< 箴言 知恵の泉 20 >

1 酒は人をして嘲らせ 濃酒は人をして騒がしむ 之に迷はさるる者は無智なり
Nsa yɛ ɔfɛwdifo na nsaden yɛ ɔtɔkwapɛfo; na obiara a nsa bɛma wafom kwan no nyɛ onyansafo.
2 王の震怒は獅の吼るがごとし 彼を怒らする者は自己のいのちを害ふ
Ɔhene abufuwhyew te sɛ gyata mmubomu; na nea ɔhyɛ no abufuw no de nkwa twa so.
3 穩かに居りて爭はざるは人の榮譽なりすべて愚なる者は怒り爭ふ
Ɛyɛ onipa anuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa, nanso ogyimifo biara pɛ ntɔkwaw.
4 惰者は寒ければとて耕さず この故に収穫のときにおよびて求るとも得るところなし
Onihawfo mfuntum nʼasase wɔ ne bere mu; enti edu twabere a onya hwee.
5 人の心にある謀計は深き井の水のごとし 然れど哲人はこれを汲出す
Onipa koma botae yɛ asubun, nanso nea ɔwɔ nhumu no twetwe ma epue.
6 凡そ人は各自おのれの善を誇る されど誰か忠信なる者に遇しぞ
Nnipa dodow no ara ka se wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da, na hena na obetumi ahu ɔnokwafo?
7 身を正しくして歩履む義人はその後の子孫に福祉あるべし
Ɔtreneeni bu ɔbra kronkron; nhyira nka ne mma a wɔba wɔ nʼakyi.
8 審判の位に坐する王はその目をもてすべての惡を散す
Sɛ ɔhene tena nʼahengua so bu atɛn a, ɔde nʼani huhuw bɔne nyinaa so gu.
9 たれか我わが心をきよめ わが罪を潔められたりといひ得るや
Hena na obetumi aka se, “Mapra me koma mu; meyɛ kronkron na minni bɔne?”
10 二種の權衡二種の斗量は等しくヱホバに憎まる
Nkaribo ne susudua a ɛnyɛ papa no, Awurade kyi nʼabien no nyinaa.
11 幼子といへどもその動作によりておのれの根性の清きか或は正しきかをあらはす
Mpo wɔnam abofra nketewa nneyɛe so hu wɔn, saa ara na ne suban yɛ kronkron ne papa no.
12 聽くところの耳と視るところの眼とはともにヱホバの造り給へるものなり
Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hu ade, Awurade na wayɛ nʼabien no nyinaa.
13 なんぢ睡眠を愛すること勿れ 恐くは貧窮にいたらん 汝の眼をひらけ 然らば糧に飽べし
Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia; nna, na wubenya aduan ama abu so.
14 買者はいふ惡し惡しと 然れど去りて後はみづから誇る
Adetɔni ka se, “Enye, enye!” nanso sɛ ɔkɔ a ɔde nea watɔ no hoahoa ne ho.
15 金もあり眞珠も多くあれど貴き器は知識のくちびるなり
Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhene pa nso abu so, na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ na.
16 人の保證をなす者よりは先その衣をとれ 他人の保證をなす者をばかたくとらへよ
Fa obi a odi ɔhɔho akagyinamu atade; sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa.
17 欺きとりし糧は人に甜し されど後にはその口に沙を充されん
Aduan a wonya no ɔkwan bɔne so no yɛ onipa anom dɛ, nanso akyiri no, ɛdan mmosea wɔ nʼanom.
18 謀計は相議るによりて成る 戰はんとせば先よく議るべし
Pɛ afotu yɛ wo nhyehyɛe; sɛ wutu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.
19 あるきめぐりて人の是非をいふ者は密事をもらす 口唇をひらきてあるくものと交ること勿れ
Osekuni da kokoamsɛm adi; enti twe wo ho fi onipa a ɔkasa bebree ho.
20 おのれの父母を罵るものはその燈火くらやみの中に消ゆべし
Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne na a, wobedum ne kanea wɔ sum kabii mu.
21 初に俄に得たる產業はその終さいはひならず
Agyapade a wɔpere ho nya no, renyɛ nhyira akyiri no.
22 われ惡に報いんと言ふこと勿れ ヱホバを待て 彼なんぢを救はん
Nka se, “Metua wo saa bɔne yi so ka!” Twɛn Awurade, na obegye wo.
23 二種の法馬はヱホバに憎まる 虚偽の權衡は善らず
Awurade kyi nkaribo a ɛnyɛ papa, na asisi nsania nso nsɔ nʼani.
24 人の歩履はヱホバによる 人いかで自らその道を明かにせんや
Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntu. Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?
25 漫に誓願をたつることは其人の罟となる誓願をたててのちに考ふることも亦然り
Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a, osum ne ho afiri.
26 賢き王は箕をもて簸るごとく惡人を散し 車輪をもて碾すごとく之を罰す
Ɔhene nyansafo hu amumɔyɛfo; na ɔde awiyam afiri hankare fa wɔn so.
27 人の霊魂はヱホバの燈火にして人の心の奧を窺ふ
Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu, ɛhwehwɛ ne mu baabiara.
28 王は仁慈と眞實をもて自らたもつ その位もまた恩惠のおこなひによりて堅くなる
Ɔdɔ ne nokwaredi bɔ ɔhene ho ban; nʼadɔe ma nʼahengua tim.
29 少者の榮はその力 おいたる者の美しきは白髮なり
Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden, tidwen nso ne mmasiriwa anuonyam.
30 傷つくまでに打たば惡きところきよまり 打てる鞭は腹の底までもとほる
Ɔhwe ne apirakuru hohoro amumɔyɛ, mmaatwa tew koma mu.

< 箴言 知恵の泉 20 >