< Leviticus 14 >

1 And Yahweh spake unto Moses, saying—
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 This, shall be the law of the leper, in the day when he is declared clean, —he shall be brought in unto the priest;
“Ɛda a wɔbɛdwira ɔkwatani ho no, ɛho mmara nie: Wɔde no bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ,
3 then shall the priest go forth unto the outside of the camp, —and the priest shall take a view, and lo! if the plague of leprosy hath been healed out of the leper;
na ɔsɔfoɔ no ahwɛ no wɔ sraban no akyi. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ kwata no agyae a,
4 then shall the priest give command, —and there shall be taken—for him that is to be cleansed—two living clean birds, —and cedar wood, and crimson am hyssop;
ɔbɛbisa nnomaa mmienu bi a wɔwe, na afei wɔde ntweneduro, koogyan ahoma ne hisope mman a wɔde bɛyɛ ahodwira ahyɛdeɛ ama ɔkwatani no abrɛ no.
5 and the priest shall give command, and one bird shall be slain, —within an earthen vessel over living water:
Ɔsɔfoɔ no bɛka ama wɔakum nnomaa no mu baako wɔ ayowaa a nsuo wɔ mu so.
6 as for the living bird, he shall take, it, and the cedar wood and the crimson, and the hyssop, —and shall dip them and the living bird, in the blood of the bird that hath been slain over the living water;
Na anomaa a wɔnnya nkum no no nso, wɔde ɔno ne ntweneduro no ne koogyan ahoma no ne hisope mman no bɛhyɛ anomaa a wɔkumm no no mogya no mu.
7 and shall sprinkle upon him that is to be cleansed from the leprosy, seven times, —and shall pronounce him clean, and shall let go the living bird over the face of the field.
Na ɔsɔfoɔ no apete mogya no agu ɔkwatani a ne ho afiri no so mprɛnson, na wapae mu aka sɛ ne ho ate na wagyaa anomaa a wɔnkum no no.
8 And he that is to be declared clean shall wash his clothes and shave off all his hair, and bathe in water, and be clean, and, afterwards, shall he come into the camp, —and dwell outside his tent, seven days;
“Na ɔyarefoɔ a ne ho atɔ no no bɛsi ne ntoma nyinaa. Ɔbɛyi ne ho nwi nyinaa nso. Ɔbɛdware na wasane abɛtena baabi a kane no na ɔte hɔ bio; nanso ɛsɛ sɛ ɔtena ne ntomadan akyi nnanson.
9 and it shall be on the seventh day, that he shall shave off all the hair of his head, and his beard, and his eyebrows, even all his hair, shall he shave off, —and shall wash his clothes and bathe his flesh in water so shall he be clean.
Nnanson no so no, ɔbɛyi ne ho nwi nyinaa bio, ɔbɛyi nʼabɔgyesɛ ayi nʼanintɔn nwi na wayi ne ho nwi a aka nyinaa, na wadware, na afei wɔapae mu aka sɛ ne ho ate.
10 And, on the eighth day, he shall take two he-lambs, without defect, and one ewe-lamb, the choice of its year without defect, —and three-tenths of fine meal for a meal-offering, overflowed with oil, and one log of oil.
“Ɛda a ɛdi so a ɛyɛ nnawɔtwe so no, ɔbɛfa nnwammaa anini mmienu a wɔn ho nni dɛm ne odwammaa bereɛ baako a ɔno nso ho nni dɛm, asikyiresiam muhumuhu lita nsia a wɔde ngo afra ne ngo a wɔmfa mfraa hwee lita fa.
11 And the priest that is cleansing him shall cause the man that is to be cleansed, and those things to stand before Yahweh, at the opening of the tent of meeting.
Afei ɔsɔfoɔ a ɔbɛhwehwɛ ɔyarefoɔ no ho ahwɛ sɛ ne ho atɔ no no de onipa no ne nʼafɔrebɔdeɛ bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.
12 And the priest shall take one he-lamb, and bring him near as a guilt-bearer and the log of oil, —and shall wave them as a wave-offering, before Yahweh;
“Ɔsɔfoɔ no bɛfa nnwammaa no baako ne ngotoa baako no na ɔde ama Awurade sɛ ɛfɔdie afɔrebɔ a wɔhim no wɔ afɔrebukyia no anim.
13 and shall slay the lamb in the place where the sin-bearer and the ascending-sacrifice are slain, in the holy place, —for like the sin-bearer, the guilt-bearer, is the priest’s, most holy, it is.
Afei, wɔbɛkum odwammaa no wɔ beaeɛ a wɔbɔ bɔne ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ kronkronbea hɔ. Wɔde saa afɔdie afɔrebɔdeɛ yi bɛma ɔsɔfoɔ no sɛdeɛ wɔyɛ no bɔne afɔrebɔ mu no ara pɛ. Ɛyɛ afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron ankasa.
14 Then shall the priest take of the blood of the guilt-bearer, and the priest shall put it upon the tip of the right ear of him that is to be cleansed, —and upon the thumb of his right hand, and upon the great toe of his right foot;
Ɔsɔfoɔ no bɛfa saa ɛfɔdie afɔrebɔdeɛ mogya na ɔde akeka ɔyarefoɔ a wɔrete ne ho no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie.
15 and the priest shall take of the log of oil, —and shall pour it upon the palm of the priest’s left hand,
Afei, ɔsɔfoɔ no bɛfa ngo no bi ahwie agu ne nsa benkum mu
16 and the priest shall dip his right finger [and take] of the oil that is on the palm of his left hand, —and shall sprinkle of the oil with his finger seven times before Yahweh:
na ɔde ne nsa nifa abɔ mu, na watu apete mprɛnson wɔ Awurade anim.
17 and of the remainder of the oil which is on the palm of his hand, shall the priest put upon the tip of the right ear of him that is to be cleansed, and upon the thumb of his right hand, and upon the great toe of his right foot, —upon the blood of the guilt-bearer;
Ngo no a ɛbɛka ne nsa benkum mu no, ɔsɔfoɔ no de bɛka onipa no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie sɛdeɛ ɔde ɛfɔdie mogya yɛeɛ wɔ ɛfɔdie afɔrebɔ no mu no ara pɛ.
18 and that which remaineth of the oil that is on the palm of the priest’s hand, he shall put upon the head of him that is to be cleansed, —so shall the priest put a propitiatory-covering over him, before Yahweh.
Ɔde ngo no nkaeɛ a ɛwɔ ne nsam no bɛfɔ ɔbarima no tiri ho. Yei bɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no de ne ho ayɛ mpatadeɛ ama onipa no wɔ Awurade anim.
19 Then shall the priest offer the sin-bearer, and shall put a propitiatory-covering over him that is to be cleansed because of his uncleanness, —and, afterwards, shall he slay the ascending-sacrifice.
“Afei, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no bɔ bɔne afɔdeɛ na ɔsane yɛ mpatadeɛ ho adeɛ ma onipa a wɔrehohoro ne ho afiri ne kwata mu no ho; ɛno akyi, ɔsɔfoɔ no bɛkum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no
20 And the priest shall cause the ascending-sacrifice, and the meal-offering to ascend at the altar, —so shall the priest put a propitiatory-covering over him, and he shall be clean.
na ɔde abɔ ɛne atokoɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so de ayɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no na afei, wapae mu aka sɛ ne ho afiri.
21 But if he be poor and his hand hath not enough, then shall he take one he-lamb as a guilt-bearer to be waved to put a propitiatory-covering over him, —and one-tenth of fine meal, overflowed with oil for a meal-offering, and a log of oil,
“Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrentumi ntɔ nnwammaa mmienu no a, ɛnneɛ, ɔde odwammaanini baako bɛbɔ ɛfɔdie afɔdeɛ no de ama Awurade sɛ mpatadeɛ a wɔhim no afɔrebukyia no anim; na wɔde asikyiresiam fitaa muhumuhu lita mmienu ne fa a wɔde ngo afra de abɔ atokoɔ afɔdeɛ no a ngo akɔtoa ka ho.
22 and two turtle-doves or two young pigeons, for which his hand hath enough, —so shall one be a sin-bearer, and the other an ascending-sacrifice.
Ɛno akyi, ɔde mmorɔnoma mmienu anaa nturukuku mma mmienu mu biara a ɔbɛnya no mu baako bɛbɔ bɔne afɔdeɛ na ɔde baako a ɔbɛka no nso abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.
23 And he shall bring them in on the eighth day, for his cleansing, unto the priest, —unto the entrance of the tent of meeting, before Yahweh.
“Ɛda a ɛtɔ so nnwɔtwe no, ɔde ne nyinaa bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano na ɔsɔfoɔ no de adwira no wɔ Awurade anim.
24 Then shall the priest take the guilt-bearing lamb and the log of oil, —and the priest shall wave them as a wave-offering, before Yahweh.
Ɔsɔfoɔ no bɛfa odwammaa no de abɔ ɛfɔdie afɔdeɛ. Ɔde ngo toa ma bɛka ho na wahim no afɔrebukyia no anim de akyerɛ sɛ, wɔde rema Awurade.
25 Then shall the guilt-bearing lamb be slain, and the priest shall take of the blood of the guilt-bearer, and put upon the tip of the right ear of him that is to be cleansed, —and upon the thumb of his right hand, and upon the great toe of his right foot;
Afei, wɔbɛkum odwammaa no de no abɔ ɛfɔdie afɔdeɛ na ɔde ne mogya no bi akeka ɔbarima a wɔredwira no no aso nifa ase. Ɔde mogya no bi bɛka ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie.
26 also of the oil, shall the priest pour out, —on the palm of his own left hand;
Ɔsɔfoɔ no bɛhwie ngo agu ɔno ara ne nsa benkum mu
27 and the priest shall sprinkle with his right finger, of the oil that is on the palm of his left hand, —seven times, before Yahweh;
na ɔde ne nsateaa nifa abɔ mu apete bi mprɛnson wɔ Awurade anim.
28 then shall the priest put, of the oil that is on the palm of his hand, upon the tip of the right ear of him that is to be cleansed, and upon the thumb of his right hand, and upon the great toe of his right foot, —upon the place of the blood of the guilt-offering;
Na ɛsɛ sɛ ɔde ngo a ɛwɔ ne nsam no bi ka ɔbarima no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie sɛdeɛ ɔyɛɛ mogya no ɛberɛ a ɔrebɔ ɛfɔdie afɔdeɛ no.
29 and that which remaineth of the oil which is on the palm of the priest’s hand, shall he put upon the head of him that is to be cleansed, —to put a propitiatory-covering over him before Yahweh.
Ngo no a ɛbɛka wɔ ne nsam no, ɛsɛ sɛ ɔde fɔ ɔbarima a wɔredwira no no tiri ho de yɛ mpatadeɛ wɔ Awurade anim.
30 Then shall he offer one of the turtle-doves, or of the young pigeons, —of that for which his hand hath enough;
Afei, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mmienu no mu biara a ɔtumi tɔeɛ no ba.
31 even that for which his hand hath enough, —the one as a sin-bearer and the other as an ascending-sacrifice, upon the meal-offering, —so shall the priest put a propitiatory-covering over him that is to be cleansed before Yahweh.
Wɔde mmienu a ɔnyaeɛ no mu baako bɛbɔ bɔne afɔdeɛ na baako a aka no, ɔde abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a saa ɛberɛ no ara mu wɔbɛbɔ atokoɔ afɔdeɛ nso, na ɔsɔfoɔ no bɛyɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no wɔ Awurade anim.”
32 This is the law for him in whom hath been the plague of leprosy, whose hand hath not enough for that which pertaineth to his cleansing.
Yeinom ne mmara a ɛfa wɔn a wɔte wɔn ho ma wɔn ho fi kwata mu nanso wɔntumi mfa afɔrebɔdeɛ a ɛho hia no nyinaa mma no.
33 And Yahweh spake unto Moses and unto Aaron saying:
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,
34 When ye enter into the land of Canaan which I am about to give you for a possession, —and I put a plague-mark of leprosy in a house, of the land of your possession,
“Sɛ moduru Kanaan asase a mede ama mo no so, na sɛ mede kwata kɔ afie bi mu a,
35 then shall he that owneth the house come in, and tell the priest, saying, —A kind of plague-mark, appeareth to me in the house;
ɛnneɛ, efiewura no nyi ne ho adi nkyerɛ ɔsɔfoɔ no na ɔnka sɛ, ‘Ɛyɛ me sɛ kwata wɔ me fie ha!’
36 and the priest shall give command, and they shall empty the house, ere yet the priest cometh in to view the mark, so that he do not pronounce unclean all that is in the house, —and, after this, shall the priest come in to view the house:
Ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ ama wɔatu efie hɔ nneɛma nyinaa ansa na wahwɛ hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɔka sɛ kwata wɔ fie hɔ a, ɛrengu biribi foforɔ ho fi wɔ hɔ.
37 then shall he view the mark and lo! if the mark is in the walls of the house, with sunken places greenish yellow or reddish, —and they appear to be lower than the [surface of the] wall,
Sɛ ɔhunu nsensaneɛ ahahammono anaa kɔkɔɔ wɔ efie no afasuo ho a anonom kɔ afasuo no mu a,
38 then shall the priest come forth out of the house, unto the entrance of the house, —and shall shut up the house seven days;
ɔbɛto efie no mu nnanson
39 and the priest shall return on the seventh day, —and take a view, and lo! if the mark hath spread in the walls of the house,
na ne nnanson so no, wasane aba bio abɛhwɛ. Na sɛ nsensaneɛ awurawura afasuo no mu a,
40 then shall the priest give command, and they shall pull out the stones, wherein is the mark, —and cast them forth outside the city, into an unclean place;
ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ ama wɔawerɛwerɛ nsisiiɛ no afiri hɔ na wɔato nwerɛwerɛeɛ no agu baabi a ɛhɔ ho nte wɔ kuro no akyi baabi.
41 and, the house itself, shall he cause to be scraped on the inside round about, —and they shall pour out the mortar which they have scraped off, outside the city, into an unclean place;
Afei, ɔbɛhyɛ ama afasuo a ɛwɔ efie no mu no, wɔawerɛwerɛ no yie na wɔato nwerɛwerɛeɛ no agu baabi a ɛhɔ nte wɔ kuro no akyi baabi.
42 and shall take other stones, and put in the place of the stones, —and, other mortar, shall he take and plaster the house.
Na wɔde aboɔ foforɔ bi abɛhyɛ deɛ wɔwerɛwerɛeɛ no anan na wɔde dɔteɛ foforɔ asra efie no ho.
43 But if the mark again breaketh out in the house, after the taking out of the stones, —and after the scraping of the house and after the plastering;
“Na sɛ nsisiiɛ no ba bio a,
44 then shall the priest come in, and take a view, and lo! if the mark hath spread in the house, a fretting leprosy, it is in the house unclean, it is,
ɔsɔfoɔ no bɛba bio abɛhwɛ na sɛ ɔhunu sɛ nsisiiɛ no atrɛtrɛ a, na ɛyɛ kwata na ɛkyerɛ sɛ efie no ho nte.
45 and he shall pull down the house, —the stones thereof, and the timber thereof and all the mortar of the house, —and shall carry them forth outside the city, into an unclean place.
Sɛ ɛba saa a, ɔbɛhyɛ ama wɔabubu efie no agu. Wɔbɛtwe mmubuiɛ no mu aboɔ, nnua ne dɔteɛ no nyinaa afiri kuro no mu de akɔgu kuro no akyi baabi a ɛhɔ ho nte.
46 And as for him that entereth into the house, all the days it is shut up, he shall be unclean until the evening;
“Obiara a ɔbɛwura efie a wɔato mu no mu no ho nte kɔsi anwummerɛ.
47 And, he that lieth in the house, shall wash his clothes, and he that eateth in the house shall wash his clothes.
Na obiara a ɔbɛda hɔ anaa ɔbɛdidi wɔ efie hɔ no bɛsi ne nneɛma nyinaa.
48 But, though the priest do come, into the house, and take a view, yet lo! if the plague-mark hath not spread in the house after the house was plastered, then shall the priest pronounce the house clean, for, healed, is the plague.
“Na sɛ wɔsra efie no ho bio na ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ na nsisiiɛ no mmaa bio a, ɔbɛpae mu aka sɛ wɔate efie no ho na kwata no nso kɔ.
49 Then shall he take to cleanse, the house, two birds, —and cedar wood, and crimson, and hyssop;
Ɔbɛdi efie no ahodwira ho dwuma. Ɔde nnomaa mmienu, sida dua, asaawa kɔkɔɔ ne hisope mman na ɛbɛdi saa dwuma no.
50 and shall kill one bird, —within an earthen vessel over living water;
Ɔbɛkum nnomaa no baako wɔ nsu pa a ɛwɔ ayowaa mu so,
51 and take the cedar wood and the hyssop, and the crimson and the living bird, and dip them in the blood of the slain bird, and in the living water, —and sprinkle the house seven times;
na ɔde sida dua no ne hisope mman ne ahoma kɔkɔɔ ne anomaa a wɔnkum no no anu anomaa a wakum no nsu pa no so no mogya mu na wɔde apete efie no mprɛnson.
52 and so cleanse the house, with the blood of the bird and with the living water, —and with the living bird, and with the cedar wood and with the hyssop, and with the crimson;
Wɔyɛ yei de te efie no ho.
53 and shall let go the living bird unto the outside of the city, unto the face of the field, —so shall he put a propitiatory-covering over the house and it shall be clean.
Afei, ɔbɛgyae anomaa a ɔnwuiɛ no ama watu akɔ kuro no akyi baabi. Yei ne ɛkwan a wɔfa so de yɛ mpatadeɛ de ma efie sane de dwira ho no.”
54 This, is the law, —for every plague-mark of leprosy and for scall;
Yeinom ne mmara a ɛfa mmeammea a kwata ba hɔ ho.
55 and for garment leprosy, and for house [leprosy];
Sɛ ɛyɛ atadeɛ mu anaa efie mu,
56 and for rising, and for scab and for a bright spot;
anaa honam ani nhonhonoeɛ, anaa ɔhyehyeɛ mu mpumpunnya anaa honam ani baabi a ɛhɔ ayɛ hyɛnn.
57 to give instruction, on the day of declaring unclean, and on the day of declaring clean, —This is the law of leprosy.
Saa ɛkwan yi so na wɔbɛfa ahunu sɛ ɛyɛ kwata anaa ɛnyɛ kwata. Yei enti na wɔhyɛɛ saa mmara yi.

< Leviticus 14 >