< שמואל א 18 >

ויהי ככלתו לדבר אל שאול ונפש יהונתן נקשרה בנפש דוד ויאהבו (ויאהבהו) יהונתן כנפשו 1
Bere a Dawid ne Saulo kasa wiei no, ohyiaa ɔhenebabarima Yonatan. Wɔn baanu no dɔɔ wɔn ho wɔn ho prɛko pɛ na wɔbɛyɛɛ nnamfo pa ara.
ויקחהו שאול ביום ההוא ולא נתנו לשוב בית אביו 2
Efi saa da no, Saulo gyee Dawid tenaa ahemfi hɔ a wampɛ sɛ ɔbɛsan akɔ ne fi.
ויכרת יהונתן ודוד ברית באהבתו אתו כנפשו 3
Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ nnamfo.
ויתפשט יהונתן את המעיל אשר עליו ויתנהו לדוד ומדיו ועד חרבו ועד קשתו ועד חגרו 4
Na Yonatan de ne batakari, nhyɛase, afoa, agyan ne nkyekyeremu maa Dawid de sɔw apam no ano.
ויצא דוד בכל אשר ישלחנו שאול ישכיל וישמהו שאול על אנשי המלחמה וייטב בעיני כל העם וגם בעיני עבדי שאול 5
Biribiara a Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnyɛ no, Dawid yɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Enti Saulo yɛɛ no nʼasraafo so ɔsahene, maa nʼakofo ne wɔn mpanyimfo nyinaa de anigye penee so.
ויהי בבואם בשוב דוד מהכות את הפלשתי ותצאנה הנשים מכל ערי ישראל לשור (לשיר) והמחלות לקראת שאול המלך--בתפים בשמחה ובשלשים 6
Nanso bere a Israelfo nkonimdifo rekɔ fie, na Dawid akum Filistini no, mmea fifi nkurow a ɛbɛn ɔkwan no ho no bɛtwee mmommomme hyiaa Ɔhene Saulo a na wɔde anigye reto nnwom, bɔ akasae ne kyɛnkyɛn.
ותענינה הנשים המשחקות ותאמרן הכה שאול באלפו ודוד ברבבתיו 7
Wɔresaw no, wɔtoo dwom se: Saulo akum ne apem apem, na Dawid de ne mpem du du!
ויחר לשאול מאד וירע בעיניו הדבר הזה ויאמר נתנו לדוד רבבות ולי נתנו האלפים ועוד לו אך המלוכה 8
Eyi maa Saulo bo fuw yiye. Ɔkae se, “Eyi ase ne dɛn? Wɔde mpem du mpem du abata Dawid din ho, na me de, wɔde apem apem pɛ. Dɛn na aka sen sɛ wobesi no hene?”
ויהי שאול עון (עוין) את דוד מהיום ההוא והלאה 9
Efi saa bere no, Saulo tuu nʼani sii Dawid so.
ויהי ממחרת ותצלח רוח אלהים רעה אל שאול ויתנבא בתוך הבית ודוד מנגן בידו כיום ביום והחנית ביד שאול 10
Ade kyee no, Onyankopɔn honhom bɛhyɛɛ Saulo so. Na ɔrehyɛ nkɔm wɔ ne fi, bere a na Dawid rebɔ ne sanku sɛnea na ɔtaa yɛ no. Na Saulo kura peaw
ויטל שאול את החנית ויאמר אכה בדוד ובקיר ויסב דוד מפניו פעמים 11
na ɔkaa wɔ ne tirim se, “Mesina Dawid atare ɔfasu no.” Nanso Dawid huruw sii nkyɛn na oguanee mpɛn abien.
וירא שאול מלפני דוד כי היה יהוה עמו ומעם שאול סר 12
Na Saulo suro Dawid, efisɛ na Awurade agyaw no akɔ Dawid afa.
ויסרהו שאול מעמו וישמהו לו שר אלף ויצא ויבא לפני העם 13
Enti Saulo yii Dawid fii ne ho na ɔma ɔkɔyɛɛ ɔsafohene wɔ asraafo apem so, na, Dawid dii saa nsraadɔm no anim de wɔn kɔɔ ɔsa.
ויהי דוד לכל דרכו משכיל ויהוה עמו 14
Biribiara a Dawid yɛe no, odii nkonim wɔ mu, efisɛ na Awurade ka ne ho.
וירא שאול אשר הוא משכיל מאד ויגר מפניו 15
Saulo huu eyi no, osuroo no.
וכל ישראל ויהודה אהב את דוד כי הוא יוצא ובא לפניהם 16
Nanso Israel ne Yuda nyinaa dɔɔ Dawid, efisɛ na odi nʼakofo anim kɔ ɔsa a, odi nkonim.
ויאמר שאול אל דוד הנה בתי הגדולה מרב אתה אתן לך לאשה--אך היה לי לבן חיל והלחם מלחמות יהוה ושאול אמר אל תהי ידי בו ותהי בו יד פלשתים 17
Da bi, Saulo ka kyerɛɛ Dawid se, “Mepɛ sɛ mede me babea panyin Merab ma wo aware. Nea edi kan ne sɛ wobɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔkofo kɛse a wobɛko Awurade ko no.” Na Saulo kaa wɔ ne tirim se, “Merenteɛ me nsa wɔ ne so. Mɛma wakɔko atia Filistifo no na wɔakum no.”
ויאמר דוד אל שאול מי אנכי ומי חיי משפחת אבי בישראל--כי אהיה חתן למלך 18
Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo se, “Me sɛɛ ne hena a mɛyɛ ɔhene ase? Me fi ne mʼagya abusua a ɛwɔ Israel nka hwee?”
ויהי בעת תת את מרב בת שאול--לדוד והיא נתנה לעדריאל המחלתי לאשה 19
Enti bere no duu sɛ wɔde Saulo babea Merab ma Dawid aware no, wɔde no maa Adriel a ofi Meholat aware.
ותאהב מיכל בת שאול את דוד ויגדו לשאול וישר הדבר בעיניו 20
Na Saulo babea Mikal dɔ Dawid, enti bere a Saulo tee no, ɛyɛɛ no anigye.
ויאמר שאול אתננה לו ותהי לו למוקש ותהי בו יד פלשתים ויאמר שאול אל דוד בשתים תתחתן בי היום 21
Saulo kaa wɔ ne tirim se, “Mede no bɛma no na wafa so ayɛ afiri a ɛbɛma Filistifo nsa aka no akum no.” Na ɔka kyerɛɛ Dawid se, “Afei, ɔkwan a ɛto so abien a wobɛfa so ayɛ mʼase no abue ama wo.”
ויצו שאול את עבדו דברו אל דוד בלט לאמר הנה חפץ בך המלך וכל עבדיו אהבוך ועתה התחתן במלך 22
Na Saulo hyɛɛ ne nkoa se, “Monka no kokoa mu nkyerɛ Dawid se, ‘Hwɛ, ɔhene ani sɔ wo, na yɛn nyinaa pɛ wʼasɛm. Adɛn nti na wompɛ sɛ woyɛ ɔhene ase barima?’”
וידברו עבדי שאול באזני דוד את הדברים האלה ויאמר דוד הנקלה בעיניכם התחתן במלך ואנכי איש רש ונקלה 23
Wotii saa nsɛm yi mu kyerɛɛ Dawid. Nanso Dawid kae se, “Ohiani ba a me fi nni bi, mususuw sɛ ɛyɛ ade a ɛda fam sɛ obi bɛyɛ ɔhene nʼase ana?”
ויגדו עבדי שאול לו--לאמר כדברים האלה דבר דוד 24
Nkoa no kɔkaa asɛm a Dawid ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ Saulo no,
ויאמר שאול כה תאמרו לדוד אין חפץ למלך במהר כי במאה ערלות פלשתים להנקם באיבי המלך ושאול חשב להפיל את דוד ביד פלשתים 25
Saulo kae se, “Monkɔka nkyerɛ Dawid se, ‘Ɔhene nhwehwɛ ti nsa biara sɛ Filistifo ɔha mmarima ano were. Mʼatamfo so aweretɔ nko ara ne ade a mepɛ.’” Na Saulo adwene ara ne sɛ wobekum Dawid wɔ akono.
ויגדו עבדיו לדוד את הדברים האלה וישר הדבר בעיני דוד להתחתן במלך ולא מלאו הימים 26
Dawid de anigye penee adebisa no so. Enti ansa na bere no duu no,
ויקם דוד וילך הוא ואנשיו ויך בפלשתים מאתים איש ויבא דוד את ערלתיהם וימלאום למלך להתחתן במלך ויתן לו שאול את מיכל בתו לאשה 27
Dawid ne ne mmarima kɔ kokum Filistifo no ahannu. Ɔde wɔn mmarima ano were brɛɛ ɔhene. Enti Saulo de ne babea Mikal maa Dawid aware.
וירא שאול וידע כי יהוה עם דוד ומיכל בת שאול אהבתהו 28
Saulo huu sɛ Awurade ka Dawid ho, na ne babea Mikal nso dɔ Dawid no,
ויאסף שאול לרא מפני דוד--עוד ויהי שאול איב את דוד כל הימים 29
Saulo kɔɔ so suroo no, na ne nna a aka no mu no, Dawid kɔɔ so yɛɛ Saulo tamfo.
ויצאו שרי פלשתים ויהי מדי צאתם שכל דוד מכל עבדי שאול וייקר שמו מאד 30
Bere biara a Filistifo asraafo tow hyɛɛ Israel so no, Dawid dii nkonim sen Saulo asahene a wɔaka no. Eyi maa Dawid gyee din wɔ asase no so nyinaa.

< שמואל א 18 >