mfuo so enti.
10 The hands of compassionate women, have cooked their own children, —they have served as nourishment to them, in the grievous injury of the daughter of my people.
Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma, ayɛ wɔn aduane ɛberɛ a wɔsɛee me nkurɔfoɔ no.
11 Yahweh hath completed his indignation, hath poured out the glow of his anger; and hath kindled a fire in Zion, which hath devoured her foundations.
Awurade ada nʼabufuhyeɛ nyinaa adi; wahwie nʼabufuo a ano yɛ den no. Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion ma ɛhyee ne fapem.
12 Neither the kings of the earth, nor any of the inhabitants of the world, believed, that an adversary or an enemy, should enter, the gates of Jerusalem!
Asase so ahemfo annye anni, ewiase mu nnipa nso annye anni sɛ atamfoɔ bɛtumi ahyɛne Yerusalem apono mu.
13 [It is] for the sins of her prophets, the iniquities of her priests, —who have been pouring out, in her midst, the blood of the righteous!
Nanso ɛsiiɛ, nʼadiyifoɔ no bɔne ne nʼasɔfoɔ amumuyɛ enti, wɔn na wɔhwiee teneneefoɔ mogya guu wɔ kuropɔn no mu.
14 They have wandered—blind—in the streets, have defiled themselves with blood; so that men may not touch their garments.
Afei wɔkeka wɔ mmɔntene so te sɛ nnipa a wɔn ani afira. Mogya a ama wɔn ho agu fi no enti obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntadeɛ.
15 Turn aside! Unclean! have they cried to them, Turn aside! Turn aside! Do not touch! because they have fled, yea, wandered, Men said among the nations, They will not again tarry;
Nnipa teateaam gu wɔn so sɛ, “Momfiri ha nkɔ! Mo ho nnte! Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.” Sɛ wɔdwane kɔnenam a amanaman no mu nnipa ka sɛ, “Wɔrentumi ntena ha bio.”
16 The face of Yahweh, hath scattered them, He will look them out no more: The persons of the priests, they have not respected, To the elders, have they shown no favour.
Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete; nʼani nni wɔn so bio. Wɔmmfa anidie mma asɔfoɔ, na wɔn ani nnsɔ mpanimfoɔ.
17 Silly shall our eyes fail, for our help that is vain: In our watchtower, have we watched—for a nation that will not save.
Deɛ ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn, yɛpɛɛ sɛ yɛbɛnya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa; yɛfiri yɛn abantenten so de yɛn ani too ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.
18 They have laid snares for our steps, that we cannot walk in our own broadways: Drawn near hath our end, Fulfilled are our days, yea arrived hath our end.
Nnipa dii yɛn ntɛntɛ wɔ yɛn anammɔntuo mu, enti yɛantumi annante yɛn mmɔntene so. Yɛn awieeɛ bɛneeɛ, na wɔkanee yɛn nna, ɛfiri sɛ na yɛn awieeɛ aduru so.
19 Swifter are our pursuers, than the eagles of the heavens, —Over the mountains, have they come hotly after us, In the wilderness, have they lain in wait for us.
Yɛn ataafoɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ a wɔwɔ ewiem; wɔtaa yɛn faa mmepɔ so na wɔtɛɛ yɛn wɔ ɛserɛ so.
20 The fragrance of our nostrils, The Anointed of Yahweh, hath been captured in their pits, —of whom we had said—In his shade, shall we live among the nations.
Deɛ Awurade asra no ngo, yɛn ankasa yɛn nkwa no, ɔtɔɔ wɔn mfidie mu. Yɛgye dii sɛ ne nwunu ase yɛbɛnya nkwa wɔ amanaman no mu.
21 Rejoice and be glad, O daughter of Edom, thou inhabitress in the and of Uz, —Even unto thee, shall the cup pass along, thou shalt be drunken, and expose thy shame.
Di ahurisie na ma wʼani nnye, Ao Edom Ɔbabaa, wo a wote Us asase so. Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi; wobɛboro na wɔabɔ wo adagya.
22 Completed is thy punishment, O daughter of Zion, He will no more carry thee away captive—He hath punished thine iniquity, O daughter of Edom, he hath stripped the veil from off thy sins.
Ao Ɔbabaa Sion, wʼasotwe bɛba awieeɛ; ɔremma wonkɔ so ntena nnommumfa mu. Nanso, Ao Ɔbabaa Edom, ɔbɛtua wo bɔne so ka na wada wʼamumuyɛ adi.

< Lamentations 4 >