< エゼキエル書 21 >

1 主の言葉がわたしに臨んだ、
Awurade asɛm baa me nkyɛn se
2 「人の子よ、あなたの顔をエルサレムに向け、あなたの言葉を聖所に向けてのべ、イスラエルの地に向かって預言し、
“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Yerusalem na kasa tia kronkronbea no. Hyɛ nkɔm tia Israel asase
3 イスラエルの地に言え。主はこう言われる、見よ、わたしはあなたを攻め、わたしのつるぎをさやから抜き、あなたのうちから、正しい者も悪しき者をも断ってしまう。
na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Awurade se: Me ne wo anya. Mɛtwe mʼafoa afi ne boha mu de ayi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu.
4 わたしがあなたのうちから、正しい者も悪しき者をも断つゆえに、わたしのつるぎはさやから抜け出て、南から北までのすべての肉なる者を攻める。
Esiane sɛ merebeyi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu nti, mʼafoa befi ne boha mu atia obiara, fi anafo fam kosi atifi fam.
5 すべて肉なる者は、主なるわたしが、そのつるぎをさやから抜き放ったことを知る。このつるぎは再びさやに納められない。
Afei nnipa nyinaa behu sɛ me Awurade matwe mʼafoa afi ne boha mu na ɛrensan bio.’
6 それゆえ、人の子よ、嘆け、心砕けるまでに嘆き、彼らの目の前でいたく嘆け。
“Enti si apini, onipa ba! Fa koma a abubu ne awerɛhow a ano yɛ den si apini wɔ wɔn anim.
7 人があなたに向かって、『なぜ嘆くのか』と言うなら、『この知らせのためである。それが来れば人の心はみな溶け、手はみななえ、霊はみな弱り、ひざはみな水のようになる。見よ、それは来る、必ず成就する』と言え」と主なる神は言われる。
Na sɛ wobisa wo se, ‘Adɛn nti na woresi apini a?’ Wobɛka se, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛreba no nti. Koma biara bɛbotow na nsa biara mu agugow, honhom biara bɛtɔ beraw na kotodwe biara bɛpopo.’ Ɛreba, ɔkwan biara so ɛbɛba, Otumfo Awurade asɛm ni.”
8 主の言葉がわたしに臨んだ、
Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
9 「人の子よ、預言して言え、主はこう言われる、つるぎがある、とぎ、かつ、みがいたつるぎがある。
“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se, ‘sɛɛ na Awurade se: “‘Afoa bi, afoa bi, wɔasew ano, atwiw ho,
10 殺すためにといであり、いなずまのようにきらめくためにみがいてある。わたしたちは喜ぶことができるか。わが子よ、あなたはつえと、すべて木で作ったものとを軽んじた。
wɔasew ano ama akunkumakunkum no, wɔatwiw ho ma etwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam! “‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛw yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempema ho ana? Afoa no mfa pema biara a ɛte saa no nyɛ hwee.
11 このつるぎは手にとるために、とがれ、殺す者の手に渡すために、とがれみがかれるのである。
“‘Wɔayi afoa no asi hɔ sɛ wontwitwiw ho, sɛ wɔmfa nsa nkura mu; wɔasew ano, atwiw ho, ayɛ no krado ama owudifo no.
12 人の子よ、叫び嘆け、このことはわが民に臨み、イスラエルのすべての君たちに臨むからである。彼らはわが民と共につるぎにわたされる。それゆえ、あなたのももを打て。
Su na twa adwo, onipa ba, efisɛ etia me nkurɔfo; etia Israel mmapɔmma nyinaa. Wɔagyaa wɔn ama afoa no aka me nkurɔfo ho. Enti fa wo nsa gu wo ti so.
13 これはためしにすることではない。もしあなたが、つえをあざけったら、どういうことになろうか」と主なる神は言われる。
“‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempema a afoa no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a dɛn na wɔbɛyɛ? Otumfo Awurade asɛm ni.’
14 「それゆえ、人の子よ、あなたは預言し、手を打ちならせ。つるぎを二度も三度も臨ませよ。これは人を殺すつるぎ、大いに殺すつるぎであって、彼らを囲むものである。
“Enti onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ wo nsam. Ma afoa no ntwitwa mprenu, mpo mprɛnsa. Ɛyɛ akunkumakunkum afoa, akunkumakunkum kɛse no afoa, a ɛba wɔn so fi afanan nyinaa.
15 これがために彼らの心は溶け、多くの者がすべての門に倒れる。わたしはひらめくつるぎを彼らに送る。ああ、これはいなずまのようになり、人を殺すためにみがかれている。
Ɛbɛma koma nyinaa abotow na atɔfo adɔɔso, mede akunkumakunkum afoa no asisi wɔn apon nyinaa ano. Hwɛ! Wɔatono no sɛ entwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam, wɔaso mu ama akunkumakunkum.
16 あなたの刃の向かうところで、右に左になぎ倒せ。
Wo afoa, twa kɔ nifa, na twa kɔ benkum, nea wo dade bɛfa biara.
17 わたしもまた、わたしの手を打ちならし、わたしの怒りをしずめると、主なるわたしは言った」。
Me nso, mɛbɔ me nsam, na mʼabufuwhyew ano bedwo Me Awurade na makasa no.”
18 主の言葉がまたわたしに臨んだ、
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
19 「人の子よ、バビロンの王のつるぎが来るために、二つの道を備えよ。この二つの道は一つの国から出ている。あなたは道しるべを作り、これを町に向かう道のはじめに置け。
“Onipa ba, bɔ akwan abien na Babiloniahene afoa no mfa so, na ne abien no nyinaa mfi ase wɔ ɔman koro mu. Fa akwankyerɛde si nkwanta a ɛman kɔ kuropɔn no mu no so.
20 あなたはまたアンモンの人々のラバと、ユダと、堅固な城の町エルサレムとにつるぎの来る道を設けよ。
Bɔ ɔkwan baako a afoa no bɛfa so ako atia Amonfo Raba ne baako nso a ebetia Yuda ne Yerusalem a wɔabɔ ho ban no.
21 バビロンの王は道の分れ目、二つの道のはじめに立って占いをし、矢をふり、テラピムに問い、肝を見る。
Na Babiloniahene begyina akwan abien no nkwanta so ahwehwɛ nkɔmhyɛ, ɔde agyan bɛbɔ ntonto, akɔ abisa wɔ nʼahoni nkyɛn, na wahwɛ mmrɛbo mu.
22 彼の右にエルサレムのために占いが出る。すなわち口を開いて叫び、声をあげ、ときを作り、門に向かって城くずしを設け、塁を築き、雲悌を建てよと言う。
Ne nsa nifa mu na ntonto a ɛbɛbɔ Yerusalem no bɛkɔ, na hɔ na wɔbɛhyehyɛ oburuw adwennini, de ama okum kɛse no. Afei wɔde osebɔ bɛma oburuw nnua no so apempem apon no, wɔbɛyɛ mpempe na wɔasisi pampim.
23 しかしこれは彼らの目には偽りの占いと思われ、彼らは堅き誓いをなした。しかし彼は、彼らを捕えることによって、罪を思い出させる。
Ɛbɛyɛ sɛ atoro nkɔm ama wɔn a wɔne no ayɛ apam, nanso ɔbɛkaakae wɔn afɔdi na wafa wɔn nnommum.
24 それゆえ、主なる神はこう言われる、あなたがたの罪は覚えられ、その反逆は現れ、その罪はすべてのわざに現れる。このようにあなたがたは、すでに覚えられているから、彼らの手に捕えられる。
“Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfo yi nam mo atuatew so akae me mo afɔdi, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi, sɛ moayɛ eyi nti, wɔbɛfa mo nnommum.
25 汚れた悪人であるイスラエルの君よ、あなたの終りの刑罰の時であるその日が来る。
“‘Wo ɔkɔntɔnkye ne Israel hene ba otirimɔdenfo a wo da adu, wo a wʼasotwe bere adu ne mpɔmpɔnso,
26 主なる神はこう言われる、かぶり物を脱ぎ、冠を取り離せ。すべてのものは、そのままには残らない。卑しい者は高くされ、高い者は卑しくされる。
sɛɛ na Otumfo Awurade se: Tu abotiri no, yi ahenkyɛw no. Ɛrenyɛ sɛnea na ɛte kan no: Wɔbɛma nea abrɛ ase no so; nea ama ne ho so nso, wɔabrɛ no ase.
27 ああ破滅、破滅、破滅、わたしはこれをこさせる。わたしが与える権威をもつ者が来る時まで、その跡形さえも残らない。
Ɔsɛe! Ɔsɛe! Mɛyɛ no ɔsɛe! Ɛrensi ne dedaw mu bio kosi sɛ ɔbɛba nea ɛyɛ ne de no nkyɛn, ɔno na mede bɛma no.’
28 人の子よ、預言して言え。主なる神はアンモンの人々と、そのあざけりについて、こう言われる、つるぎがある。このつるぎは殺すために抜かれ、いなずまのようにひかりきらめくようにとがれている。
“Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade ka fa Amonfo ne wɔn ahohorabɔ ho: “‘Afoa bi, afoa bi, wɔatwe ama akunkumakunkum, wɔatwiw ho sɛ enni nam na ɛmpa yerɛw yerɛw sɛ anyinam!
29 彼らがあなたに偽りの幻を示し、偽りを占ったゆえ、これは殺さるべき悪しき者の首の上に置かれる。彼らの終りの刑罰の時であるその日がきている。
Atoro anisoadehu ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no wɔde bɛto wɔn kɔn mu amumɔyɛfo a ɛsɛ sɛ wokum wɔn no, wɔn a wɔn da no adu so, ne wɔn a wɔn asotwe bere adu ne mpɔmpɔnso no.
30 これをさやに納めよ、わたしはあなたの造られた所、あなたの生れた地であなたをさばく。
“‘San fa afoa no hyɛ ne boha mu wɔ faako a wɔbɔɔ wo hɔ wɔ wo nananom asase so, mebu wo atɛn.
31 わたしの怒りをあなたに注ぎ、わたしの憤りの火をあなたに向けて燃やし、滅ぼすことに巧みな残忍な人の手にあなたを渡す。
Mehwie mʼabufuwhyew agu wo so na mahome mʼabufuw a ɛyɛ hu atia wo; Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimɔdenfo nsa, wɔn a wɔwɔ adesɛe ho nyansa.
32 あなたは火のための、たきぎとなり、あなたの血は国の中に流され、覚えられることはない、主なるわたしが言う」。
Wobɛyɛ nnyansin ama ogya, wɔbɛka wo mogya agu wɔ wʼasase so, na wɔrenkae wo bio; me Awurade na makasa.’”

< エゼキエル書 21 >