< יחזקאל 19 >

ואתה שא קינה אל נשיאי ישראל 1
“Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom
ואמרת מה אמך לביא בין אריות רבצה בתוך כפרים רבתה גוריה 2
na monka se: “‘Na wo na yɛ gyatabere mu sononko wɔ gyata mu! Ɔdaa gyataforo mu yɛn ne mma.
ותעל אחד מגריה כפיר היה וילמד לטרף טרף אדם אכל 3
Ɔyɛn ne mma no mu baako ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfo. Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu, na ɔwee nnipa nam.
וישמעו אליו גוים בשחתם נתפש ויבאהו בחחים אל ארץ מצרים 4
Amanaman no tee ne nka, na wɔn amoa yii no. Wɔkyekyeree no de no kɔɔ Misraim asase so.
ותרא כי נוחלה אבדה תקותה ותקח אחד מגריה כפיר שמתהו 5
“‘Bere a ohuu sɛ nʼanidaso anyɛ hɔ, na nea ɔrehwɛ anim ayera no, ɔfaa ne ba foforo yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfo.
ויתהלך בתוך אריות כפיר היה וילמד לטרף טרף אדם אכל 6
Okyinkyin gyata no mu efisɛ na wayɛ gyata hoɔdenfo. Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu na ɔwee nnipa nam.
וידע אלמנותיו ועריהם החריב ותשם ארץ ומלאה מקול שאגתו 7
Obubuu wɔn abandennen na ɔsɛee wɔn nkurow. Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no, ne mmubomu bɔɔ wɔn hu.
ויתנו עליו גוים סביב ממדינות ויפרשו עליו רשתם בשחתם נתפש 8
Afei amanaman no sɔre tiaa no, wɔn a wofi nsase a atwa ahyia no so. Woguu no asau kyeree no wɔ wɔn amoa mu.
ויתנהו בסוגר בחחים ויבאהו אל מלך בבל יבאהו במצדות למען לא ישמע קולו עוד אל הרי ישראל 9
Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ buw mu na wɔde no brɛɛ Babilonia hene. Wɔde no too afiase, na wɔante ne mmubomu no bio wɔ Israel mmepɔw no so.
אמך כגפן בדמך על מים שתולה פריה וענפה היתה ממים רבים 10
“‘Na wo na te sɛ bobedua a wɔatɛw no asu ho wɔ wo bobeturo mu. Na ɛsow aba, na eyiyii mman nsu a onya no bebree no nti.
ויהיו לה מטות עז אל שבטי משלים ותגבה קומתו על בין עבתים וירא בגבהו ברב דליתיו 11
Ne mman yɛɛ den yiye; edi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempema. Ɛkorɔn, bunkam faa nhaban a ayɛ kuhaa no so, ne sorokɔ ne ne mman bebree no maa no yɛɛ sononko.
ותתש בחמה לארץ השלכה ורוח הקדים הוביש פריה התפרקו ויבשו מטה עזה אש אכלתהו 12
Nanso wɔde abufuwhyew tuu nʼase de no hwee fam. Apuei mframa maa no kasae, ɛsow aba tetew gui; na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwamee na ogya hyewee.
ועתה שתולה במדבר בארץ ציה וצמא 13
Afei wɔakɔtɛw no wɔ sare so asase kesee a nsu nni mu mu.
ותצא אש ממטה בדיה פריה אכלה ולא היה בה מטה עז שבט למשול קינה היא ותהי לקינה 14
Ogya trɛw fii ne mman baako so na ɛhyew nʼaba. Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ so; nea wɔde yɛ ahemfo ahempema ma ɛyɛ yiye no.’ Eyi yɛ kwadwom na ma wɔnto no saa.”

< יחזקאל 19 >