< 歴代誌Ⅱ 32 >

1 ヒゼキヤがこれらの事を忠実に行った後、アッスリヤの王セナケリブが来てユダに侵入し、堅固な町々に向かって陣を張り、これを攻め取ろうとした。
Ɔhene Hesekia de nokorɛdie wiee saa dwumadie yi, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda so, dii so nkonim. Ɔtuaa nkuro a wɔabɔ ho ban no, na ɔhyɛɛ nʼakodɔm sɛ wɔmmubu wɔn afasuo no, mmɔ nhyɛne mu.
2 ヒゼキヤはセナケリブが来て、エルサレムを攻めようとするのを見たので、
Ɛberɛ a Hesekia hunuu sɛ Sanaherib asane ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛto ahyɛ Yerusalem so no,
3 そのつかさたちおよび勇士たちと相談して、町の外にある泉の水を、ふさごうとした。彼らはこれを助けた。
ɔne ne mpanimfoɔ ne nʼasraafoɔ mu afotufoɔ tuu agyina. Wɔsii gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsi nsutire no kwan na antene ankɔ kuropɔn no akyi.
4 多くの民は集まって、すべての泉および国の中を流れる谷川をふさいで言った、「アッスリヤの王たちがきて、多くの水を得られるようなことをしておいていいだろうか」。
Wɔboaboaa adwumayɛfoɔ ano sɛ wɔnkɔsi nsutire kwan na antene ankɔ mfuo no mu. Na wɔkaa sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ Asiria ahemfo bɛba ha abɛnya nsuo bebree?”
5 ヒゼキヤはまた勇気を出して、破れた城壁をことごとく築き直して、その上にやぐらを建て、その外にまた城壁を巡らし、ダビデの町のミロを堅固にし、武器および盾を多く造り、
Afei, Hesekia miaa ne banbɔ mu, ɔsiesiee ɔfasuo no baabiara a abubuo no, na ɔtoo ɔfasuo foforɔ kaa deɛ ɛwɔ hɔ dada no ho. Ɔsane miaa banbɔ a ɛwɔ Milo a ɛwɔ Dawid kuropɔn no mu no. Afei ɔyɛɛ akodeɛ ne akokyɛm bebree.
6 軍長を民の上に置き、町の門の広場に民を集めて、これを励まして言った、
Ɔyii asraafoɔ mpanimfoɔ, ma wɔhwɛɛ ɔmanfoɔ no so, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmmɛhyia no wɔ kuro no ɛpono ano adwaberem hɔ. Na Hesekia kaa nkuranhyɛsɛm kyerɛɛ wɔn sɛ,
7 「心を強くし、勇みたちなさい。アッスリヤの王をも、彼と共にいるすべての群衆をも恐れてはならない。おののいてはならない。われわれと共におる者は彼らと共におる者よりも大いなる者だからである。
“Monyɛ den na momma mo bo nyɛ duru. Monnsuro Asiriahene anaa nʼakodɔm kɛseɛ no, na yɛwɔ tumi a ɛso wɔ yɛn afa.
8 彼と共におる者は肉の腕である。しかしわれわれと共におる者はわれわれの神、主であって、われわれを助け、われわれに代って戦われる」。民はユダの王ヒゼキヤの言葉に安心した。
Ɛwom sɛ ɔwɔ akodɔm kɛseɛ deɛ, nanso wɔyɛ nnipa kɛkɛ. Yɛwɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn a ɔbɛboa yɛn, adi ako ama yɛn.” Saa nsɛm a Hesekia, Yudahene kaeɛ yi hyɛɛ ɔmanfoɔ no nkuran bebree.
9 この後アッスリヤの王セナケリブはその全軍をもってラキシを囲んでいたが、その家来をエルサレムにつかわして、ユダの王ヒゼキヤおよびエルサレムにいるすべてのユダの人に告げさせて言った、
Ɛberɛ a Asiriahene Sanaherib gu so retua Lakis kuro no, ɔsomaa mpanimfoɔ kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa saa nkra yi nkɔma Hesekia ne ne manfoɔ a wɔwɔ kuro no mu nyinaa:
10 「アッスリヤの王セナケリブはこう言います、『あなたがたは何を頼んでエルサレムにこもっているのか。
“Sɛdeɛ Asiriahene Sanaherib seɛ nie: Ɛdeɛn na mode mo ho to so, na ɛma mo susu sɛ, mobɛtumi agyina Yerusalem tua yi ano?
11 ヒゼキヤは「われわれの神、主がアッスリヤの王の手から、われわれを救ってくださる」と言って、あなたがたをそそのかし、飢えと、かわきをもって、あなたがたを死なせようとしているのではないか。
Hesekia aka sɛ: ‘Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛgye yɛn afiri Asiriahene nsam.’ Nokorɛm, Hesekia regyegye mo, ama ɛkɔm ne sukɔm akum mo!
12 このヒゼキヤは主のもろもろの高き所と祭壇を取り除き、ユダとエルサレムに命じて、「あなたがたはただ一つの祭壇の前で礼拝し、その上に犠牲をささげなければならない」と言った者ではないか。
Nokorɛm, deɛ ɛsɛ sɛ mote aseɛ ne sɛ, Hesekia no ara na ɔbubuu Awurade asɔreeɛ ne afɔrebukyia no nyinaa. Ɔhyɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ wɔnsom wɔ afɔrebukyia baako pɛ a ɛwɔ Asɔredan no mu no so, na wɔmmɔ afɔdeɛ ahodoɔ wɔ ɛno nko ara so.
13 あなたがたは、わたしおよびわたしの先祖たちが、他の国々のすべての民にしたことを知らないのか。それらの国々の民の神々は、少しでもその国を、わたしの手から救い出すことができたか。
“Nokorɛm, ɛsɛ sɛ mohunu deɛ me ne Asiria ahemfo a aka no ayɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Anyame a na wɔwɔ saa aman no so no tumi gyee wɔn nkurɔfoɔ firii me tumi ase?
14 わたしの先祖たちが滅ぼし尽したそれらの国民のもろもろの神のうち、だれか自分の民をわたしの手から救い出すことのできたものがあるか。それで、どうしてあなたがたの神が、あなたがたをわたしの手から救い出すことができよう。
Ma nhwɛsoɔ baako kyerɛ onyame bi a ɔwɔ baabi a ɔtumi gyee ne nkurɔfoɔ firii me nsam! Ɛdeɛn na ɛma wodwene sɛ, wo Onyankopɔn bɛtumi ayɛ ade pa bi?
15 それゆえ、あなたがたはヒゼキヤに欺かれてはならない。そそのかされてはならない。また彼を信じてはならない。いずれの民、いずれの国の神もその民をわたしの手、または、わたしの先祖の手から救いだすことができなかったのだから、ましてあなたがたの神が、どうしてわたしの手からあなたがたを救いだすことができようか』」。
Mommma Hesekia mmu mo kwasea. Mommma ɔnnaadaa mo saa! Meti mu, ka bio sɛ, ɔman biara nyame ntumi nnyee ne nkurɔfoɔ mfirii me anaa mʼagyanom nsam da. Na ɛbɛyɛ dɛn na mo Onyankopɔn agye mo afiri me tumi ase!”
16 セナケリブの家来は、このほかにも多く主なる神、およびそのしもべヒゼキヤをそしった。
Na Sanaherib mpanimfoɔ kɔɔ so dii Awurade Onyankopɔn ne ne ɔsomfoɔ Hesekia ho fɛw, twaa no adapaa.
17 セナケリブはまた手紙を書き送って、イスラエルの神、主をあざけり、かつそしって言った、「諸国の民の神々が、その民をわたしの手から救い出さなかったように、ヒゼキヤの神も、その民をわたしの手から救い出さないであろう」と。
Ɔhene no sane twerɛɛ nkrataa de buu Awurade, Israel Onyankopɔn animtiaa. Ɔtwerɛɛ sɛ: “Sɛdeɛ anyame a wɔwɔ aman ahodoɔ so antumi annye wɔn nkurɔfoɔ amfiri me tumi ase no, saa ara, na Hesekia Onyankopɔn nso bɛdi nkoguo.”
18 そして彼らは大声をあげ、ユダヤの言葉をもって、城壁の上にいるエルサレムの民に向かって叫び、これをおどし、かつおびやかした。彼らは町を取るためである。
Asiria mpanimfoɔ a wɔde krataa no baeɛ no teateaam de Hebri kasa kaa saa asɛm yi kyerɛɛ nnipa a wɔaboa wɔn ho ano wɔ kuro no ɔfasuo fasin so, de hunahunaa wɔn, sɛdeɛ wɔbɛtumi afa kuropɔn no a wɔmmerɛ ho.
19 このように彼らがエルサレムの神について語ること、人の手のわざである地上の民の神々について語るようであった。
Saa mpanimfoɔ yi kasa faa Yerusalem Onyankopɔn yi ho te sɛ abosonsomfoɔ anyame no mu baako a wɔde nnipa nsa na ɛyɛeɛ no.
20 そこでヒゼキヤ王およびアモツの子預言者イザヤは共に祈って、天に呼ばわったので、
Afei, ɔhene Hesekia ne Amos babarima odiyifoɔ Yesaia bɔɔ mpaeɛ denden, frɛɛ ɔsorosoro Onyankopɔn no.
21 主はひとりのみ使をつかわして、アッスリヤ王の陣営にいるすべての大勇士と将官、軍長らを滅ぼされた。それで王は赤面して自分の国に帰ったが、その神の家にはいった時、その子のひとりが、つるぎをもって彼をその所で殺した。
Na Awurade somaa ɔbɔfoɔ, bɛsɛee Asiria akodɔm ne wɔn asahene ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa. Na Sanaherib de aniwuo sane kɔɔ ne kurom. Na ɔwuraa ne nyame abosonnan mu no, ɔno ankasa mmammarima no mu baako twee ne so akofena, kumm no.
22 このように主は、ヒゼキヤとエルサレムの住民をアッスリヤの王セナケリブの手およびすべての敵の手から救い出し、いたる所で彼らを守られた。
Saa ɛkwan yi na Awurade faa so de gyee Hesekia ne Yerusalem manfoɔ nkwa, firii Asiriahene Sanaherib ne wɔn a wɔhunahuna wɔn no nyinaa nsam. Enti, ɛmaa asomdwoeɛ baa asase no so nyinaa.
23 そこで多くの人々はささげ物をエルサレムに携えてきて主にささげ、また宝物をユダの王ヒゼキヤに贈った。この後ヒゼキヤは万国の民に尊ばれた。
Ɛfiri saa ɛberɛ no, aman a atwa wɔn ho ahyia no de obuo ne anidie a ɛnni kabea maa ɔhene Hesekia, na wɔde akyɛdeɛ bebree a ɛyɛ Awurade dea kɔɔ Yerusalem, na wɔde nneɛma a ɛsom bo kɔmaa Ɔhene Hesekia nso.
24 そのころ、ヒゼキヤは病んで死ぬばかりであったが、主に祈ったので、主はこれに答えて、しるしを賜わった。
Ɛberɛ no mu, Hesekia yaree yarewuo. Ɔbɔɔ mpaeɛ frɛɛ Awurade, maa ɔsaa no yadeɛ daa nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ bi adi kyerɛɛ no.
25 しかしヒゼキヤはその受けた恵みに報いることをせず、その心が高ぶったので、怒りが彼とユダおよびエルサレムに臨もうとしたが、
Nanso, Hesekia anyɛ adɔeɛ a wɔyɛ kyerɛɛ no no so adeɛ, na mmom, ɔbɛyɛɛ ahantan. Enti, Awurade abufuo baa ɔno, Yuda ne Yerusalem nyinaa so.
26 ヒゼキヤはその心の高ぶりを悔いてへりくだり、またエルサレムの住民も同様にしたので、主の怒りは、ヒゼキヤの世には彼らに臨まなかった。
Enti, Hesekia nuu ne ho wɔ nʼahantansu no ho, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no nso brɛɛ wɔn ho ase. Ɛno enti, Hesekia nkwanna mu no, Awurade abufuo amma wɔn so.
27 ヒゼキヤは富と栄誉をきわめ、宝蔵を造って、金、銀、宝石、香料、盾および各種の尊い器物をおさめ、
Hesekia nyaa ne ho, na wɔbuu no yie. Ɔsisii adekoradan sononko bi a ɔkoraa ne dwetɛ, sikakɔkɔɔ, aboɔdemmoɔ, nnuhwam, nʼakyɛm ne ne nneɛma a ɛsom bo pii no wɔ mu.
28 また倉庫を造って穀物、酒、油などの産物をおさめ、小屋を造って種々の家畜を置き、おりを造って羊の群れを置き、
Afei nso, ɔsisii adekoradan de nʼatokoɔ, ne nsã ne ne ngo guu mu; ɔsisii buo bebree maa nʼanantwie ne ne nnwan ne ne mpɔnkye.
29 また多数の町を設け、かつ羊と牛をおびただしく所有した。神が非常に多くの貨財を彼に賜わったからである。
Ɔkyekyeree nkuro pii, pɛɛ nnwan ne anantwie bebree, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn maa no ahonya bebree.
30 このヒゼキヤはまたギホンの水の上の源をふさいで、これをダビデの町の西の方にまっすぐに引き下した。このようにヒゼキヤはそのすべてのわざをなし遂げた。
Ɔsii asutire a na ɛwɔ Gihon atifi fam no, na ɔde nsuo no faa dorobɛn mu kɔɔ Dawid kuropɔn atɔeɛ fam. Na biribiara a ɔyɛeɛ no nso, ɛyɛɛ yie.
31 しかしバビロンの君たちが使者をつかわして、この国にあった、しるしについて尋ねさせた時には、神は彼を試みて、彼の心にあることを、ことごとく知るために彼を捨て置かれた。
Ɛberɛ a Babilonia ananmusifoɔ bɛbisaa nneɛma titire a asisi wɔ asase no so no, Onyankopɔn twee ne ho firi Hesekia ho, de sɔɔ no hwɛeɛ, pɛɛ sɛ ɔhunu deɛ ɛwɔ nʼakoma mu.
32 ヒゼキヤのその他の行為およびその徳行は、アモツの子預言者イザヤの黙示とユダとイスラエルの列王の書にしるされている。
Hesekia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne nʼahofama no, wɔatwerɛ wɔ Amos babarima odiyifoɔ Yesaia anisoadehunu a ɛka Yuda ne Israel ahemfo nwoma ho no mu.
33 ヒゼキヤはその先祖たちと共に眠ったので、ダビデの子孫の墓のうちの高い所に葬られた。ユダの人々およびエルサレムの住民は皆その死に当って彼に敬意を表した。その子マナセが彼に代って王となった。
Ɛberɛ a Hesekia wuiɛ no, wɔsiee no wɔ adehyeɛ amusieeɛ no atifi fam, na Yuda ne Yerusalem nyinaa hyɛɛ no animuonyam ne wuo mu. Afei, ne babarima Manase, dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

< 歴代誌Ⅱ 32 >