< נחמיה 6 >

ויהי כאשר נשמע לסנבלט וטוביה ולגשם הערבי וליתר איבינו כי בניתי את החומה ולא נותר בה פרץ--גם עד העת ההיא דלתות לא העמדתי בשערים 1
Bere a Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfo nkae no huu sɛ masiesie ɔfasu no awie a ɔkwan biara nneda ntam; nanso saa bere no na minsisii apon no,
וישלח סנבלט וגשם אלי לאמר לכה ונועדה יחדו בכפירים בבקעת אונו והמה חשבים לעשות לי רעה 2
Sanbalat ne Gesem de nkra brɛɛ me se, minhyia wɔn wɔ nkuraa no baako a ɛwɔ Ono tataw so hɔ. Nanso mihuu sɛ wɔrepam me ti so,
ואשלחה עליהם מלאכים לאמר--מלאכה גדולה אני עשה ולא אוכל לרדת למה תשבת המלאכה כאשר ארפה וירדתי אליכם 3
enti memaa wɔn mmuae se, “Mereyɛ adwuma kɛse bi a merentumi nnyae mmehyia mo.”
וישלחו אלי כדבר הזה ארבע פעמים ואשיב אותם כדבר הזה 4
Wɔmaa me saa nkra no mpɛn anan. Ne nyinaa mu no, memaa mmuae koro no ara.
וישלח אלי סנבלט כדבר הזה פעם חמישית--את נערו ואגרת פתוחה בידו 5
Ne mpɛn anum so no, Sanbalat somfo bae no na okura krataa a wɔakyerɛw.
כתוב בה בגוים נשמע וגשמו אמר אתה והיהודים חשבים למרוד על כן אתה בונה החומה ואתה הוה להם למלך--כדברים האלה 6
Na krataa no mu nsɛm ni: “Gesem aka akyerɛ me se, baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte sɛ wo ne Yudafo no repam atew atua; ɛno nti na woresiesie ɔfasu no. Nea ɛka ho ne sɛ, wopɛ sɛ wubedi wɔn so hene,
וגם נביאים העמדת לקרא עליך בירושלם לאמר מלך ביהודה ועתה ישמע למלך כדברים האלה ועתה לכה ונועצה יחדו 7
na mpo, woayi adiyifo bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem se, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wugye to mu sɛ, saa asɛm yi beduu ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.”
ואשלחה אליו לאמר--לא נהיה כדברים האלה אשר אתה אומר כי מלבך אתה בודאם 8
Mibuae se, “Wunim sɛ woretwa atoro. Asɛm a woreka no, nokware baako koraa nni mu.”
כי כלם מיראים אותנו לאמר ירפו ידיהם מן המלאכה ולא תעשה ועתה חזק את ידי 9
Huna na na wɔpɛ sɛ wohunahuna yɛn. Na wususuw sɛ wobetumi abu yɛn aba mu na yegyae adwuma no yɛ. Ɛno nti, mebɔɔ mpae sɛ menya ahoɔden de atoa dwumadi no so.
ואני באתי בית שמעיה בן דליה בן מהיטבאל--והוא עצור ויאמר נועד אל בית האלהים אל תוך ההיכל ונסגרה דלתות ההיכל--כי באים להרגך ולילה באים להרגך 10
Akyiri no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nena Semaia a ɔhyɛ ne fi na ɔnkɔ baabiara no. Ɔkae se, “Ma yenhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apon no akyi. Wʼatamfo reba abekum wo anadwo yi.”
ואמרה האיש כמוני יברח ומי כמוני אשר יבא אל ההיכל וחי לא אבוא 11
Na mibuae se, “Enti ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me guan amanehunu ana? Enti ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me bɛkɔ akohintaw Asɔredan mu de apere me nkwa ana? Dabi, merenyɛ saa!”
ואכירה והנה לא אלהים שלחו כי הנבואה דבר עלי וטוביה וסנבלט שכרו 12
Mihuu sɛ Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛe no tia me, efisɛ Tobia ne Sanbalat abɔ no paa.
למען שכור הוא למען אירא ואעשה כן וחטאתי והיה להם לשם רע למען יחרפוני 13
Na wosusuw sɛ wobehunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me sobo, asɛe me din.
זכרה אלהי לטוביה ולסנבלט כמעשיו אלה וגם לנועדיה הנביאה וליתר הנביאים אשר היו מיראים אותי 14
Me Nyankopɔn, kae bɔne a Tobia ne Sanbalat ayɛ no nyinaa. Na kae odiyifobea Noadia ne adiyifo a wɔte sɛ ɔno a wɔpɛe sɛ wohunahuna me no.
ותשלם החומה בעשרים וחמשה לאלול--לחמשים ושנים יום 15
Enti Elul ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛto so abien no, wowiee ɔfasu no asiesie, nnafua aduonum abien a wofii dwumadi no ase no mu.
ויהי כאשר שמעו כל אויבינו ויראו כל הגוים אשר סביבתינו ויפלו מאד בעיניהם וידעו--כי מאת אלהינו נעשתה המלאכה הזאת 16
Bere a yɛn atamfo ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia tee no, wosuroe, na ɛma wɔbotowee. Wohuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.
גם בימים ההם מרבים חרי יהודה אגרתיהם הולכות על טוביה ואשר לטוביה באות אליהם 17
Saa nnafua aduonum abien no mu no, nkrataa bebree dii akɔneaba wɔ Tobia ne Yuda adwumayɛfo no ntam.
כי רבים ביהודה בעלי שבועה לו--כי חתן הוא לשכניה בן ארח ויהוחנן בנו--לקח את בת משלם בן ברכיה 18
Efisɛ na Yudafo bebree aka ntam sɛ, wɔbɛsom no. Afei, na Tobia ase ne Arah babarima Sekania. Na Sekania babarima Yehohanan nso aware Berekia babarima Mesulam babea.
גם טובתיו היו אמרים לפני ודברי היו מוציאים לו אגרות שלח טוביה ליראני 19
Wɔkɔɔ so kaa sɛnea Tobia ho yɛ nwonwa fa no kyerɛɛ me, na wɔkaa biribiara a mekae nso kyerɛɛ no. Na Tobia de ahunahuna nkrataa bebree brɛɛ me.

< נחמיה 6 >