< Deuteronomy 29 >

1 These are the words of the covenant which the LORD commanded Moses to make with the children of Israel in the land of Moab, in addition to the covenant which he made with them in Horeb.
Eyinom ne nhyehyɛe a ɛwɔ apam a Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfo no nyɛ wɔ Moab nka apam a ɔne wɔn yɛɛ no wɔ Horeb no mu no ho.
2 Moses called to all Israel, and said to them: Your eyes have seen all that the LORD did in the land of Egypt to Pharaoh, and to all his servants, and to all his land;
Mose frɛɛ Israelfo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se: Moahu nea Awurade yɛɛ Farao ne ne mpanyimfo ne ne man nyinaa wɔ Misraim no.
3 the great trials which your eyes saw, the signs, and those great wonders.
Mo ankasa muhuu sɔhwɛ akɛse, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwade akɛse no.
4 But the LORD has not given you a heart to know, eyes to see, and ears to hear, to this day.
Nanso de besi nnɛ yi, Awurade mmaa mo adwene a ɛte asɛm ase anaa ani a ehu ade anaa aso a ɛte asɛm.
5 I have led you forty years in the wilderness. Your clothes have not grown old on you, and your sandals have not grown old on your feet.
Nanso Awurade se, mfe aduanan a midii mo anim faa sare so no mu no, mo ntama antetew, na mo mpaboa a ɛhyehyɛ mo anan nso anhwere.
6 You have not eaten bread, neither have you drunk wine or strong drink, that you may know that I am the LORD your God.
Moanni brodo, annom nsa anaa nsa a ano yɛ den. Meyɛɛ saa sɛnea mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn no.
7 When you came to this place, Sihon the king of Heshbon and Og the king of Bashan came out against us to battle, and we struck them.
Yeduu ha no, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og ba bɛko tiaa yɛn, nanso yedii wɔn so.
8 We took their land, and gave it for an inheritance to the Reubenites, and to the Gadites, and to the half-tribe of the Manassites.
Yɛfaa wɔn asase de maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw no fa sɛ wɔn agyapade.
9 Therefore keep the words of this covenant and do them, that you may prosper in all that you do.
Ɛno nti, munni saa apam yi so sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara a mobɛyɛ no bɛyɛ yiye.
10 All of you stand today in the presence of the LORD your God: your heads, your tribes, your elders, and your officers, even all the men of Israel,
Mo nyinaa—mo mmusuakuw mpanyimfo, mo atemmufo, mo ahwɛfo ne Israel mmarima nyinaa, nnɛ mugyina Awurade, mo Nyankopɔn no, anim;
11 your little ones, your wives, and the foreigners who are in the middle of your camps, from the one who cuts your wood to the one who draws your water,
mo ne mo mma ne mo yerenom ne ahɔho a wɔte mo mu a wobu mo nnua, soa mo nsu.
12 that you may enter into the covenant of the LORD your God, and into his oath, which the LORD your God makes with you today,
Mugyina ha sɛ mo ne Awurade, mo Nyankopɔn no, rebɛyɛ apam; apam a Awurade ne mo reyɛ nnɛ na ɔde ntam resɔw ano
13 that he may establish you today as his people, and that he may be your God, as he spoke to you and as he swore to your fathers, to Abraham, to Isaac, and to Jacob.
na wasi so gyinae sɛ nnɛ, moyɛ ne nkurɔfo na ɔno nso bɛyɛ mo Nyankopɔn, sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ no na ɔkaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no.
14 Neither do I make this covenant and this oath with you only,
Mereyɛ saa apam yi a ne ntam bata ho a, ɛnyɛ mo nko a,
15 but with those who stand here with us today before the LORD our God, and also with those who are not here with us today
mo ne yɛn gyina ha nnɛ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim na mmom, wɔn a wonni ha nnɛ nso ka ho bi.
16 (for you know how we lived in the land of Egypt, and how we came through the middle of the nations through which you passed;
Mo ankasa munim sɛnea yɛtenaa Misraim ne sɛnea yɛreba ha no yɛfaa aman so besii ha.
17 and you have seen their abominations and their idols of wood, stone, silver, and gold, which were amongst them);
Muhuu akyiwade ahoni a wɔde nnua ne abo ne dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ wɔ wɔn nkyɛn.
18 lest there should be amongst you man, woman, family, or tribe whose heart turns away today from the LORD our God, to go to serve the gods of those nations; lest there should be amongst you a root that produces bitter poison;
Monhwɛ yiye sɛ ɔbarima anaa ɔbea anaa abusua biara a ɛwɔ mo mu nnɛ no mu biara koma rennan mfi Awurade, mo Nyankopɔn no, ho nkɔsom saa aman yi anyame; monhwɛ sɛ ntin biara nni mo mu a epuw bɔre a ɛyɛ nwen saa.
19 and it happen, when he hears the words of this curse, that he bless himself in his heart, saying, “I shall have peace, though I walk in the stubbornness of my heart,” to destroy the moist with the dry.
Sɛ saa onipa no te ntam yi mu nsɛm na ohyira ne ho, na ɔka wɔ ne tirim se, “Me ho sɔnn, ɛmfa ho sɛ menam asoɔden kwan so.” Eyi de atoyerɛnkyɛm bɛba asase a so afɔw ne nea so awo no nyinaa so.
20 The LORD will not pardon him, but then the LORD’s anger and his jealousy will smoke against that man, and all the curse that is written in this book will fall on him, and the LORD will blot out his name from under the sky.
Awurade remfa nkyɛ saa onipa no. Nʼabufuw ne ne ninkunu bɛdɛw atia no. Nnome a wɔakyerɛw no saa nhoma yi mu no nyinaa bɛba ne so na Awurade bɛpepa ne din afi ɔsoro ase.
21 The LORD will set him apart for evil out of all the tribes of Israel, according to all the curses of the covenant written in this scroll of the Torah.
Awurade bɛtwe no afi Israel mmusuakuw nyinaa mu na wahwie apam no mu nnome nyinaa a wɔakyerɛw wɔ saa mmara nhoma no mu no agu ne so.
22 The generation to come—your children who will rise up after you, and the foreigner who will come from a far land—will say, when they see the plagues of that land, and the sicknesses with which the LORD has made it sick,
Mo mma a wɔbɛba wɔ daakye awo ntoatoaso mu no ne wɔn a wofi ahɔho ase a wofi akyirikyiri asase so behu asase no sɛe ne nyarewa a Awurade de bɛbrɛ asase no.
23 that all of its land is sulphur, salt, and burning, that it is not sown, doesn’t produce, nor does any grass grow in it, like the overthrow of Sodom, Gomorrah, Admah, and Zeboiim, which the LORD overthrew in his anger, and in his wrath.
Wobehu sɛ, wɔn asase no nyinaa adan sufre ne nkyene a wonnua so hwee, na hwee mfifi wɔ so na ahabammono biara nnyina so, a ɛnyɛ yiye na hwee nso nnyin wɔ so; sare ahaban mpo. Ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim a Awurade sɛee no nʼabufuwhyew mu no.
24 Even all the nations will say, “Why has the LORD done this to this land? What does the heat of this great anger mean?”
Aman a atwa ahyia no bebisa se, “Adɛn nti na Awurade ayɛ saa asase yi saa? Adɛn nti na ne bo fu dennen saa?”
25 Then men will say, “Because they abandoned the covenant of the LORD, the God of their fathers, which he made with them when he brought them out of the land of Egypt,
Na wɔbɛka akyerɛ wɔn se, “Saa asɛm yi sii, efisɛ nnipa a wɔwɔ asase no so buu apam a wɔne Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no, yɛe bere a oyii wɔn fii Misraim asase so no.
26 and went and served other gods and worshipped them, gods that they didn’t know and that he had not given to them.
Wɔdan kɔsom anyame afoforo wɔkotow wɔn, anyame a wonnim wɔn, anyame a Awurade nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsom.
27 Therefore the LORD’s anger burnt against this land, to bring on it all the curses that are written in this book.
Ɛno nti Awurade abufuw dɛw tiaa saa asase yi, nam so de nnome a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no nyinaa baa wɔn so no.
28 The LORD rooted them out of their land in anger, in wrath, and in great indignation, and thrust them into another land, as it is today.”
Abufuwhyew mu, Awurade tutuu ne nkurɔfo ase fii wɔn asase so twaa wɔn asu de wɔn koguu asase foforo so, sɛnea ɛte mprempren yi.”
29 The secret things belong to the LORD our God; but the things that are revealed belong to us and to our children forever, that we may do all the words of this law.
Kokoamsɛm yɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn no, dea, nanso nneɛma a wɔda no adi no yɛ yɛn ne yɛn asefo dea daa, sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi saa mmara yi mu nsɛm so.

< Deuteronomy 29 >